< Јаковљева 2 >

1 Браћо моја! У вери Господа нашег славног Исуса Христа не гледајте ко је ко;
Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifoɔ wɔ Awurade Kristo animuonyam mu yi, monnyɛ animhwɛ.
2 Јер ако дође у цркву вашу човек са златним прстеном и у светлој хаљини, а дође и сиромах у рђавој хаљини,
Sɛ mohyia a, ɔdefoɔ a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadego nso tumi ba bi.
3 И погледате на оног у светлој хаљини, и кажете му: Ти седи овде лепо, а сиромаху кажете: Ти стани тамо, или седи овде ниже подножја мог;
Sɛ wode anidie ma deɛ wasiesie ne ho yie no, na woka kyerɛ no sɛ, “Tena saa akonnwa pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso sɛ, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a,
4 И не расудисте у себи, него бисте судије злих помисли.
wodi fɔ sɛ wogyina atemmuo a ɛfiri adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.
5 Чујте, љубазна браћо моја, не изабра ли Бог сиромахе овог света да буду богати вером, и наследници царства које обрече онима који њега љубе?
Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no.
6 А ви осрамотисте сиромаха. Нису ли то богати који вас муче и вуку вас на судове?
Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo kɔ atemmufoɔ anim? Adefoɔ!
7 Не хуле ли они на добро име ваше којим сте се назвали?
Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.
8 Ако, дакле, закон царски извршујете по писму: Љуби ближњег као самог себе, добро чините;
Ɛyɛ sɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so.
9 Ако ли гледате ко је ко, грех чините, и бићете покарани од закона као преступници;
Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmaratofoɔ.
10 Јер који сав закон одржи а сагреши у једном, крив је за све,
Obiara a ɔbu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so.
11 Јер Онај који је рекао: Не чини прељубе, рекао је и: Не убиј. Ако дакле не учиниш прељубе а убијеш, постао си преступник закона.
Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.
12 Тако говорите и тако творите као они који ће законом слободе бити суђени;
Sɛ woyɛ Kristo apɛdeɛ o, sɛ woanyɛ nʼapɛdeɛ o, wobɛbu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne deɛ woyɛ biara yie.
13 Јер ће ономе бити суд без милости који не чини милости; и хвали се милост на суду.
Ɛfiri sɛ, obi a wanhunu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmuo mu no, wɔrenhunu no mmɔbɔ. Nanso atemmuo mu mpo no, Onyankopɔn hunu mmɔbɔ.
14 Каква је корист, браћо моја, ако ко рече да има веру а дела нема? Зар га може вера спасти?
Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, “Mewɔ gyidie” na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa?
15 Ако, на пример, брат и ли сестра голи буду, или немају шта да једу,
Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi,
16 И рече им који од вас: Идите с миром, грејте се, и наситите се, а не да им потребе телесне, шта помаже?
sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn?
17 Тако и вера ако нема дела, мртва је по себи.
Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu.
18 Но може ко рећи: Ти имаш веру, а ја имам дела. Покажи ми веру своју без дела својих, а ја ћу теби показати веру своју из дела својих.
Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.”
19 Ти верујеш да је један Бог; добро чиниш; и ђаволи верују, и дрхћу.
Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu.
20 Али хоћеш ли разумети, о човече сујетни! Да је вера без дела мртва?
Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa?
21 Авраам отац наш не оправда ли се делима кад принесе Исака, сина свог, на олтар?
Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no.
22 Видиш ли да вера поможе делима његовим, и кроз дела сврши се вера?
Wohunu sɛ ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu.
23 И изврши се писмо које говори: Авраам верова Богу, и прими му се у правду, и пријатељ Божји назва се.
Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.
24 Видите ли, дакле, да се делима правда човек, а не самом вером?
Yei da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so.
25 А тако и Раав курва не оправда ли се делима кад прими уходе, и изведе их другим путем?
Saa ara na ɛte wɔ adwaman Rahab ho. Ne nneyɛeɛ maa Onyankopɔn buu no bem, ɛfiri sɛ, ɔgyee Yudafoɔ bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma wɔdwane faa ɛkwan foforɔ bi so.
26 Јер, као што је тело без духа мртво, тако је и вера без добрих дела мртва.
Sɛdeɛ onipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no nso awuo.

< Јаковљева 2 >