< Salmos 56 >

1 Ten misericordia de mí, o! Dios; porque me traga el hombre; cada día batallándome aprieta.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so. Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so; da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.
2 Tráganme mis enemigos cada día: porque muchos son los que pelean contra mí, o! Altísimo.
Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.
3 De día temo: mas yo en ti confío.
Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
4 En Dios alabaré su palabra: en Dios he confiado, no temeré lo que la carne me hará.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
5 Todos los días me contristan mis negocios: contra mí son todos sus pensamientos para mal.
Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne; bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.
6 Congréganse, escóndense, ellos miran atentamente mis pisadas esperando mi alma.
Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me.
7 ¿Por la iniquidad escaparán ellos? o! Dios, derriba los pueblos con furor.
Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni; Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.
8 Mis huidas has contado tú; pon mis lágrimas en tu odre, ciertamente en tu libro.
Kyerɛw me kwadwom to hɔ; sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu. Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?
9 Entonces serán vueltos atrás mis enemigos el día que yo clamare: en esto conozco que Dios es por mí.
Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
10 En Dios alabaré su palabra; en Jehová alabaré su palabra.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
11 En Dios he confiado, no temeré lo que el hombre me hará.
mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?
12 Sobre mí, o! Dios, están tus votos: alabanzas te pagaré.
Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.
13 Por cuanto has escapado mi vida de la muerte, ciertamente mis pies de caída: para que ande delante de Dios en la luz de los que viven.
Efisɛ, woagye me afi owu mu, na mʼanan anhintiw, na matumi anantew Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann no mu.

< Salmos 56 >