< 1 Timoteos 4 >

1 Ruh açıkça diyor ki, son zamanlarda bazıları yalancıların ikiyüzlülüğü nedeniyle aldatıcı ruhlara ve cinlerin öğretilerine kulak vererek imandan dönecek. Vicdanları adeta kızgın bir demirle dağlanmış bu yalancılar evlenmeyi yasaklayacak, iman edip gerçeği bilenlerin şükranla yemesi için Tanrı'nın yarattığı yiyeceklerden çekinmek gerektiğini buyuracaklar.
Honhom no si no pi sɛ, akyiri no, nnipa bi begyae gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi.
2
Saa nkyerɛkyerɛ yi fi nyaatwomfo atorofo a wɔyɛ adwenwuifo sɛ dade a wɔato wɔ ogya mu no.
3
Saa nnipa no kyerɛkyerɛ se enye sɛ obi ware, na nnuan bi nso wɔ hɔ a enye sɛ onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no sɛ, sɛ agyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di.
4 Oysa Tanrı'nın yarattığı her şey iyidir, hiçbir şey reddedilmemeli; yeter ki, şükranla kabul edilsin.
Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so.
5 Çünkü her şey Tanrı'nın sözüyle ve duayla kutsal kılınır.
Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.
6 Bunları kardeşlere öğütlersen, imanın ve izlediğin iyi öğretinin sözleriyle beslenmiş olarak Mesih İsa'nın iyi bir görevlisi olursun.
Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo.
7 Kutsallıktan yoksun kocakarı masallarını reddet. Kendini Tanrı yolunda eğit.
Nsɛe wo bere wɔ gyidihuu nsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden.
8 Bedeni eğitmenin biraz yararı var; ama şimdiki ve gelecek yaşamın vaadini içeren Tanrı yolunda yürümek her yönden yararlıdır.
Ɛwɔ mu sɛ ɔhonam mu mmɔdemmɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia wɔ akwan nyinaa mu, efisɛ ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ.
9 Bu güvenilir ve her bakımdan kabule layık bir sözdür.
Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye to mu na wogye di.
10 Bunun için emek veriyor, mücadele ediyoruz. Çünkü umudumuzu bütün insanların, özellikle iman edenlerin Kurtarıcısı olan diri Tanrı'ya bağladık.
Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titiriw wɔn a wogye asɛm no di no.
11 Bunları buyur ve öğret.
Eyinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu.
12 Gençsin diye kimse seni küçümsemesin. Konuşmada, davranışta, sevgide, imanda, paklıkta imanlılara örnek ol.
Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii nti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronkronyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa.
13 Ben yanına gelinceye dek kendini topluluğa Kutsal Yazılar'ı okumaya, öğüt vermeye, öğretmeye ada.
Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.
14 Peygamberlik sözüyle, ihtiyarlar kurulunun ellerini senin üzerine koymasıyla sana verilen ve hâlâ sende olan ruhsal armağanı ihmal etme.
Nnyaa honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wunyaa no mu.
15 Bu konuların üzerinde dur, kendini bunlara ver ki, ilerlediğini herkes görsün.
So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn, sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso.
16 Kendine ve öğretine dikkat et, bu yolda yürümeye devam et. Çünkü bunu yapmakla hem kendini hem seni dinleyenleri kurtaracaksın.
Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.

< 1 Timoteos 4 >