< Псалтирь 6 >

1 Начальнику хора. На восьмиструнном. Псалом Давида. Господи! не в ярости Твоей обличай меня и не во гневе Твоем наказывай меня.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so. Dawid dwom. Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.
2 Помилуй меня, Господи, ибо я немощен; исцели меня, Господи, ибо кости мои потрясены;
Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu.
3 и душа моя сильно потрясена; Ты же, Господи, доколе?
Me kra wɔ ahohia mu. Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?
4 Обратись, Господи, избавь душу мою, спаси меня ради милости Твоей,
Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.
5 ибо в смерти нет памятования о Тебе: во гробе кто будет славить Тебя? (Sheol h7585)
Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? (Sheol h7585)
6 Утомлен я воздыханиями моими: каждую ночь омываю ложе мое, слезами моими омочаю постель мою.
Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ.
7 Иссохло от печали око мое, обветшало от всех врагов моих.
Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.
8 Удалитесь от меня все, делающие беззаконие, ибо услышал Господь голос плача моего,
Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.
9 услышал Господь моление мое; Господь примет молитву мою.
Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ.
10 Да будут постыжены и жестоко поражены все враги мои; да возвратятся и постыдятся мгновенно.
Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase na wɔn ho adwiri wɔn; na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.

< Псалтирь 6 >