< Јован 16 >

1 Ово вам казах да се не саблазните.
“Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina pintinn.
2 Изгониће вас из зборница; а доћи ће време кад ће сваки који вас убије мислити да Богу службу чини.
Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a na ɔresom Onyankopɔn.
3 И ово ће чинити, јер не познаше Оца ни мене.
Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ wonnim Agya no na me nso wonnim me.
4 Него вам ово казах кад дође време да се опоменете овог да вам ја казах; а испрва не казах вам ово, јер бејах с вама.
Nanso mereka eyi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfiase no manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.”
5 А сад идем к Ономе који ме посла, и нико ме од вас не пита: Куда идеш?
“Afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’
6 Него што вам ово казах жалости напуни се срце ваше.
Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow.
7 Него вам ја истину говорим: боље је за вас да ја идем; јер ако ја не идем, утешитељ неће доћи к вама; ако ли идем, послаћу Га к вама.
Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ sɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso sɛ mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn.
8 И кад Он дође покараће свет за грех, и за правду, и за суд;
Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu.
9 За грех, дакле, што не верују мене;
Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ wonnye me nni.
10 А за правду што идем к Оцу свом; и више ме нећете видети;
Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio.
11 А за суд што је кнез овог света осуђен.
Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.
12 Још вам много имам казати; али сад не можете носити.
“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso mprempren de, morentumi nte ase.
13 А кад дође Он, Дух истине, упутиће вас на сваку истину; јер неће од себе говорити, него ће говорити шта чује, и јавиће вам шта ће бити унапред.
Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo.
14 Он ће ме прославити, јер ће од мог узети, и јавиће вам:
Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.
15 Све што има Отац моје је; зато рекох да ће од мог узети, и јавити вам.
Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno nti na mekae se Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no na wabɛka akyerɛ mo no.”
16 Још мало, и нећете ме видети, и опет мало, па ћете ме видети: јер идем к Оцу.
“Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.”
17 А неки од ученика Његових рекоше међу собом: Шта је то што нам каже: Још мало, и нећете ме видети; и опет мало па ћете ме видети; и: Ја идем к оцу?
Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’”
18 Говораху, дакле: Шта је то што говори: Мало? Не знамо шта говори.
Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.”
19 А Исус разуме да хтеше да Га запитају, па им рече: Зато ли се запиткујете међу собом што рекох: Још мало и нећете ме видети, и опет мало па ћете ме видети?
Yesu huu sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio.’ Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi?
20 Заиста, заиста вам кажем да ћете ви заплакати и заридати, а свет ће се радовати; и ви ћете жалосни бити, али ће се ваша жалост окренути на радост.
Mereka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu, nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.
21 Жена кад рађа трпи муку; јер дође час њен: али кад роди дете, више се не опомиње жалости од радости, јер се роди човек на свет.
Sɛ ɔbea rebɛwo a, ne werɛ how, efisɛ nʼamanehunu bere adu so, nanso sɛ onya wo a ne werɛ fi ne yaw, efisɛ nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase.
22 Тако и ви, дакле, имате сад жалост; али ћу вас опет видети, и радоваће се срце ваше, и вашу радост неће нико узети од вас;
Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren yɛ mo awerɛhow bere, nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam.
23 И у онај дан нећете ме питати низашта. Заиста, заиста вам кажем да шта год узиштете у Оца у име моје, даће вам.
Sɛ saa da no du a moremmisa me biribiara. Mereka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo.
24 Досле не искасте ништа у име моје; иштите и примићете, да радост ваша буде испуњена.
Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.
25 Ово вам говорих у причама; али ће доћи време кад вам више нећу говорити у причама, него ћу вам управо јавити за Оца.
“Menam mmebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa wɔ mmebu mu bio, na mmom mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo.
26 У онај ћете дан у име моје заискати, и не велим вам да ћу ја умолити Оца за вас;
Sɛ saa da no du a mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo,
27 Јер сам Отац има љубав к вама као што ви имасте љубав к мени, и веровасте да ја од Бога изиђох.
efisɛ Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae.
28 Изиђох од Оца, и дођох на свет; и опет остављам свет, и идем к Оцу.
Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.”
29 Рекоше Му ученици Његови: Ето сад управо говориш, а приче никакве не говориш.
Nʼasuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase.
30 Сад знамо да све знаш, и не треба Ти да Те ко пита. По томе верујемо да си од Бога изишао.
Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.”
31 Исус им одговори: Зар сад верујете?
Yesu buaa wɔn se. “Afei de, mugye di ana?
32 Ево иде час, и већ је настао, да се разбегнете сваки на своју страну и мене самог оставите; али нисам сам, јер је Отац са мном.
Bere bi rebedu; na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ nʼankasa fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ Agya no ka me ho.
33 Ово вам казах, да у мени мир имате. У свету ћете имати невољу; али не бојте се, јер ја надвладах свет.
“Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”

< Јован 16 >