< Послание к Евреям 3 >

1 Темже, братие святая, звания небеснаго причастницы, разумейте Посланника и Святителя исповедания нашего Иисуса Христа,
Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.
2 верна суща Сотворшему Его, якоже и Моисей во всем дому Его.
Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no.
3 Множайшей бо славе Сей паче Моисеа сподобися, елико множайшую честь имать паче дому сотворивый его:
Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa.
4 всяк бо дом созидается от некоего: а сотворивый всяческая Бог.
Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.
5 И Моисей убо верен бе во всем дому Его, якоже слуга, во свидетелство глаголатися имевшым:
Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.
6 Христос же якоже Сын в дому Своем: Егоже дом мы есмы, аще дерзновение и похвалу упования даже до конца известно удержим.
Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.
7 Темже, якоже глаголет Дух Святый, днесь, аще глас Его услышите,
Enti Honhom Kronkron no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,
8 не ожесточите сердец ваших, якоже в прогневании, во дни искушения в пустыни,
monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.
9 идеже искусиша Мя отцы ваши, искусиша Мя и видеша дела Моя четыредесять лет.
Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ, nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.
10 Сего ради негодовах рода того и рех: присно заблуждают сердцем, тии же не познаша путий Моих:
Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’
11 яко кляхся во гневе Моем, аще внидут в покой Мой.
Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’”
12 Блюдите, братие, да не когда будет в некоем от вас сердце лукаво, (исполнено) неверия, во еже отступити от Бога жива.
Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.
13 Но утешайте себе на всяк день дондеже днесь нарицается, да не ожесточится некто от вас лестию греховною:
Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no.
14 причастницы бо быхом Христу, аще точию начаток состава даже до конца известен удержим:
Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ.
15 внегда глаголет: днесь, аще глас Его услышите, не ожесточите сердец ваших, якоже в прогневании.
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
16 Нецыи бо слышавше прогневаша, но не вси изшедшии из Египта с Моисеом.
Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa.
17 Коих же негодова четыредесять лет? Не согрешивших ли, ихже кости падоша в пустыни?
Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no.
18 Которым же клялся не внити в покоище Его? Яве, яко противльшымся.
Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.
19 И видим, яко не возмогоша внити за неверствие.
Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.

< Послание к Евреям 3 >