< مزامیر 19 >

برای سالار مغنیان. مزمور داود آسمان جلال خدا را بیان می‌کند وفلک از عمل دستهایش خبر می‌دهد. ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam! Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,
روز سخن می‌راند تا روز و شب معرفت را اعلان می‌کند تا شب. ۲ 2
Da biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.
سخن نیست و کلامی نی و آوازآنها شنیده نمی شود. ۳ 3
Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm; wɔnnte wɔn nne.
قانون آنها در تمام جهان بیرون رفت و بیان آنها تا اقصای ربع مسکون. ۴ 4
Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano. Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.
خیمه‌ای برای آفتاب در آنها قرار داد؛ و او مثل داماد از حجله خود بیرون می‌آید و مثل پهلوان ازدویدن در میدان شادی می‌کند. ۵ 5
Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.
خروجش ازکرانه آسمان است و مدارش تا به کرانه دیگر؛ وهیچ‌چیز از حرارتش مستور نیست. ۶ 6
Epue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akosi ano; biribiara nsiw ne hyew ho kwan.
شریعت خداوند کامل است و جان رابرمی گرداند؛ شهادات خداوند امین است و جاهل را حکیم می‌گرداند. ۷ 7
Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyan ɔkra no. Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu, ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.
فرایض خداوند راست است و دل را شاد می‌سازد. امر خداوند پاک است و چشم را روشن می‌کند. ۸ 8
Awurade ahyɛde teɛ; ɛma koma mu anigye. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ebue ani.
ترس خداوند طاهراست و ثابت تا ابدالاباد. احکام خداوند حق وتمام عدل است. ۹ 9
Awurade suro yɛ kronkron, ɛte hɔ daa. Awurade mmara nsɛm yɛ nokware na ne nyinaa teɛ.
از طلا مرغوب تر و از زرخالص بسیار. از شهد شیرینتر و از قطرات شانه عسل. ۱۰ 10
Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ ɛsen sikakɔkɔɔ kann; ɛyɛ dɛ sen ɛwo, ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.
بنده تو نیز از آنها متنبه می‌شود، و درحفظ آنها ثواب عظیمی است. ۱۱ 11
Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se, sodi so akatua yɛ bebree.
کیست که سهوهای خود را بداند؟ مرا ازخطایای مخفی‌ام طاهر ساز. ۱۲ 12
Hena na ohu nʼankasa mfomso? Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.
بنده ات را نیز ازاعمال متکبرانه باز دار تا بر من مسلط نشود؛ آنگاه بی‌عیب و از گناه عظیم مبرا خواهم بود. ۱۳ 13
Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.
سخنان زبانم و تفکر دلم منظور نظر تو باشد، ای خداوند که صخره من و نجات‌دهنده من هستی! ۱۴ 14
Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade me Botan ne me Gyefo.

< مزامیر 19 >