< Псалми 67 >

1 Боже, буди нам милостив и благосиљај нас, обасјавај нас лицем својим.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
2 Да би се знао на земљи пут Твој, по свима народима спасење Твоје.
na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.
3 Да Те славе народи, Боже, да Те славе сви народи!
Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
4 Да се веселе и радују племена; јер судиш народима право, и племенима на земљи управљаш.
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, efisɛ wudi nnipa no so trenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
5 Да Те славе народи, Боже, да Те славе сви народи!
Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
6 Земља даде плод свој. Да нас благосиља Бог, Бог наш!
Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae, na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.
7 Да нас благосиља Бог, и да Га се боје сви крајеви земаљски!
Onyankopɔn behyira yɛn, na asase mmaa nyinaa besuro no.

< Псалми 67 >