< اعداد 16 >

و قورح بن یصهار بن قهات بن لاوی وداتان و ابیرام پسران الیاب و اون بن فالت پسران روبین (کسان ) گرفته، ۱ 1
Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmabarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no fi Ruben abusuakuw mu no yɛɛ ahomaso
با بعضی ازبنی‌اسرائیل، یعنی دویست و پنجاه نفر ازسروران جماعت که برگزیدگان شورا و مردان معروف بودند، به حضور موسی برخاستند. ۲ 2
na wɔsɔre tiaa Mose. Na mpanyimfo atitiriw ahannu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuw no mu no ka ho.
و به مقابل موسی و هارون جمع شده، به ایشان گفتند: «شما از حد خود تجاوز می‌نمایید، زیرا تمامی جماعت هریک از ایشان مقدس‌اند، و خداوند درمیان ایشان است. پس چرا خویشتن را بر جماعت خداوند برمی افرازید؟» ۳ 3
Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ahomaso no amee yɛn; monnyɛ kronkron nsen obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Tumi bɛn na mowɔ sɛ moma mo ho so sɛ moyɛ mpanyimfo a ɛsɛ sɛ yetie mo na afei moma mo ho so sen obiara wɔ bere a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”
و چون موسی این راشنید به روی خود درافتاد. ۴ 4
Mose tee saa asɛm no, ɔde nʼanim butuw fam.
و قورح و تمامی جمعیت او را خطاب کرده، گفت: «بامدادان خداوند نشان خواهد داد که چه کس از آن وی وچه کس مقدس است، و او را نزد خود خواهدآورد، و هرکه را برای خود برگزیده است، او رانزد خود خواهد آورد. ۵ 5
Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no se, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne nea ɔyɛ kronkron ne nea wayi no sɛ ɔmmɛn no.
این را بکنید که مجمرهابرای خود بگیرید، ای قورح و تمامی جمعیت تو. ۶ 6
Nea ɛsɛ sɛ wo, Kora ne wʼakyidifo nyinaa yɛ ni: Momfa aduhuamyɛfo nkuku
و آتش در آنها گذارده، فردا به حضورخداوند بخور در آنها بریزید، و آن کس که خداوند برگزیده است، مقدس خواهد شد. ای پسران لاوی شما از حد خود تجاوز می‌نمایید!» ۷ 7
na ɔkyena monhyew aduhuam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na nea Awurade bɛpaw no no na ɔbɛyɛ ɔkronkronni. Afei de, Lewifo moayɛ ama aboro so!”
و موسی به قورح گفت: «ای بنی لاوی بشنوید! ۸ 8
Mose san bisaa Kora se, “Afei mo Lewifo, muntie!
آیا نزد شما کم است که خدای اسرائیل شما رااز جماعت اسرائیل ممتاز کرده است، تا شما رانزد خود بیاورد تا در مسکن خداوندخدمت نمایید، و به حضور جماعت برای خدمت ایشان بایستید؟ ۹ 9
Yi a Israel Nyankopɔn ayi wo afi nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiae Ntamadan mu adwuma, na wutumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no sua ma wo ana?
و تو را و جمیع برادرانت بنی لاوی رابا تو نزدیک آورد، و آیا کهانت را نیز می‌طلبید؟ ۱۰ 10
Ɔde wo ne wo mfɛfo Lewifo nyinaa abɛn no pɛɛ, nanso afei de, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no nso.
از این جهت تو و تمامی جمعیت تو به ضدخداوند جمع شده‌اید، و اما هارون چیست که براو همهمه می‌کنید؟» ۱۱ 11
Ɛyɛ Awurade na wo ne wʼakyidifo abɔ mu atia no no. Hena ne Aaron a wunwiinwii tia no?”
و موسی فرستاد تا داتان و ابیرام پسران الیاب را بخواند، و ایشان گفتند: «نمی آییم! ۱۲ 12
Afei Mose frɛɛ Eliab mmabarima Datan ne Abiram, nanso wobuae se, “Yɛremma!
