< مزامیر 11 >

برای سالار مغنیان. مزمور داود بر خداوند توکل می‌دارم. چرا به‌جانم می گویید: «مثل مرغ به کوه خودبگریزید. ۱ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.
زیرا اینک شریران کمان را می‌کشند وتیر را به زه نهاده‌اند، تا بر راست دلان در تاریکی بیندازند. ۲ 2
Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu de awɔ koma mu ahotefo.
زیرا که ارکان منهدم می‌شوند و مردعادل چه کند؟» ۳ 3
Sɛ wɔresɛe fapem no a, dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”
خداوند در هیکل قدس خود است و کرسی خداوند در آسمان. چشمان او می‌نگرد، پلکهای وی بنی آدم را می‌آزماید. ۴ 4
Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.
خداوند مرد عادل راامتحان می‌کند؛ و اما از شریر و ظلم دوست، جان او نفرت می‌دارد. ۵ 5
Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu, na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de, ne kra kyi wɔn.
بر شریر دامها و آتش وکبریت خواهد بارانید، و باد سموم حصه پیاله ایشان خواهد بود. ۶ 6
Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw agu amumɔyɛfo so; na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.
زیرا خداوند عادل است وعدالت را دوست می‌دارد، و راستان روی او راخواهند دید. ۷ 7
Awurade yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ atɛntrenee; wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.

< مزامیر 11 >