< Salmos 30 >

1 Ensalzarte he, o! Jehová, porque me has ensalzado: y no hiciste alegrar a mis enemigos de mí.
Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. Dawid dwom. Mɛma wo so, Awurade, efisɛ, woayi me afi bun mu na woamma mʼatamfo anserew me.
2 Jehová, Dios mío, clamé a ti, y me sanaste.
Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yare.
3 Jehová, hiciste subir del sepulcro mi alma: dísteme vida de mi descendimiento a la sepultura. (Sheol h7585)
Awurade, wuyii me fii ɔda mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu. (Sheol h7585)
4 Cantád a Jehová sus misericordiosos: y celebrad la memoria de su santidad.
Monto ayeyi nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotewfo! Monkamfo ne din kronkron no.
5 Porque un momento hay en su furor, mas vida en su voluntad: a la tarde reposará el lloro, y a la mañana vendrá la alegría.
Nʼabufuw nkyɛ, na nʼadɔe wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
6 Y yo dije en mi quietud: No resbalaré jamás.
Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se, “Merenhinhim da.”
7 Porque tú, Jehová, por tu benevolencia asentaste mi monte con fortaleza: mas escondiste tu rostro, y yo fui conturbado.
Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔw gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaw me no, me koma tui.
8 A ti, o! Jehová, llamaré: y al Señor suplicaré.
Wo, Awurade na mefrɛɛ wo; wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
9 ¿Qué provecho hay en mi muerte, cuando yo descendiere al hoyo? ¿Loarte ha el polvo? ¿anunciará tu verdad?
“Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so, sɛ mɛkɔ amoa mu? Mfutuma beyi wo ayɛ ana? Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
10 Oye, o! Jehová, y ten misericordia de mí: Jehová, sé mi ayudador.
Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ! Awurade, yɛ me boafo.”
11 Tú tornaste mi endecha en baile: desataste mi saco, y ceñísteme de alegría.
Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw; wuyii mʼatweaatam fii me ho na wode anigye furaa me,
12 Por tanto a ti canté gloria, y no callé: Jehová Dios mío, para siempre te alabaré.
sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa.

< Salmos 30 >