< Jov 23 >

1 A Jov odgovori i reèe:
Na Hiob buae se,
2 Još je tužnjava moja odmet? a nevolja je moja teža od uzdaha mojih.
“Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.
3 O kad bih znao kako bih našao Boga! da otidem do prijestola njegova,
Sɛ minim baabi a mehu no; anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a
4 Da razložim pred njim parbu svoju, i usta svoja napunim razloga,
anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnye bebree.
5 Da znam šta bi mi odgovorio, i razumijem šta bi mi rekao.
Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me, na madwen nea ɔbɛka ho.
6 Bi li se prema velikoj sili svojoj preo sa mnom? Ne; nego bi mi pomogao.
Ɔbɛsɔre atia me dennen ana? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.
7 Ondje bi se pravedan èovjek mogao pravdati s njim, i oslobodio bih se zasvagda od svoga sudije.
Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.
8 Gle, ako poðem naprijed, nema ga; ako li natrag, ne nahodim ga;
“Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ; sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.
9 Ako nalijevo radi, ne vidim ga; ako nadesno, zaklonio se, ne mogu ga vidjeti.
Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no; sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.
10 Ali on zna put moj; kad me okuša, izaæi æu kao zlato.
Nanso onim ɔkwan a menam so; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.
11 Po stopama je njegovijem stupala noga moja; puta njegova držao sam se, i ne zaðoh.
Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manantew nʼakwan so a mamman.
12 Od zapovijesti usta njegovijeh nijesam otstupao; èuvao sam rijeèi usta njegovijeh više nego svoj užitak.
Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.
13 Ali kad on što naumi, ko æe ga odvratiti? što duša njegova zaželi, ono èini.
“Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.
14 I izvršiæe što je naumio za me; i toga ima u njega mnogo.
Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me; ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.
15 Zato sam se uplašio od njega; i kad to mislim, strah me je od njega.
Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.
16 Bog je rastopio srce moje, svemoguæi me je uplašio.
Onyankopɔn ama me koma abotow; Otumfo ama mabɔ huboa.
17 Što ne pogiboh prije mraka? i što ne sakri mrak ispred mene?
Nanso sum no mma menka mʼano nto mu, sum kabii a ɛkata mʼanim no.

< Jov 23 >