< نحمیا 11 >

و سروران قوم در اورشلیم ساکن شدند وسایر قوم قرعه انداختند تا از هر ده نفریکنفر را به شهر مقدس اورشلیم، برای سکونت بیاورند و نه نفر باقی، در شهرهای دیگر ساکن شوند. ۱ 1
Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara.
و قوم، همه کسانی را که به خوشی دل برای سکونت در اورشلیم حاضر شدند، مبارک خواندند. ۲ 2
Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no.
و اینانند سروران بلدانی که دراورشلیم ساکن شدند، (و سایر اسرائیلیان وکاهنان و لاویان و نتینیم و پسران بندگان سلیمان، هر کس در ملک شهر خود، در شهرهای یهوداساکن شدند). ۳ 3
Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,
پس در اورشلیم، بعضی از بنی یهودا وبنی بنیامین سکنی گرفتند. و اما از بنی یهودا، عنایاابن عزیا ابن زکریا ابن امریا ابن شفطیا ابن مهللئیل از بنی فارص. ۴ 4
nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuw mu nnipa no ni: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;
و معسیا ابن باروک بن کلحوزه ابن حزیا ابن عدایا ابن یویاریب بن زکریا ابن شیلونی. ۵ 5
Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.
جمیع بنی فارص که در اورشلیم ساکن شدند، چهار صد و شصت و هشت مرد شجاع بودند. ۶ 6
Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.
واینانند پسران بنیامین: سلو ابن مشلام بن یوعید بن فدایا ابن قولایا ابن معسیا ابن ایتئیل بن اشعیا. ۷ 7
Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni: Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;
وبعد از او جبای و سلای، نه صد و بیست و هشت نفر. ۸ 8
na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe ba.
و یوئیل بن زکری، رئیس ایشان بود و یهوداابن هسنوآه، رئیس دوم شهر بود. ۹ 9
Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no.
و از کاهنان، یدعیا ابن یویاریب و یاکین. ۱۰ 10
Asɔfo no mu nnipa ni: Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;
و سرایا ابن حلقیاابن مشلام بن صادوق بن مرایوت بن اخیطوب رئیس خانه خدا. ۱۱ 11
ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima,
و برادران ایشان که درکارهای خانه مشغول می‌بودند هشتصد و بیست و دو نفر. و عدایا ابن یروحام بن فللیا ابن امصی ابن زکریا ابن فشحور بن ملکیا. ۱۲ 12
ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima
و برادران او که روسای آبا بودند، دویست و چهل و دو نفر. وعمشیسای بن عزرئیل بن اخزای بن مشلیموت بن امیر. ۱۳ 13
ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima
و برادرانش که مردان جنگی بودند، صد وبیست و هشت نفر. و زبدیئیل بن هجدولیم رئیس ایشان بود. ۱۴ 14
ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe. Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.
و از لاویان شمعیا ابن حشوب بن عزریقام بن حشبیا ابن بونی. ۱۵ 15
Lewifo no nso ni: Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;
و شبتای و یوزابادبر کارهای خارج خانه خدا از روسای لاویان بودند. ۱۶ 16
ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;
و متنیا ابن میکا ابن زبدی بن آساف پیشوای تسبیح که در نماز، حمد بگوید و بقبقیاکه از میان برادرانش رئیس دوم بود و عبدا ابن شموع بن جلال بن یدوتون. ۱۷ 17
Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano; Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.
جمیع لاویان درشهر مقدس دویست و هشتاد و چهار نفر بودند. ۱۸ 18
Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan.
و دربانان عقوب و طلمون و برادران ایشان که درها را نگاهبانی می‌کردند، صد و هفتاد و دو نفر. ۱۹ 19
Aponanohwɛfo no ni: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a na wɔwɛn wɔ apon no ano.
و سایر اسرائیلیان و کاهنان و لاویان هر کدام در ملک خویش در جمیع شهرهای یهودا (ساکن شدند). ۲۰ 20
Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ.
و نتینیم در عوفل سکنی گرفتند وصیحا و جشفا روسای نتینیم ۲۱ 21
Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so.
و رئیس لاویان در اورشلیم بر کارهای خانه خدا عزی ابن بانی ابن حشبیا ابن متنیا ابن میکا از پسران آساف که مغنیان بودند، می‌بود. ۲۲ 22
Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.
زیرا که درباره ایشان حکمی ازپادشاه بود و فریضه‌ای به جهت مغنیان برای امرهر روز در روزش. ۲۳ 23
Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.
و فتحیا ابن مشیزبئیل ازبنی زارح بن یهودا از جانب پادشاه برای جمیع امور قوم بود. ۲۴ 24
Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu.
و بعضی از بنی یهودا در قصبه هاو نواحی آنها ساکن شدند. در قریه اربع و دهات آن و دیبون و دهات آن و یقبصیئیل و دهات آن. ۲۵ 25
Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa.
و در یشوع و مولاده و بیت فالط. ۲۶ 26
Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet,
و در حصرشوعال و بئرشبع و دهات آن. ۲۷ 27
Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa,
و در صقلغ ومکونه و دهات آن. ۲۸ 28
Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa.
و در عین رمون و صرعه ویرموت. ۲۹ 29
Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut,
و زانوح و عدلام و دهات آنها ولاکیش و نواحی آن و عزیقه و دهات آن. پس ازبئرشبع تا وادی هنوم ساکن شدند. ۳۰ 30
Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu.
وبنی بنیامین از جبع تا مکماش ساکن شدند. در عیاو بیت یل و دهات آن. ۳۱ 31
Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa.
و عناتوت و نوب وعننیه، ۳۲ 32
Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania,
و حاصور و رامه و جتایم، ۳۳ 33
Hasor, Rama, Gitaim,
و حادیدو صبوعیم و نبلاط، ۳۴ 34
Hadid, Seboim, Nebalat,
و لود و اونو و وادی حراشیم. ۳۵ 35
Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso.
و بعضی فرقه های لاویان در یهودا وبنیامین ساکن شدند. ۳۶ 36
Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae.

< نحمیا 11 >