< 1 Petrus 4 >

1 Mesih bedence acı çektiğine göre, siz de aynı düşünceyle silahlanın. Çünkü bedence acı çekmiş olan, günaha sırt çevirmiştir.
Esiane sɛ Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri sɛ, deɛ wahunu amane wɔ honam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ.
2 Sonuç olarak, dünyadaki yaşamının geri kalan bölümünü artık insan tutkularına göre değil, Tanrı'nın isteğine göre sürdürür.
Ɛfiri seesei rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na ɔdi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ.
3 İnanmayanların hoşlandıklarını yaparak sefahat, şehvet, sarhoşluk, çılgın eğlenceler, içki alemleri ve ilke tanımayan putperestlik içinde yaşayarak geçmişte harcadığınız günler yeter!
Moasɛe mmerɛ bebree de ayɛ deɛ ɛsɛ sɛ abosonsomfoɔ na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwie, akɔnnɔbɔne, nsãborɔ, agobɔne, adidimeeɛ ne abosonsom a ɛyɛ akyiwadeɛ mu.
4 İnanmayanlar, kendinizi onlarla birlikte aynı sefahat seline atmamanızı yadırgıyor, size sövüyorlar.
Seesei ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno enti, wɔyeyɛ mo.
5 Onlar, ölüleri de dirileri de yargılamaya hazır olan Tanrı'ya hesap verecekler.
Nanso, wɔbɛbu wɔn ho nkonta akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.
6 Çünkü ölüler bedence öbür insanlar gibi yargılansın, ama ruhça Tanrı gibi yaşasın diye Müjde onlara da bildirildi.
Saa enti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔgyina wɔn asetena yi mu nneyɛeɛ so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.
7 Her şeyin sonu yakındır. Bu nedenle, sağduyulu olun ve dua etmek için ayık durun.
Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ.
8 Her şeyden önce birbirinizi candan sevin. Çünkü sevgi birçok günahı örter.
Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri sɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so.
9 Söylenmeksizin birbirinize konukseverlik gösterin.
Monnye mo ho ahɔhoɔ wɔ mo afie mu a huhuhuhu biara nni akyire.
10 Her biriniz hangi ruhsal armağanı aldıysanız, bunu Tanrı'nın çok yönlü lütfunun iyi kâhyaları olarak birbirinize hizmet etmekte kullanın.
Honhom mu adom a obiara anya no, ɔnnyina so mfa nsom afoforɔ.
11 Konuşan, Tanrı'nın sözlerini iletir gibi konuşsun. Başkalarına hizmet eden, Tanrı'nın verdiği güçle hizmet etsin. Öyle ki, İsa Mesih aracılığıyla Tanrı her şeyde yüceltilsin. Yücelik ve kudret sonsuzlara dek Mesih'indir! Amin. (aiōn g165)
Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, ɔmfa ahoɔden a Onyankopɔn de ama no no nsom sɛdeɛ biribiara mu, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen. (aiōn g165)
12 Sevgili kardeşlerim, sınanmanız için size giydirilen ateşten gömleği, size garip bir şey oluyormuş gibi yadırgamayın.
Anuanom, mommma amanehunu a morehunu no nnyɛ mo nwanwa te sɛ deɛ montee so asɛm da.
13 Tersine, Mesih'in acılarına ortak olduğunuz oranda sevinin ki, Mesih'in görkemi göründüğünde de sevinçle coşasınız.
Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehunu amane sɛdeɛ mo ani bɛgye daa da a ɔbɛda nʼanimuonyam adi no.
14 Mesih'in adından ötürü hakarete uğrarsanız, ne mutlu size! Çünkü Tanrı'nın yüce Ruhu üzerinizde bulunuyor.
Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifoɔ enti wɔya mo. Yei kyerɛ sɛ animuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so.
15 Hiçbiriniz katil, hırsız, kötülük yapan ya da başkalarının işine karışan biri olarak acı çekmesin.
Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa odwotwafoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ,
16 Ama Mesih inanlısı olduğu için acı çeken, bundan utanç duymasın. Taşıdığı bu adla Tanrı'yı yüceltsin.
Na sɛ mohunu amane wɔ mo Kristosom ho a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo dea.
17 Çünkü yargının, Tanrı'nın ev halkından başlayacağı an gelmiştir. Eğer yargılama önce bizden başlarsa, Tanrı'nın Müjdesi'ne kulak asmayanların sonu ne olacak?
Ɛberɛ aduru sɛ wɔbu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfoɔ na wɔbɛdi kane abu wɔn atɛn. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie Asɛmpa no asoɔdenfoɔ no sɛn?
18 “Doğru kişi güçlükle kurtuluyorsa, Tanrısız ve günahlı kişiye ne olacak?”
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa pa nkwa; na wɔn a wɔnnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfoɔ no deɛ, ɛdeɛn na ɛbɛba wɔn so?”
19 Bunun için, Tanrı'nın isteği uyarınca acı çekenler, iyilik ederek canlarını güvenilir Yaradan'a emanet etsinler.
Ne saa enti, wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Ɔbɔadeɛ no na wɔkɔ so yɛ papa.

< 1 Petrus 4 >