< مزامیر 138 >

تو را به تمامی دل خود حمدخواهم گفت. به حضور خدایان تورا حمد خواهم گفت. ۱ 1
Dawid de. Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ; mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim.
به سوی هیکل قدس توعبادت خواهم کرد و نام تو را حمد خواهم گفت، به‌سبب رحمت و راستی تو. زیرا کلام خود را برتمام اسم خود تمجید نموده‌ای. ۲ 2
Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti, efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye; ama asen wo titiriwyɛ.
در روزی که تورا خواندم مرا اجابت فرمودی. و مرا با قوت درجانم شجاع ساختی. ۳ 3
Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so; woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.
‌ای خداوند، تمام پادشاهان جهان تو راحمد خواهند گفت، چون کلام دهان تو رابشنوند. ۴ 4
Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a, ma wɔnkamfo wo.
و طریق های خداوند را خواهندسرایید، زیرا که جلال خداوند عظیم است. ۵ 5
Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade anuonyam yɛ kɛse.
زیراکه خداوند متعال است، لیکن بر فروتنان نظر می‌کند. و اما متکبران را از دور می‌شناسد. ۶ 6
Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.
اگر‌چه در میان تنگی راه می‌روم، مرا زنده خواهی کرد. دست خود را بر خشم دشمنانم درازمی کنی و دست راستت مرا نجات خواهد داد. ۷ 7
Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de, nanso wobɔ me nkwa ho ban; woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa.
خداوند کار مرا به‌کمال خواهد رسانید. ای خداوند، رحمت تو تا ابدالاباد است. کارهای دست خویش را ترک منما. ۸ 8
Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu; Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

< مزامیر 138 >