< اعداد 17 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
«به بنی‌اسرائیل سخن بگو و از ایشان عصاها بگیر، یک عصا از هر خاندان آبا، از جمیع سروران ایشان دوازده عصا برحسب خاندان آبای ایشان. و نام هرکس را بر عصای او بنویس. ۲ 2
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, abusua biara ɔdaanoni no ntwa poma na ɔntwerɛ ne din wɔ ho.
واسم هارون را بر عصای لاوی بنویس، زیراکه برای هر سرور خاندان آبای ایشان یک عصاخواهد بود. ۳ 3
Aaron din na wɔbɛtwerɛ agu Lewi abusuakuo poma no ho.
و آنها را در خیمه اجتماع پیش شهادت، جایی که من با شما ملاقات می‌کنم بگذار. ۴ 4
Momfa mpoma yi ngu Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyiaeɛm wɔ baabi a mehyia mo wɔ adaka no anim hɔ no.
و شخصی را که من اختیار می‌کنم عصای او شکوفه خواهدآورد، پس همهمه بنی‌اسرائیل را که بر شما می‌کنند از خود ساکت خواهم نمود.» ۵ 5
Menam mpoma yi so bɛkyerɛ onipa a mɛyi no no, na ne poma no ho bɛfefɛ! Ɛno akyi, anwiinwii a wɔnwiinwii tia wo no nyinaa to bɛtwa.”
و موسی این را به بنی‌اسرائیل گفت، پس جمیع سروران ایشان او را عصاها دادند، یک عصابرای هر سرور، یعنی دوازده عصا برحسب خاندان آبای ایشان، و عصاهای هارون در میان عصاهای آنها بود. ۶ 6
Enti, Mose hyɛɛ saa mmara yi maa nnipa no maa ahemfo dumienu no a Aaron ka wɔn ho de wɔn mpoma brɛɛ no.
و موسی عصاها را به حضور خداوند در خیمه شهادت گذارد. ۷ 7
Ɔde guu Awurade anim wɔ Adanseɛ Ntomadan no mu hɔ.
و در فردای آن روز چون موسی به خیمه شهادت داخل شد، اینک عصای هارون که بجهت خاندان لاوی بودشکفته بود، و شکوفه آورده و گل داده، و بادام رسانیده بود. ۸ 8
Adeɛ kyeeɛ a ɔkɔɔ mu no, ɔhunuu sɛ Aaron poma a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuo no afefɛ ayɛ frɔmm, aso aba a ɛsensɛn so.
و موسی همه عصاها را از حضورخداوند نزد جمیع بنی‌اسرائیل بیرون آورده، هریک نگاه کرده، عصای خود را گرفتند. ۹ 9
Ɛberɛ a Mose de firii Awurade hɔ baeɛ sɛ ɔde rebɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, wɔhunuiɛ no, wɔn ho dwirii wɔn. Afei, obiara gyee ne poma, gye Aaron nko.
و خداوند به موسی گفت: «عصای هارون را پیش روی شهادت باز بگذار تا بجهت علامت برای ابنای تمرد نگاه داشته شود، و همهمه ایشان را از من رفع نمایی تا نمیرند.» ۱۰ 10
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa Aaron poma no nto adaka no ho pɛɛ na ɔmfa nkae saa adɔnyɛ no. Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a ɛtia Aaron tumi a, ɛbɛsi amanehunu foforɔ a anka ɛbɛba nnipa no so no ano.
پس موسی چنان کرد، و به نحوی که خداوند او را امر فرموده بود، عمل نمود. ۱۱ 11
Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
وبنی‌اسرائیل به موسی عرض کرده، گفتند: «اینک فانی و هلاک می‌شویم. جمیع ما هلاک شده‌ایم! ۱۲ 12
Nanso Israelfoɔ no kɔɔ so nwiinwiiɛ sɛ, “Yɛyɛ teaseawuo.
هرکه نزدیک می‌آید که به مسکن خداوندنزدیک می‌آید می‌میرد. آیا تمام فانی شویم؟» ۱۳ 13
Obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ho no wu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ase hye anaa?”

< اعداد 17 >