< 1 Samuel 26 >

1 Zifliler Giva'ya, Saul'un yanına gidip, “Davut Yeşimon'a bakan Hakila Tepesi'nde gizleniyor” dediler.
Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid akɔhinta ne ho wɔ Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu.”
2 Bunun üzerine Saul üç bin seçme İsrailli askerle Zif Çölü'nde Davut'u aramaya çıktı.
Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid.
3 Yeşimon'a bakan Hakila Tepesi'nde, yol kenarında ordugah kurdu. Kırda bulunan Davut, Saul'un peşine düştüğünü anlayınca,
Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti
4 gözcü gönderdi. Böylece Saul'un oraya geldiğini saptadı.
ɔsomaa akwansrafoɔ sɛ wɔn tetɛ no.
5 Bunun üzerine Davut, Saul'un ordugah kurduğu yere gitti ve Saul'la ordusunun başkomutanı Ner oğlu Avner'in nerede yattıklarını gördü. Saul ordugahın ortasında, askerler de çevresinde yatıyorlardı.
Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ hɔ anadwo bi. Ɔhunuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia.
6 O zaman Davut, Hititli Ahimelek ile Yoav'ın kardeşi, Seruya oğlu Avişay'a, “Kim benimle ordugaha, Saul'un yanına gelecek?” diye sordu. Avişay, “Ben seninle geleceğim” diye karşılık verdi.
Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua sɛ, “Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ?” Abisai buaa sɛ, “Me ne wo bɛkɔ.”
7 Davut'la Avişay o gece ordugaha girdiler. Saul, mızrağı başucunda yere saplanmış, ordugahın ortasında uyuyordu. Avner'le askerler de çevresinde uyuyorlardı.
Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.
8 Avişay Davut'a, “Bugün Tanrı düşmanını senin eline teslim etti” dedi, “Şimdi bırak da, onu kendi mızrağıyla bir atışta yere çakayım. İkinci kez vurmama gerek kalmayacak.”
Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn ayi wo ɔtamfoɔ ahyɛ wo nsa. Enti, ma memfa me pea no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.”
9 Ne var ki Davut, “Onu öldürme!” dedi, “RAB'bin meshettiği kişiye kim el uzatırsa, suçlu çıkar.
Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Dabi, nsɛe no. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na ɔnni ho fɔ?
10 Yaşayan RAB'bin adıyla derim ki, RAB kendisi onu öldürecektir; ya günü gelince ölecek, ya da savaşta vurulup yok olacak.
Nokorɛ nie, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu.
11 Ama RAB'bin meshettiği kişiye el uzatmaktan RAB beni uzak tutsun! Haydi, Saul'un başucundaki mızrakla su matarasını al da gidelim.”
Awurade mma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wonim biribi? Yɛbɛfa ne pea ne ne sukuruwa na yɛakɔ.”
12 Böylece Davut Saul'un başucundan mızrağını ve su matarasını aldı. Sonra oradan uzaklaştılar. Onları gören olmadı. Kimse olup bitenin farkına varmadı, uyanan da olmadı. Hepsi uyuyorlardı, çünkü RAB onlara derin bir uyku vermişti.
Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.
13 Davut karşı yakaya geçip tepenin üstünde, onlardan uzak bir yerde durdu. Aralarında epeyce mesafe vardı.
Dawid foroo bepɔ a ɛne atenaeɛm hɔ di nhwɛanimu kɔsii sɛ ɔduruu baabi a bɔne bi ntumi nka no.
14 Davut askerlere ve Ner oğlu Avner'e, “Ey Avner, bana yanıt vermeyecek misin?” diye seslendi. Avner, “Sen kimsin ki krala sesleniyorsun?” diye karşılık verdi.
Ɔteaam frɛɛ Abner ne Saulo sɛ, “Sɔre oo! Abner.” Abner bisaa sɛ, “Hwan nie?”