آیاکم است که ما را از زمینی که به شیر و شهد جاری است، بیرون آوردی تا ما را در صحرا نیز هلاک سازی که می‌خواهی خود را بر ما حکمران سازی؟ ۱۳ 13
So esua ma wo sɛ wode yɛn fi yɛn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so de yɛn aba sare so sɛ worebekum yɛn ana? Na afei, wopɛ sɛ wohyɛ yɛn so nso!
و ما را هم به زمینی که به شیر و شهدجاری است درنیاوردی و ملکیتی از مزرعه‌ها وتاکستانها به ما ندادی. آیا چشمان این مردمان رامی کنی؟ نخواهیم آمد!» ۱۴ 14
Bio, womfaa yɛn mmaa asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so so anaa nso wommaa yɛn asase ne bobeturo biara sɛ yɛn agyapade. Wopɛ sɛ wode saa nnipa yi yɛ nkoa ana? Dabi, yɛremma.”
و موسی بسیار خشمناک شده، به خداوندگفت: «هدیه ایشان را منظور منما، یک خر ازایشان نگرفتم، و به یکی از ایشان زیان نرساندم.» ۱۵ 15
Mose bo fuw na ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nnye wɔn afɔrebɔde biara! Minwiaa wɔn afurum baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”
و موسی به قورح گفت: «تو با تمامی جمعیت خود فردا به حضور خداوند حاضر شوید، تو وایشان و هارون. ۱۶ 16
Mose ka kyerɛɛ Kora se, “Ɔkyena wo ne wʼakyidifo no nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha; wo ne wɔn ne Aaron.
و هر کس مجمر خود راگرفته، بخور بر آنها بگذارد و شما هر کس مجمرخود، یعنی دویست و پنجاه مجمر به حضورخداوند بیاورید، تو نیز و هارون هر یک مجمرخود را بیاورید.» ۱۷ 17
Obiara mfa nʼaduhuamyɛfo nkuku a aduhuam gu so mmra. Obiara mfa aduhuamyɛfo kuku mmra. Ne nyinaa dodow yɛ ahannu aduonum; na momfa mmra Awurade anim. Mo ne Aaron na ɛsɛ sɛ mode ba.”
پس هر کس مجمر خود راگرفته، و آتش در آنها نهاده، و بخور بر آنهاگذارده، نزد دروازه خیمه اجتماع، با موسی وهارون ایستادند. ۱۸ 18
Enti wɔn mu biara de nʼaduhuamyɛfo kuku a wasɔ aduhuam wɔ mu bae na wɔne Mose ne Aaron begyinagyinaa Ahyiae Ntamadan no ano.
و قورح تمامی جماعت را به مقابل ایشان نزد در خیمه اجتماع جمع کرد، وجلال خداوند بر تمامی جماعت ظاهرشد. ۱۹ 19
Bere a Kora aboa nʼakyidifo a wɔasɔre atia wɔn no nyinaa ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no, Awurade daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ nnipa no nyinaa.
و خداوند موسی و هارون را خطاب کرده، گفت: ۲۰ 20
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
«خود را از این جماعت دور کنید تاایشان را در لحظه‌ای هلاک کنم.» ۲۱ 21
“Montwe mo ho mfi saa nnipa yi ho na manya kwan asɛe wɔn prɛko.”
پس ایشان به روی در‌افتاده، گفتند: «ای خدا که خدای روحهای تمام بشر هستی، آیا یک نفر گناه ورزد وبر تمام جماعت غضبناک شوی؟» ۲۲ 22
Nanso Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛe se, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Nyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”
و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۲۳ 23
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«جماعت را خطاب کرده، بگو از اطراف مسکن قورح و داتان و ابیرام دور شوید.» ۲۴ 24
“Ka kyerɛ nnipa no se, ‘Mumfi Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu.’”
