< 1 Selanikliler 5 >

1 Kardeşler, bu olayların zamanı ve tarihi konusunda size yazmaya gerek yoktur.
Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi.
2 Çünkü siz de çok iyi bilirsiniz ki, Rab'bin günü gece hırsız nasıl gelirse öyle gelecektir.
Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo.
3 İnsanlar, “Her şey esenlik ve güvenlik içinde” dedikleri bir anda, gebe kadının birden sancılanması gibi, ansızın yıkıma uğrayacak ve asla kaçamayacaklar.
Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no.
4 Ama kardeşler, siz karanlıkta değilsiniz ki, o gün sizi hırsız gibi yakalasın.
Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfo.
5 Hepiniz ışık çocukları, gündüz çocuklarısınız. Geceye ya da karanlığa ait değiliz.
Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma.
6 Öyleyse başkaları gibi uyumayalım, ayık ve uyanık olalım.
Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.
7 Çünkü uyuyanlar gece uyur, sarhoş olanlar da gece sarhoş olurlar.
Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa.
8 Gündüze ait olan bizlerse, iman ve sevgi zırhını kuşanıp başımıza miğfer olarak kurtuluş umudunu giyerek ayık duralım.
Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.
9 Çünkü Tanrı bizi gazaba uğrayalım diye değil, Rabbimiz İsa Mesih aracılığıyla kurtuluşa kavuşalım diye belirledi.
Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn sɛ yebenya nkwagye wɔ Awurade Yesu Kristo mu.
10 Mesih bizler için öldü; öyle ki, ister uyanık ister uykuda olalım, O'nunla birlikte yaşayalım.
Kristo wu maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛanyan oo, anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu.
11 Bunun için şimdi yaptığınız gibi, birbirinizi yüreklendirip ruhça geliştirin.
Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.
12 Kardeşler, aranızda çalışanların, Rab yolunda size önderlik edip öğüt verenlerin değerini bilmenizi rica ederiz.
Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no.
13 Yaptıkları işten ötürü onlara fazlasıyla saygı, sevgi gösterin. Birbirinizle barış içinde yaşayın.
Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu.
14 Size yalvarırız, kardeşler, boş gezenleri uyarın, yüreksizleri cesaretlendirin, güçsüzlere destek olun, herkese karşı sabırlı olun.
Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ monkasa nkyerɛ anihawfo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa.
15 Sakın kimse kötülüğe kötülükle karşılık vermesin. Birbiriniz ve bütün insanlar için her zaman iyiliği amaç edinin.
Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
16 Her zaman sevinin.
Momma mo ani nnye da biara
17 Sürekli dua edin.
na bere biara nso, mommɔ mpae;
18 Her durumda şükredin. Çünkü Tanrı'nın Mesih İsa'da sizin için istediği budur.
biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
19 Ruh'u söndürmeyin.
Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ;
20 Peygamberlik sözlerini küçümsemeyin.
munnsi adiyisɛm atwetwe.
21 Her şeyi sınayın, iyi olana sımsıkı tutunun.
Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye.
22 Her çeşit kötülükten kaçının.
Na munkyi bɔne biara.
23 Esenlik kaynağı olan Tanrı'nın kendisi sizi tümüyle kutsal kılsın. Ruhunuz, canınız ve bedeniniz Rabbimiz İsa Mesih'in gelişinde eksiksiz ve kusursuz olmak üzere korunsun.
Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba.
24 Sizi çağıran Tanrı güvenilirdir; bunu yapacaktır.
Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
25 Kardeşler, bizim için dua edin.
Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.
26 Bütün kardeşleri kutsal öpüşle selamlayın.
Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.
27 Rab adına size buyuruyorum, bu mektup bütün kardeşlere okunsun.
Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu se monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
28 Rabbimiz İsa Mesih'in lütfu sizinle birlikte olsun.
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

< 1 Selanikliler 5 >