< 1 Korintliler 2 >

1 Kardeşler, Tanrı'yla ilgili bildiriyi duyurmak için size geldiğimde, söz ustalığıyla ya da üstün bilgelikle gelmedim.
Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.
2 Aranızdayken, İsa Mesih'ten ve O'nun çarmıha gerilişinden başka hiçbir şey bilmemeye kararlıydım.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no.
3 Size zayıflık ve korku içinde geldim, tir tir titriyordum!
Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me.
4 Sözüm ve bildirim, insan bilgeliğinin ikna edici sözlerine değil, Ruh'un kanıtlayıcı gücüne dayanıyordu.
Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.
5 Öyle ki, imanınız insan bilgeliğine değil, Tanrı gücüne dayansın.
Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.
6 Gerçi olgun kişiler arasında bilgece sözler söylüyoruz; ama bu bilgelik ne şimdiki çağın, ne de bu çağın gelip geçici önderlerinin bilgeliğidir. (aiōn g165)
Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. (aiōn g165)
7 Tanrı'nın saklı bilgeliğinden gizemli biçimde söz ediyoruz. Zamanın başlangıcından önce Tanrı'nın bizim yüceliğimiz için belirlediği bu, (aiōn g165)
Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. (aiōn g165)
8 bilgeliği bu çağın önderlerinden hiçbiri anlamadı. Anlasalardı yüce Rab'bi çarmıha germezlerdi. (aiōn g165)
Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. (aiōn g165)
9 Yazılmış olduğu gibi, “Tanrı'nın kendisini sevenler için hazırladıklarını Hiçbir göz görmedi, Hiçbir kulak duymadı, Hiçbir insan yüreği kavramadı.”
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Deɛ onipa biara anhunu na wante da, deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
10 Oysa Tanrı Ruh aracılığıyla bunları bize açıkladı. Çünkü Ruh her şeyi, Tanrı'nın derin düşüncelerini bile araştırır.
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
11 İnsanın düşüncelerini, insanın içindeki ruhundan başka kim bilebilir? Bunun gibi, Tanrı'nın düşüncelerini de Tanrı'nın Ruhu'ndan başkası bilemez.
Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.
12 Tanrı'nın bize lütfettiklerini bilelim diye, bu dünyanın ruhunu değil, Tanrı'dan gelen Ruh'u aldık.
Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.
13 Ruhsal kişilere ruhsal gerçekleri açıklarken, Tanrı'nın lütfettiklerini insan bilgeliğinin öğrettiği sözlerle değil, Ruh'un öğrettiği sözlerle bildiririz.
Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.
14 Doğal kişi, Tanrı'nın Ruhu'yla ilgili gerçekleri kabul etmez. Çünkü bunlar ona saçma gelir, ruhça değerlendirildikleri için bunları anlayamaz.
Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ.
15 Ruhsal kişi her konuda yargı yürütebilir, ama kimse onun hakkında yargı yürütemez.
Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.
16 “Rab'bin düşüncesini kim bildi ki, O'na öğüt verebilsin?” Oysa biz Mesih'in düşüncesine sahibiz.
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Hwan na ɔnim Awurade adwene? Hwan na ɔbɛtumi atu no fo?” Nanso, yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene no bi.

< 1 Korintliler 2 >