< مزامیر 118 >

خداوند را حمد گویید زیرا که نیکوست و رحمت او تا ابدالاباداست. ۱ 1
Monna Awurade ase efisɛ oye, na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
اسرائیل بگویند که «رحمت او تا ابدالاباداست.» ۲ 2
Momma Israel nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
خاندان هارون بگویند که «رحمت او تاابدالاباد است.» ۳ 3
Momma Aaronfi nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
ترسندگان خداوند بگویند که «رحمت او تا ابدالاباد است.» ۴ 4
Momma wɔn a wosuro Awurade nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
در تنگی یاه را خواندم. یاه مرا اجابت فرموده، در جای وسیع آورد. ۵ 5
Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade; ogyee me so, na ɔma me dee me ho.
خداوند با من است، پس نخواهم ترسید. انسان به من چه تواندکرد؟ ۶ 6
Awurade ne me boafo; enti merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?
خداوند برایم از مددکاران من است. پس من بر نفرت کنندگان خود آرزوی خویش راخواهم دید. ۷ 7
Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo. Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.
به خداوند پناه بردن بهتر است ازتوکل نمودن بر آدمیان. ۸ 8
Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu, sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.
به خداوند پناه بردن بهتراست از توکل نمودن بر امیران. ۹ 9
Eye sɛ yebehintaw Awurade mu, sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.
جمیع امتها مرااحاطه کردند، لیکن به نام خداوند ایشان را هلاک خواهم کرد. ۱۰ 10
Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae, nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.
مرا احاطه کردند و دور مراگرفتند، لیکن به نام خداوند ایشان را هلاک خواهم کرد. ۱۱ 11
Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara, nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.
مثل زنبورها مرا احاطه کردند ومثل آتش خارها خاموش شدند. زیرا که به نام خداوند ایشان را هلاک خواهم کرد. ۱۲ 12
Wɔkyere guu me so sɛ nnowa, nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu; Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.
بر من سخت هجوم آوردی تا بیفتم، لیکن خداوند مرااعانت نمود. ۱۳ 13
Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me.
خداوند قوت و سرود من است ونجات من شده است. ۱۴ 14
Awurade yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ; wayɛ me nkwagye.
آواز ترنم و نجات درخیمه های عادلان است. دست راست خداوند باشجاعت عمل می‌کند. ۱۵ 15
Osebɔ ne nkonimdi gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!
دست راست خداوندمتعال است. دست راست خداوند با شجاعت عمل می‌کند. ۱۶ 16
Wɔama Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!”
نمی میرم بلکه زیست خواهم کرد و کارهای یاه را ذکر خواهم نمود. ۱۷ 17
Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka nea Awurade ayɛ.
یاه مرابه شدت تنبیه نموده، لیکن مرا به موت نسپرده است. ۱۸ 18
Awurade atwe mʼaso dennen, nanso onyaa me mmaa owu ɛ.
دروازه های عدالت را برای من بگشایید! به آنها داخل شده، یاه را حمد خواهم گفت. ۱۹ 19
Bue trenee apon ma me; na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade.
دروازه خداوند این است. عادلان بدان داخل خواهند شد. ۲۰ 20
Awurade ponkɛse ni; ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu.
تو را حمد می‌گویم زیرا که مرااجابت فرموده و نجات من شده‌ای. ۲۱ 21
Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so; na woayɛ me nkwagye.
سنگی راکه معماران رد کردند، همان سر زاویه شده است. ۲۲ 22
Ɔbo a adansifo no poe no, abɛyɛ tweatibo.
این از جانب خداوند شده و در نظر ما عجیب است. ۲۳ 23
Awurade na wayɛ eyi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.
این است روزی که خداوند ظاهر کرده است. درآن وجد و شادی خواهیم نمود. ۲۴ 24
Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.
آه‌ای خداوند نجات ببخش! آه‌ای خداوند سعادت عطا فرما! ۲۵ 25
Awurade, gye yɛn nkwa; Awurade, ma yɛn nkonimdi.
متبارک باد او که به نام خداوندمی آید. شما را از خانه خداوند برکت می‌دهیم. ۲۶ 26
Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba. Yehyira wo fi Awurade fi.
یهوه خدایی است که ما را روشن ساخته است. ذبیحه را به ریسمانها بر شاخهای قربانگاه ببندید. ۲۷ 27
Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen nkɔ afɔremuka no mmɛn ho.
تو خدای من هستی تو، پس تو را حمدمی گویم. خدای من، تو را متعال خواهم خواند. ۲۸ 28
Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ; wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.
خداوند را حمد گویید زیرا که نیکوست ورحمت او تا ابدالاباد است. ۲۹ 29
Monna Awurade ase, efisɛ oye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

< مزامیر 118 >