< 2 Tarihler 31 >

1 Bütün bunlar sona erince, oradaki İsrailliler Yahuda kentlerine giderek dikili taşları parçalayıp Aşera putlarını devirdiler. Yahuda, Benyamin, Efrayim ve Manaşşe bölgelerindeki puta tapılan yerlerin ve sunakların hepsini yıktılar. Sonra herkes kendi kentine, toprağına döndü.
Afei, ɛberɛ a afahyɛ no twaam no, Israelfoɔ a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkuro nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera afɔrebukyia no, yiyii abosonsomfoɔ asɔreeɛ ne afɔrebukyia no. Yei akyi, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn nkuro so ne wɔn afie mu.
2 Hizkiya kâhinlerle Levililer'i görevlerine göre bölüklere ayırdı. Kimine yakmalık sunuları ve esenlik sunularını sunma, kimine hizmet etme, kimine de RAB'bin Konutu'nun kapılarında şükredip övgüler söyleme görevini verdi.
Afei, Hesekia kyekyɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no mu akuakuo, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apono ano.
3 Kral da RAB'bin Yasası uyarınca sabah akşam sunulmak üzere yakmalık sunular, Şabat günleri, Yeni Ay ve bayramlarda sunulacak yakmalık sunular için sürüsünden hayvanlar verdi.
Ɔhene no ankasa maa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔyɛ mmoa ma anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnawɔtwe homeda afahyɛ ne bosome Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne afirinhyia afɔdeɛ a aka no, sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no.
4 Yeruşalim'de yaşayan halka da kâhinlerle Levililer'in paylarına düşeni vermelerini buyurdu; öyle ki, RAB'bin Yasası'na kendilerini adayabilsinler.
Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade mmara no mu.
5 Kralın bu buyruğunu duyar duymaz İsrailliler ilk yetişen tahıl, yeni şarap, zeytinyağı, bal ve bütün tarla ürünlerinden bol bol verdiler. Bunun yanısıra her şeyin ondalığını da bol bol getirdiler.
Nnipa no tiee no aso pa mu, na wɔfiri akoma pa mu de nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ, ngo, ɛwoɔ ne wɔn mfudeɛ nyinaa baeɛ. Wɔde wɔn ahodeɛ biara mu ntotosoɔ dudu baeɛ.
6 Yahuda kentlerinde yaşayan İsrailliler'le Yahudalılar da sığırlarının, davarlarının, Tanrıları RAB'be adamış oldukları kutsal armağanların ondalığını getirip bir araya yığdılar.
Nnipa a wɔtu firii Israel baa Yuda no ne Yudafoɔ no ankasa de wɔn anantwie ne wɔn nnwan so ntotosoɔ dudu ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Onyankopɔn no so ntotosoɔ dudu baeɛ. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuakuo akɛseakɛseɛ.
7 Ondalıkların toplanması üçüncü aydan yedinci aya kadar sürdü.
Wɔde saa ntotosoɔ dudu a ɛdi ɛkan no baa bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no awieeɛ mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kɔsii bosome a ɛtɔ so nson no ahyɛaseɛ mu.
8 Hizkiya ile önderler gelip yığınları görünce, RAB'be övgüler sunup halkı İsrail'i kutsadılar.
Ɛberɛ a Hesekia ne ne mpanimfoɔ bɛhunuu nneɛma dodoɔ no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfoɔ Israel ase.
9 Hizkiya kâhinlerle Levililer'e yığınları sorunca,
Hesekia bisaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, “Ɛhe na yeinom nyinaa firi baeɛ?”
10 Sadok soyundan Başkâhin Azarya şu yanıtı verdi: “Halk RAB'bin Tapınağı'na bağış getirmeye başladıktan bu yana yiyip doyduk; üstelik artırdık da. Çünkü RAB halkını kutsadı. Bu büyük yığın da artakalandır.”
Na ɔsɔfopanin Asaria a ɔfiri Sadok abusua mu buaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a ɔmanfoɔ firii aseɛ sɛ wɔde akyɛdeɛ reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yɛbɛdi ama ebi aka, ɛfiri sɛ, Awurade ahyira ne nkurɔfoɔ.”
11 Hizkiya RAB'bin Tapınağı'ndaki depoların hazırlanması için buyruk verdi. Depolar hazırlandı.
Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛnya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛeɛ.
12 Bağışlar, ondalıklar, adanan armağanlar sadakatle içeri getirildi. Bütün bu işlerin sorumlusu olarak Levili Konanya atandı; kardeşi Şimi de yardımcısı oldu.
Na wɔdii nokorɛ de akyɛdeɛ no ne ntotosoɔ dudu no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne ɔboafoɔ.
13 Kral Hizkiya ile Tanrı'nın Tapınağı'nın sorumlusu Azarya, Konanya ile kardeşi Şimi'nin yönetimindeki şu denetçileri atadılar: Yehiel, Azazya, Nahat, Asahel, Yerimot, Yozavat, Eliel, Yismakya, Mahat, Benaya.
Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi.
14 Tapınağın Doğu Kapısı'nın nöbetçisi Yimna'nın oğlu Levili Kore, Tanrı'ya gönülden verilen sunuların sorumlusuydu. RAB'be adanan bağışları ve kutsal yiyecekleri dağıtmak için bu göreve getirilmişti.
Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no.
15 Eden, Minyamin, Yeşua, Şemaya, Amarya ve Şekanya kâhinlerin yaşadıkları kentlerde bölükleri uyarınca büyük küçük bütün kardeşlerine bağışları dağıtma işinde Kore'ye sadakatle yardım ettiler.
Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin.
16 Ayrıca soyağacında adı kayıtlı üç ve daha yukarı yaştaki erkeklere, bölüklerine ve sorumluluklarına göre RAB'bin Tapınağı'na girip günün gerektirdiği değişik görevleri yapanların tümüne; bağlı oldukları boylara göre kütüğe kayıtlı kâhinlere, bölüklerine ve sorumluluklarına göre yirmi ve daha yukarı yaştaki Levililer'e; kâhinlerle Levililer'in soyağacında kayıtlı küçük çocuklara, kadınlara, oğullarla kızlara, yani topluluğa yiyecek dağıtıyorlardı. Çünkü kendilerini sadakatle Tanrı'ya adamışlardı.
Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa.
Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ.
Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho.
19 Kentlerinin çevresindeki kırlarda ya da herhangi bir kentte yaşayan Harun soyundan kâhinlere gelince, onlardan olan bütün erkeklere ve Levililer'in soyağacında kayıtlı herkese yiyecek dağıtmak için belirli kişiler atanmıştı.
Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi.
20 Hizkiya bütün Yahuda'da böyle davrandı; Tanrısı RAB'bin önünde iyi, doğru ve hakça olanı yaptı.
Saa ɛkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani.
21 Tanrı'nın Tapınağı'nda üstlendiği görevi bütün yüreğiyle yerine getirdi; Kutsal Yasa'ya, buyruklara uydu; Tanrısı'na yöneldi. Bu sayede başarılı oldu.
Deɛ Hesekia yɛeɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛdi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so no, ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ ne Onyankopɔn. Ne saa enti, ɛmaa ɔnyaa nkɔsoɔ bebree.

< 2 Tarihler 31 >