< Псалми 139 >

1 Господе! Ти ме кушаш и знаш.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade, woahwehwɛ me mu na woahu me.
2 Ти знаш кад седам и кад устанем; Ти знаш помисли моје издалека;
Wunim mʼasetena ne me sɔre; wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.
3 Кад ходим и кад се одмарам, Ти си око мене, и све путеве моје видиш.
Wunim mʼadifi ne me nnae mu; wunim mʼakwan nyinaa mu.
4 Још нема речи на језику мом, а Ти, Господе, гле, већ све знаш.
Ansa na mebue mʼano akasa no Awurade, na wunim ne nyinaa dedaw.
5 Састраг и спред Ти си ме заклонио, и ставио на ме руку своју.
Woakata me ho nyinaa ahyia na wobɔ me ho ban.
6 Чудно је за ме знање Твоје, високо, не могу да га докучим.
Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo ma me sɛ medu ho.
7 Куда бих отишао од духа Твог, и од лица Твог куда бих побегао?
Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ? Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?
8 Да изађем на небо, Ти си онде. Да сиђем у пакао, онде си. (Sheol h7585)
Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni. (Sheol h7585)
9 Да се дигнем на крилима од зоре, и преселим се на крај мора:
Sɛ mede adekyee ntaban tu na mekɔtena po akyi nohɔ a,
10 И онде ће ме рука Твоја водити, и држати ме десница Твоја.
mpo hɔ na wo nsa begya me akɔ, na wo nsa nifa beso me mu.
11 Да кажем: Да ако ме мрак сакрије; али је и ноћ као видело око мене.
Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me so na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,”
12 Ни мрак неће замрачити од Тебе, и ноћ је светла као дан: мрак је као видело.
sum mpo nyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; sum ne hann yɛ wo pɛ.
13 Јер си Ти створио шта је у мени, саставио си ме у утроби матере моје.
Na wo na wobɔɔ me honhom wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
14 Хвалим Те, што сам дивно саздан. Дивна су дела Твоја, и душа моја то зна добро.
Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu; wo nnwuma yɛ nwonwa. Minim ɛno yiye pa ara.
15 Ниједна се кост моја није сакрила од Тебе, ако и јесам саздан тајно, откан у дубини земаљској.
Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no; bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,
16 Заметак мој видеше очи Твоје, у књизи је Твојој све то записано, и дани забележени, кад их још није било ниједног.
wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no. Nna dodow a woatwa ama me no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu ansa na mu baako reba mu.
17 Како су ми недокучиве помисли Твоје, Боже! Како им је велик број!
Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me! woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo!
18 Да их бројим, више их је него песка. Кад се пробудим, још сам с Тобом.
Sɛ mise mɛkan a, ne dodow bɛboro mpoano nwea, sɛ minyan a, me ne wo wɔ hɔ ara.
19 Да хоћеш, Боже, убити безбожника! Крвопије, идите од мене.
Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ! Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!
20 Они говоре ружно на Тебе; узимају име Твоје узалуд непријатељи Твоји.
Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfo mmmɔ wo din pa.
21 Зар да не мрзим на оне, који на Те мрзе, Господе, и да се не гадим на оне који устају на Тебе?
Awurade, metan wɔn a wɔtan wo, na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?
22 Пуном мрзошћу мрзим на њих; непријатељи су ми.
Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; mefa wɔn sɛ mʼatamfo.
23 Окушај ме, Боже, и познај срце моје, испитај ме, и познај помисли моје.
Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma; sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.
24 И види јесам ли на злом путу, и води ме на пут вечни.
Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.

< Псалми 139 >