< مزامیر 6 >

برای سالار مغنیان برذوات اوتار برثمانی. مزمور داود ای خداوند، مرا در غضب خود توبیخ منما. و مرا در خشم خویش تادیب مکن! ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so. Dawid dwom. Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.
‌ای خداوند، بر من کرم فرما زیرا که پژمرده‌ام! ای خداوند، مرا شفا ده زیرا که استخوانهایم مضطرب است، ۲ 2
Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yare na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.
و جان من بشدت پریشان است. پس تو‌ای خداوند، تا به کی؟ ۳ 3
Me kra wɔ ahohia mu. Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?
‌ای خداوند، رجوع کن و جانم را خلاصی ده! به رحمت خویش مرا نجات‌بخش! ۴ 4
San bra, Awurade, na begye me nkwa; gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.
زیرا که در موت ذکرتو نمی باشد! در هاویه کیست که تو را حمدگوید؟ (Sheol h7585) ۵ 5
Obi a wawu no renkae wo da, hena na ofi ɔda mu kamfo wo? (Sheol h7585)
از ناله خود وامانده‌ام! تمامی شب تخت خواب خود را غرق می‌کنم، و بسترخویش را به اشکها تر می‌سازم! ۶ 6
Apinisi ama mayɛ mmerɛw. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, na me nusu fɔw me sumii.
چشم من ازغصه کاهیده شد و بسبب همه دشمنانم تارگردید. ۷ 7
Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.
‌ای همه بدکاران از من دور شوید، زیراخداوند آواز گریه مرا شنیده است! ۸ 8
Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! efisɛ Awurade ate me sufrɛ.
خداونداستغاثه مرا شنیده است. خداوند دعای مرااجابت خواهد نمود. ۹ 9
Awurade ate me mmɔborɔsu; Awurade tie me sufrɛ.
همه دشمنانم به شدت خجل و پریشان خواهند شد. روبرگردانیده، ناگهان خجل خواهند گردید. ۱۰ 10
Mʼatamfo nyinaa anim begu ase na wɔn ho adwiriw wɔn; na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.

< مزامیر 6 >