< مزامیر 96 >

یهوه را سرود تازه بسرایید! ای تمامی زمین خداوند را بسرایید! ۱ 1
Monto dwom foforo mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade.
خداوند رابسرایید و نام او را متبارک خوانید! روز به روزنجات او را اعلام نمایید. ۲ 2
Monto dwom mma Awurade, monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagye no daa daa.
در میان امت‌ها جلال او را ذکر کنید و کارهای عجیب او را در جمیع قومها. ۳ 3
Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
زیرا خداوند، عظیم است و بی‌نهایت حمید. و او مهیب است بر جمیع خدایان. ۴ 4
Awurade yɛ ɔkɛse na nkamfo fata no; ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
زیراجمیع خدایان امت‌ها بتهایند، لیکن یهوه آسمانهارا آفرید. ۵ 5
Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.
مجد و جلال به حضور وی است وقوت و جمال در قدس وی. ۶ 6
Anuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne anuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.
‌ای قبایل قوم‌ها خداوند را توصیف نمایید! خداوند را به جلال و قوت توصیف نمایید! ۷ 7
Momfa mma Awurade, amanaman mmusuakuw, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
خداوند را به جلال اسم او توصیف نمایید! هدیه بیاورید و به صحنهای او بیایید! ۸ 8
Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo hɔ.
خداوندرا در زینت قدوسیت بپرستید! ای تمامی زمین ازحضور وی بلرزید! ۹ 9
Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.
در میان امت‌ها گوییدخداوند سلطنت گرفته است. ربع مسکون نیزپایدار شد و جنبش نخواهد خورد. قومها را به انصاف داوری خواهد نمود. ۱۰ 10
Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade di hene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn, wɔrentumi ntutu; ɔde pɛpɛyɛ bebu nnipa atɛn.
آسمان شادی کند و زمین مسرور گردد. دریا و پری آن غرش نماید. ۱۱ 11
Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi; momma po ne mu nneɛma nyinaa nworo;
صحرا و هر‌چه در آن است، به وجد آید. آنگاه تمام درختان جنگل ترنم خواهند نمود ۱۲ 12
Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose; momma kwae mu nnua nyinaa mfa ahosɛpɛw nto nnwom.
به حضور خداوند زیرا که می‌آید. زیرا که برای داوری جهان می‌آید. ربع مسکون را به انصاف داوری خواهد کرد و قوم هارا به امانت خود. ۱۳ 13
Momma abɔde nyinaa nni ahurusi wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba, ɔreba abebu asase no atɛn. Ɔde trenee bebu wiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokware mu.

< مزامیر 96 >