< Salmos 52 >

1 ¿Por qué te alabas de maldad, o! valiente? la misericordia de Dios es cada día.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no. Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?
2 Agravios maquina tu lengua: como navaja afilada, hace engaño.
Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw; ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye. Wo a wutwa nkontompo nko ara.
3 Amaste el mal más que el bien: la mentira, más que hablar justicia. (Selah)
Wʼani gye bɔne ho sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.
4 Amaste todas las palabras dañosas; lengua engañosa.
Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, wo tɛkrɛma daadaafo!
5 También Dios te derrocará para siempre: cortarte ha, y arrancarte ha de la tienda; y te desarraigará de la tierra de los vivientes. (Selah)
Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.
6 Y verán los justos, y temerán: y reírse han de él.
Atreneefo behu eyi na wɔasuro; wɔbɛserew no na wɔaka se,
7 He aquí un varón que no puso a Dios por su fortaleza, mas confió en la multitud de sus riquezas: esforzóse en su maldad.
“Hwɛ, onipa no ni, nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so, na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”
8 Mas yo, como oliva verde, en la casa de Dios: confié en la misericordia de Dios siempre y eternalmente.
Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
9 Yo te alabaré para siempre, porque hiciste: y esperaré tu nombre, porque es bueno, delante de tus misericordiosos.
Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye. Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim.

< Salmos 52 >