< مزامیر 141 >

مزمور داود ای خداوند تو را می‌خوانم. نزد من بشتاب! و چون تو را بخوانم آوازمرا بشنو! ۱ 1
Dawid dwom. Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.
دعای من به حضور تو مثل بخورآراسته شود، و برافراشتن دستهایم، مثل هدیه شام. ۲ 2
Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam; ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.
‌ای خداوند، بر دهان من نگاهبانی فرما و درلبهایم را نگاه دار. ۳ 3
Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano; na wɛn mʼano pon.
دل مرا به عمل بد مایل مگردان تا مرتکب اعمال زشت با مردان بدکارنشوم. و از چیزهای لذیذ ایشان نخورم. ۴ 4
Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi, mma me ne abɔnefo nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.
مرد عادل مرا بزند و لطف خواهد بود، و مرا تادیب نماید و روغن برای سر خواهد بود! و سر من آن راابا نخواهد نمود زیرا که در بدیهای ایشان نیزدعای من دایم خواهد بود. ۵ 5
Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo. Me ti rempo. Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.
چون داوران ایشان از سر صخره‌ها انداخته شوند، آنگاه سخنان مراخواهند شنید زیرا که شیرین است. ۶ 6
Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam; na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.
مثل کسی‌که زمین را فلاحت و شیار بکند، استخوانهای مابر سر قبرها پراکنده می‌شود. (Sheol h7585) ۷ 7
Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.” (Sheol h7585)
زیرا که‌ای یهوه خداوند، چشمان من بسوی توست. و بر تو توکل دارم. پس جان مرا تلف منما! ۸ 8
Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so; wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.
مرا از دامی که برای من نهاده‌اند نگاه دار و از کمندهای گناهکاران. ۹ 9
Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho, mfiri a abɔnefo asunsum no.
شریران به دامهای خود بیفتند و من بسلامتی در بگذرم. ۱۰ 10
Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn, bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.

< مزامیر 141 >