پس موسی برخاسته، نزد داتان و ابیرام رفت و مشایخ اسرائیل در عقب وی رفتند. ۲۵ 25
Enti Mose kɔɔ Datan ne Abiram ntamadan no mu a na Israel mpanyimfo di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se,
و جماعت راخطاب کرده، گفت: «از نزد خیمه های این مردمان شریر دور شوید، و چیزی را که از آن ایشان است لمس منمایید، مبادا در همه گناهان ایشان هلاک شوید.» ۲۶ 26
Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Monsan mfi saa nnipabɔnefo yi ntamadan no mu! Mommfa mo nsa nka wɔn biribiara, anyɛ saa a wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa, esiane wɔn bɔne nti.”
پس از اطراف مسکن قورح و داتان وابیرام دور شدند، و داتان و ابیرام بیرون آمده، بازنان و پسران و اطفال خود به در خیمه های خودایستادند. ۲۷ 27
Enti nnipa no fii Kora, Datan ne Abiram ntamadan no mu. Na Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyinagyinaa wɔn ntamadan no akwan ano.
و موسی گفت: «از این خواهیددانست که خداوند مرا فرستاده است تا همه این کارها را بکنم و به اراده من نبوده است. ۲۸ 28
Mose kae se, “Ɛnam eyi so bɛma moahu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ nea mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara mʼadwene mu na mifi yɛɛ saa.
اگر این کسان مثل موت سایر بنی آدم بمیرند و اگر مثل وقایع جمیع بنی آدم بر ایشان واقع شود، خداوندمرا نفرستاده است. ۲۹ 29
Sɛ owu nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wohu nea ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me.
و اما اگر خداوند چیزتازه‌ای بنماید و زمین دهان خود را گشاده، ایشان را با جمیع مایملک ایشان ببلعد که به گور زنده فرود روند، آنگاه بدانید که این مردمان خداوند رااهانت نموده‌اند.» (Sheol h7585) ۳۰ 30
Na sɛ Awurade ma ade a ɛyɛ foforo koraa ba, na asase bue nʼanom mene wɔn ne wɔn ahode na sɛ wɔkɔ asaman anikann a, ɛbɛma moahu sɛ, saa nnipa yi abu Awurade animtiaa.” (Sheol h7585)
و چون از گفتن همه این سخنان فارغ شد، زمینی که زیر ایشان بود، شکافته شد. ۳۱ 31
Ka a ɔkaa eyinom wiei ara pɛ, na asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee,
و زمین دهان خود را گشوده، ایشان را و خانه های ایشان و همه کسان را که تعلق به قورح داشتند، با تمامی اموال ایشان بلعید. ۳۲ 32
na ɛbaee nʼanom menee wɔn ne wɔn abusuafo, wɔn nnamfonom a na wogyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapade nyinaa.
و ایشان با هرچه به ایشان تعلق داشت، زنده به گور فرورفتند، و زمین برایشان به هم آمد که از میان جماعت هلاک شدند. (Sheol h7585) ۳۳ 33
Wowuraa asase mu anikann kɔɔ asaman na asase no san ka too mu ma wɔyera fii ɔman no mu. (Sheol h7585)
و جمیع اسرائیلیان که به اطراف ایشان بودند، از نعره ایشان گریختند، زیرا گفتند مبادا زمین ما رانیز ببلعد. ۳۴ 34
Israelfo nyinaa guanee a na wɔreteɛteɛ mu se, “Asase rebɛmene yɛn nso!”
و آتش از حضور خداوند بدر‌آمده، دویست و پنجاه نفر را که بخور می‌گذرانیدند، سوزانید. ۳۵ 35
Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew nnipa ahannu aduonum a na wɔrehyew aduhuam no nyinaa.
و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۳۶ 36
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«به العازار بن هارون کاهن بگو که مجمرها را ازمیان آتش بردار، و آتش را به آن طرف بپاش زیراکه آنها مقدس است. ۳۷ 37
“Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar sɛ onyi aduhuamyɛfo nkuku no mfi nso no mu, efisɛ ɛyɛ kronkron, na ɔntrɛtrɛw nnyansramma no mu nkɔ akyiri
یعنی مجمرهای این گناهکاران را به ضد جان ایشان و از آنها تختهای پهن برای پوشش مذبح بسازند، زیرا چونکه آنهارا به حضور خداوند گذرانیده‌اند مقدس شده است، تا برای بنی‌اسرائیل آیتی باشد.» ۳۸ 38
mfi saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhuamyɛfo nkuku no ase. Boro aduhuamhyew nkuku no mma ɛnyɛ ntrantraa na momfa nkata afɔremuka no so. Saa aduhuamyɛfo nkuku yi yɛ kronkron, efisɛ wɔde baa Awurade anim. Ma ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo no.”
