< غزل غزلها 4 >

اینک تو زیبا هستی‌ای محبوبه من، اینک تو زیبا هستی و چشمانت از پشت برقع تومثل چشمان کبوتر است و موهایت مثل گله بزهااست که بر جانب کوه جلعاد خوابیده‌اند. ۱ 1
Wo ho yɛ fɛ, me dɔfo! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuw a wɔresian Gilead Bepɔw.
دندانهایت مثل گله گوسفندان پشم بریده که ازشستن برآمده باشند و همگی آنها توام زاییده ودر آنها یکی هم نازاد نباشد. ۲ 2
Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo, a wofi aguaree. Baako mpo nyeraa ɛ.
لبهایت مثل رشته قرمز و دهانت جمیل است و شقیقه هایت درعقب برقع تو مانند پاره انار است. ۳ 3
Wʼanofafa te sɛ koogyan hama; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu te sɛ ntunkum aduaba fa.
گردنت مثل برج داود است که به جهت سلاح خانه بنا شده است و در آن هزار سپر یعنی همه سپرهای شجاعان آویزان است. ۴ 4
Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, a wɔasi no fɛɛfɛ; na akokyɛm apem sensɛn ho, a ne nyinaa yɛ akofo kyɛm.
دو پستانت مثل دو بچه توام آهو می‌باشد که در میان سوسنها می‌چرند، ۵ 5
Wo nufu te sɛ atwemma abien, atwemma nta a wodidi wɔ sukooko mu.
تا نسیم روز بوزد و سایه‌ها بگریزد. به کوه مر وبه تل کندر خواهم رفت. ۶ 6
Enkosi sɛ ade bɛkye, ama honhom aguan no, mɛkɔ kurobow bepɔw ne aduhuam nkoko no so.
‌ای محبوبه من، تمامی تو زیبا می‌باشد. در توعیبی نیست. ۷ 7
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni dɛm biara.
بیا با من از لبنان‌ای عروس، با من ازلبنان بیا. از قله امانه از قله شنیر و حرمون ازمغاره های شیرها و از کوههای پلنگها بنگر. ۸ 8
Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo, wo ne me mfi Lebanon nkɔ. Sian fi Amana atifi bra, fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, fi gyata buw mu ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.
‌ای خواهر و عروس من دلم را به یکی از چشمانت وبه یکی از گردن بندهای گردنت ربودی. ۹ 9
Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo; woagye me koma abɔ so; wode wʼani a ɛbɔɔ me so, ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.
‌ای خواهر و عروس من، محبتهایت چه بسیار لذیذ است. محبتهایت از شراب چه بسیار نیکوتر است و بوی عطرهایت از جمیع عطرها. ۱۰ 10
Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo! Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa, na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara.
‌ای عروس من، لبهای تو عسل را می‌چکاند زیر زبان تو عسل و شیر است و بوی لباست مثل بوی لبنان است. ۱۱ 11
Asɛm dɛdɛ fi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforo; nufusu ne ɛwo wɔ wo tɛkrɛma ase. Wo ntade mu hua te sɛ Lebanon de.
خواهر و عروس من، باغی بسته شده است. چشمه مقفل و منبع مختوم است. ۱۲ 12
Wote sɛ turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo; woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano.
نهالهایت بستان انارها با میوه های نفیسه و بان و سنبل است. ۱۳ 13
Wo nnua yɛ nnuabafuw so ntunkum a ɛsow aba pa, ahuahaa ne nnuannua,
سنبل و زعفران و نی و دارچینی با انواع درختان کندر، مر و عود با جمیع عطرهای نفیسه. ۱۴ 14
nnuannua ne mmetire, osiko ne sinamon, a ohuamfufu nnua ahorow, kurobow ne dupapo ne pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho.
چشمه باغها و برکه آب زنده و نهرهایی که ازلبنان جاری است. ۱۵ 15
Woyɛ asubura turo, abura a nsu sen fi mu a ɛsen fi Lebanon.
‌ای باد شمال، برخیز و‌ای باد جنوب، بیا. برباغ من بوز تا عطرهایش منتشر شود. محبوب من به باغ خود بیاید و میوه نفیسه خود را بخورد. ۱۶ 16
Sɔre, atifi fam mframa! Bra, anafo fam mframa! Bɔ fa me turo mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara. Ma me dɔfo mmra ne turo mu na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

< غزل غزلها 4 >