< غزل غزلها 8 >

کاش که مثل برادر من که پستانهای مادر مرامکید می‌بودی، تا چون تو را بیرون می‌یافتم تو را می‌بوسیدم و مرا رسوانمی ساختند. ۱ 1
Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima a wunum me na nufu ano, na mihuu wo wɔ abɔnten so a, anka mefew wʼano, a obiara rentumi mmu me animtiaa.
تو را رهبری می‌کردم و به خانه مادرم در می‌آوردم تا مرا تعلیم می‌دادی تا شراب ممزوج و عصیر انار خود را به تو می‌نوشانیدم. ۲ 2
Anka medi wʼanim na mede wo aba me na fi, ɔno a wakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.
دست چپ او زیر سر من می‌بود و دست راستش مرا در آغوش می‌کشید. ۳ 3
Ne nsa benkum da mʼatiko na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
‌ای دختران اورشلیم شما را قسم می‌دهم که محبوب مرا تا خودش نخواهد بیدار نکنید و برنینگیزانید. ۴ 4
Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ, morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu kosi bere a ɛsɛ mu.
این کیست که بر محبوب خود تکیه کرده، ازصحرا برمی آید؟ ۵ 5
Hena na ofi sare so reba a otweri ne dɔfo koko mu yi? Ababaa: Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase; ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo, ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.
مرا مثل خاتم بر دلت و مثل نگین بر بازویت بگذار، زیرا که محبت مثل موت زورآور است و غیرت مثل هاویه ستم کیش می‌باشد. شعله هایش شعله های آتش و لهیب یهوه است. (Sheol h7585) ۶ 6
Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode, sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so, efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu, ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda. Ɛhyehye sɛ ogyatannaa, sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara. (Sheol h7585)
آبهای بسیار محبت را خاموش نتواند کرد و سیلها آن را نتواند فرو نشانید. اگر کسی تمامی اموال خانه خویش رابرای محبت بدهد آن را البته خوار خواهندشمرد. ۷ 7
Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ; nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ. Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.
ما را خواهری کوچک است که پستان ندارد. به جهت خواهر خود در روزی که او راخواستگاری کنند چه بکنیم؟ ۸ 8
Yɛwɔ nuabea akumaa bi a, ne nufu mmobɔɔ ɛ. Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi wɔ da a wobebisa no ase?
اگر دیوار می‌بود، بر او برج نقره‌ای بنا می‌کردیم. و اگر دروازه می‌بود، او را به تخته های سرو آزادمی پوشانیدیم. ۹ 9
Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. Sɛ ɔyɛ ɔpon a, yɛde sida besiw ne pon ano kwan.
من دیوار هستم و پستانهایم مثل برجهااست. لهذا در نظر او از‌جمله یابندگان سلامتی شده‌ام. ۱۰ 10
Meyɛ ɔfasu, na me nufu te sɛ abantenten. Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a ɔde nea ɛsɔ ani reba.
سلیمان تاکستانی در بعل هامون داشت و تاکستان را به ناطوران سپرد، که هر کس برای میوه‌اش هزار نقره بدهد. ۱۱ 11
Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; ɔde ne bobeturo no maa apaafo. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no nnwetɛbona apem.
تاکستانم که از آن من است پیش روی من می‌باشد. برای تو‌ای سلیمان هزار و برای ناطوران میوه‌اش، دویست خواهدبود. ۱۲ 12
Nanso me bobeturo yi yɛ me de. Me de, meremfa mma; Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem, na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.
‌ای (محبوبه ) که در باغات می‌نشینی، رفیقان آواز تو را می‌شنوند، مرا نیز بشنوان. ۱۳ 13
Wo a wote turo no mu ne nnamfonom a wɔka wo ho, ma mente wo nne.
‌ای محبوب من، فرار کن و مثل غزال یا بچه آهو بر کوههای عطریات باش. ۱۴ 14
Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo, na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba anaasɛ ɔforote ba a ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.

< غزل غزلها 8 >