پس العازار کاهن مجمرهای برنجین را که سوخته شدگان گذرانیده بودند گرفته، از آنها پوشش مذبح ساختند. ۳۹ 39
Enti ɔsɔfo Eleasar faa wɔn a wɔahyew no aduhuamyɛfo nkuku no na ɔboro maa ɛyɛɛ ntrantraa na ɔde kataa afɔremuka no so,
تا برای بنی‌اسرائیل یادگارباشد تا هیچ غریبی که از اولاد هارون نباشدبجهت سوزانیدن بخور به حضور خداوند نزدیک نیاید، مبادا مثل قورح و جمعیتش بشود، چنانکه خداوند به واسطه موسی او را امر فرموده بود. ۴۰ 40
sɛnea Awurade nam Mose so kyerɛɛ no no. Na Israelfo no nam so akae se obiara a omfi Aaron ase no nni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhyew aduhuam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne ne ne dɔm no bi bɛto no.
و در فردای آن روز تمامی جماعت بنی‌اسرائیل بر موسی و هارون همهمه کرده، گفتند که شما قوم خداوند را کشتید. ۴۱ 41
Ade kyee anɔpa no, Israelfo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron se, “Moakum Awurade nkurɔfo.”
و چون جماعت بر موسی و هارون جمع شدند، به سوی خیمه اجتماع نگریستند، و اینک ابر آن راپوشانید و جلال خداوند ظاهر شد. ۴۲ 42
Nanso bere a nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano sɛ wɔretia Mose ne Aaron na wotwaa wɔn ani hwɛɛ Ahyiae Ntamadan no, prɛko pɛ, omununkum no kataa so ma wohuu Awurade anuonyam.
و موسی وهارون پیش خیمه اجتماع آمدند. ۴۳ 43
Mose ne Aaron begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano,
و خداوندموسی را خطاب کرده، گفت: ۴۴ 44
na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«از میان این جماعت دور شوید تا ایشان را ناگهان هلاک سازم.» و ایشان به روی خود درافتادند. ۴۵ 45
“Twe wo ho fi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Na Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam.
و موسی به هارون گفت: «مجمر خود راگرفته، آتش از روی مذبح در آن بگذار، و بخور برآن بریز، و به زودی به سوی جماعت رفته، برای ایشان کفاره کن، زیرا غضب از حضور خداوندبرآمده، و وبا شروع شده است.» ۴۶ 46
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Fa aduhuamyɛfo kuku no na yi ogya fi afɔremuka no so gu mu. Fa aduhuam gu so na fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpata ma wɔn, efisɛ Awurade abufuw adu wɔn so. Ɔyaredɔm no afi ase.”
پس هارون به نحوی که موسی گفته بود آن را گرفته، در میان جماعت دوید و اینک وبا در میان قوم شروع شده بود، پس بخور را بریخت و بجهت قوم کفاره نمود. ۴۷ 47
Aaron yɛɛ nea Mose hyɛɛ no no, na otuu mmirika kɔɔ nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyew aduhuam no de yɛɛ mpata maa wɔn.
و او در میان مردگان و زندگان ایستاد ووبا بازداشته شد. ۴۸ 48
Na ogyinaa ateasefo ne awufo ntam, na ɔyaredɔm no gyaee.
و عدد کسانی که از وبا مردندچهارده هزار و هفتصد بود، سوای آنانی که درحادثه قورح هلاک شدند. ۴۹ 49
Nanso na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dedaw abɛka wɔn a wɔne Kora wuwui da a edi anim no ho.
پس هارون نزدموسی به در خیمه اجتماع برگشت و وبا رفع شد. ۵۰ 50
Ɔyaredɔm no gyaee no, Aaron san kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.

< اعداد 16 >