< مزامیر 17 >

صلات داود ای خداوند، عدالت را بشنو و به فریادمن توجه فرما! و دعای مرا که از لب بی‌ریا می‌آید، گوش بگیر! ۱ 1
Dawid Mpaebɔ. Awurade, tie me trenee abisade; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaebɔ; nea emfi nnaadaa anofafa mu.
داد من از حضور توصادر شود؛ چشمان تو راستی را ببیند. ۲ 2
Ma me bembu mfi wo; ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ.
دل مراآزموده‌ای، شبانگاه از آن تفقد کرده‌ای. مرا قال گذاشته‌ای و هیچ نیافته‌ای، زیرا عزیمت کردم که زبانم تجاوز نکند. ۳ 3
Wopɛɛpɛɛ me koma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; mʼano nkaa bɔne bi ɛ.
و اما کارهای آدمیان به کلام لبهای تو؛ خود را از راههای ظالم نگاه داشتم. ۴ 4
Nnipa nneyɛe fam no, anom asɛm nti matwe me ho afi basabasayɛfo akwan ho.
قدمهایم به آثار تو قائم است، پس پایهایم نخواهد لغزید. ۵ 5
Menam wʼakwan so daa; me nan nhintiw ɛ.
‌ای خدا تو را خوانده‌ام زیرا که مرا اجابت خواهی نمود. گوش خود را به من فراگیر و سخن مرا بشنو. ۶ 6
Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn na wubegye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.
رحمت های خود را امتیاز ده، ای که متوکلان خویش را به‌دست راست خود ازمخالفان ایشان می‌رهانی. ۷ 7
Da wo dɔ nwonwaso no adi; wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa fi wɔn atamfo nsam no.
مرا مثل مردمک چشم نگاه دار؛ مرا زیر سایه بال خود پنهان کن، ۸ 8
Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwini no ase,
از روی شریرانی که مرا خراب می‌سازند، ازدشمنان جانم که مرا احاطه می‌کنند. ۹ 9
fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam, mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.
دل فربه خود را بسته‌اند. به زبان خویش سخنان تکبرآمیزمی گویند. ۱۰ 10
Wopirim wɔn koma, na wɔkasa ahantan so.
الان قدمهای ما را احاطه کرده‌اند، وچشمان خود را دوخته‌اند تا ما را به زمین بیندازند. ۱۱ 11
Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.
مثل او مثل شیری است که در دریدن حریص باشد، و مثل شیر ژیان که در بیشه خود درکمین است. ۱۲ 12
Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.
‌ای خداوند برخیز و پیش روی وی درآمده، او را بینداز و جانم را از شریر به شمشیر خود برهان، ۱۳ 13
Sɔre, Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.
از آدمیان، ای خداوند، به‌دست خویش، از اهل جهان که نصیب ایشان در زندگانی است. که شکم ایشان را به ذخایرخود پرساخته‌ای و از اولاد سیر شده، زیادی مال خود را برای اطفال خویش ترک می‌کنند. ۱۴ 14
Awurade, fa wo nsa gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam; asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no. Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmabarima wɔ bebree, na wɔkora agyapade ma wɔn mma.
و اما من روی تو را در عدالت خواهم دید و چون بیدار شوم از صورت تو سیر خواهم شد. ۱۵ 15
Na me trenee mu, mehu wʼanim; sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.

< مزامیر 17 >