< Јудина 1 >

1 Од Јуде, Исуса Христа слуге, а брата Јаковљевог, званима, који су освећени Богом Оцем и одржани Исусом Христом:
Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi, Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:
2 Милост и мир и љубав да вам се умножи.
Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
3 Љубазни! Старајући се једнако да вам пишем за опште ваше спасење, би ми потребно да вам пишем молећи да се борите за праведну веру, која је једанпут дана светима.
Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu.
4 Јер се увукоше неки безбожни људи, који су давно одређени на ово суђење, и Бога нашег благодат претварају у нечистоту, и јединог Господара Бога и Господа нашег Исуса Христа одричу се.
Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.
5 Али ћу вам напоменути, кад и ви знате ово једанпут, да Господ избави народ из земље мисирске, потом погуби оне који не вероваше.
Ɛwɔ mu sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ gye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri no, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho.
6 И анђеле који не држаше своје старешинство него оставише свој стан чува у вечним оковима под мраком за суд великог дана. (aïdios g126)
Monkae abɔfo a wodii tumi traa so ma wogyaw wɔn atenae no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. (aïdios g126)
7 Као што Содом и Гомор, и околни њихови градови, који су се прокурвали онако као и они, и ходили за другим месом, поставише се углед и муче се у вечном огњу: (aiōnios g166)
Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na mu nnipa no yɛ nguamanfo. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wobenya asotwe a ɛde wɔn bɛkɔ ogya a ennum da no mu. (aiōnios g166)
8 Тако дакле и ови што сањајући тело погане, а поглаварства се одричу, и на славу хуле.
Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho.
9 А Михаило Арханђел, кад се препираше с ђаволом и говораше за Мојсијево тело, не смеше проклети суд да изговори, него рече: Господ нека ти запрети.
Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”
10 А ови хуле на оно што не знаду; а шта знаду по природи као неразумна животиња, у оном се распадају.
Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wɔn abɔsu mu wɔnte ase no, sɛnea nkekaboa yɛ no, saa nneɛma koro no ara na ɛbɛsɛe wɔn.
11 Тешко њима! Јер путем Каиновим пођоше и у превару Валамове плате падоше, и у буни Корејевој изгибоше.
Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔatew Onyankopɔn so atua sɛnea Kora yɛe pɛpɛɛpɛ, eyi nti wɔbɛsɛe wɔn.
12 Ово су они што погане ваше милостиње једући с вама без страха и гојећи се; облаци безводни, које ветрови разносе; јесенска дрвета неродљива, која су двапут умрла, и из корена ишчупана;
Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa.
13 Бесни валови морски, који се пене својим срамотама, звезде лажне, којима се чува мрак вечне таме. (aiōn g165)
Wɔte sɛ po asorɔkye a ano yɛ den a ehuru sɛ ahuru da wɔn aniwude adi. Wɔte sɛ nsoromma a ekyinkyin a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛe sum kabii mu afebɔɔ. (aiōn g165)
14 Али и за овакве пророкова Енох, седми од Адама, говорећи: Гле, иде Господ с хиљадама светих анђела својих
Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfo Kronkron mpempem reba,
15 Да учини суд свима, и да покара све безбожнике за сва њихова безбожна дела којима безбожност чинише, и за све ружне речи њихове које безбожни грешници говорише на Њ.
na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
16 Ово су незадовољни викачи, који по жељама својим живе, и уста њихова говоре поносите речи, и за добитак гледају ко је ко.
Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.
17 А ви, љубазни, опомињите се речи које напред казаше апостоли Господа нашег Исуса Христа,
Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no kae.
18 Јер вам казаше да ће у последње време постати ругачи, који ће ходити по својим жељама и безбожностима.
Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a nnipa a wodi mo ho fɛw na wodi wɔn akɔnnɔ akyi bɛba.”
19 Ово су они што се одвајају (од јединости вере), и јесу телесни, који духа немају.
Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.
20 А ви, љубазни, назиђујте се својом светом вером, и молите се Богу Духом Светим.
Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,
21 И сами себе држите у љубави Божијој, чекајући милост Господа нашег Исуса Христа за живот вечни. (aiōnios g166)
na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no. (aiōnios g166)
22 И тако разликујући једне милујте.
Munhu wɔn a wɔn gyidi sua no mmɔbɔ.
23 А једне страхом избављајте и из огња вадите; а карајте са страхом, мрзећи и на хаљину опогањену од тела.
Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na munkyi ntade a wɔn bɔne nkekae akeka mu no.
24 А Ономе који вас може сачувати без греха и без мане, и поставити праве пред славом својом у радости,
Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi nʼanuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no,
25 Једином премудром Богу и Спасу нашем, кроз Исуса Христа Господа нашег, слава и величанство, држава и власт пре свију векова и сад и у све векове. Амин. (aiōn g165)
Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam, ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)

< Јудина 1 >