15 Davut, “Sen yiğit biri değil misin?” dedi, “İsrail'de senin gibisi var mı? Öyleyse neden efendin kralı korumadın? Çünkü biri onu öldürmek için ordugaha girdi.
Dawid goroo ne ho sɛ, “Abner, woyɛ onipa kɛseɛ, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfoɔ bi wɔ? Na adɛn enti na woannwɛn wo wura, ɔhene no ɛberɛ a obi baa sɛ ɔrebɛkum no no?
16 Görevini iyi yapmadın. Yaşayan RAB'bin adıyla derim ki, hepiniz ölümü hak ettiniz; çünkü efendinizi, RAB'bin meshettiği kişiyi korumadınız. Bak bakalım, kralın başucundaki mızrağıyla su matarası nerede?”
Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?”
17 Davut'un sesini tanıyan Saul, “Davut, oğlum, bu senin sesin mi?” diye sordu. Davut, “Evet, efendim kral, benim sesim” diye karşılık verdi,
Saulo tee Dawid nne enti ɔfrɛɛ sɛ, “Wo nie me ba Dawid?” Na Dawid buaa no sɛ, “Nana, ɛyɛ me.
18 “Efendim, ben kulunu neden kovalıyorsun? Ne yaptım? Ne suç işledim?
Adɛn enti na wotaa me? Ɛdeɛn na mayɛ? Me bɔne ne sɛn?
19 Lütfen, efendim kral, kulunun sözlerine kulak ver. Eğer seni bana karşı kışkırtan RAB ise, bir sunu O'nu yatıştırır. Ama bunu yapan insanlarsa, RAB'bin önünde lanetli olsunlar! Çünkü, ‘Git, başka ilahlara kulluk et’ diyerek, RAB'bin mirasından bana düşen paydan bugün beni uzaklaştırdılar.
Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne ɔsomfoɔ, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma ɔnnye mʼafɔdeɛ. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛeɛ a, ɛnneɛ, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ no. Ɛfiri sɛ, moapam me afiri me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfoɔ ntena, nsom sɛdeɛ ɛsɛ.
20 Ne olur, kanım RAB'den uzak topraklara dökülmesin. İsrail Kralı, dağlarda keklik avlayan avcı gibi, bir pireyi avlamaya çıkmış!”
Menwu wɔ ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne Awurade anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako pɛ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ kɔ ha pɛ akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so?”
21 Bunun üzerine Saul, “Günah işledim” diye karşılık verdi, “Davut, oğlum, geri dön. Bugün yaşamıma değer verdiğin için sana bir daha kötülük yapmayacağım. Gerçekten akılsızca davrandım, çok büyük yanlışlık yaptım.”
Ɛnna Saulo kaa nokorɛ sɛ, “Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie.”
22 Davut, “İşte kralın mızrağı!” dedi, “Adamlarından biri gelip alsın.
Dawid buaa sɛ, “Ao, ɔhene, wo pea nie. Ma wo mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛgye.
23 RAB herkesi doğruluğuna ve bağlılığına göre ödüllendirir. Bugün RAB seni elime teslim ettiği halde, ben RAB'bin meshettiği kişiye elimi uzatmak istemedim.
Awurade na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mɛkum wo, ɛfiri sɛ woyɛ obi a Awurade asra no.
24 Bugün ben senin yaşamına nasıl değer verdiysem, RAB de benim yaşamıma öyle değer versin ve beni her sıkıntıdan kurtarsın.”
Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu.”
25 Saul, “Davut, oğlum, RAB seni kutsasın!” dedi, “Sen kesinlikle büyük işler yapacak, başarılı olacaksın!” Bundan sonra Davut yoluna koyuldu, Saul da evine döndü.
Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninneɛ ne nkonimdini kɛseɛ.” Na Dawid kɔeɛ ɛna Saulo nso kɔɔ efie.

< 1 Samuel 26 >