< میکا 5 >

ای دختر افواج، الان در فوجها جمع خواهی شد! ایشان به ضد ما سنگرهابسته‌اند. با عصا بر رخسار داور اسرائیل خواهندزد. ۱ 1
Mommoaboa mo asraafo ano, akofo kuropɔn, efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia. Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.
و تو‌ای بیت لحم افراته اگر‌چه در هزاره های یهودا کوچک هستی، از تو برای من کسی بیرون خواهد آمد که بر قوم من اسرائیل حکمرانی خواهد نمود و طلوع های او از قدیم و از ایام ازل بوده است. ۲ 2
“Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de, nanso wo mu na obi befi ama me a obedi Israel so, na nʼase fi teteete.”
بنابراین ایشان را تا زمانی که زن حامله بزاید تسلیم خواهد نمود و بقیه برادرانش با بنی‌اسرائیل بازخواهند گشت. ۳ 3
Enti wobɛto Israelfo paahwii, kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkae bɛsan akɔka Israelfo ho.
و او خواهدایستاد و در قوت خداوند و در کبریایی اسم یهوه خدای خویش (گله خود را) خواهد چرانید وایشان به آرامی ساکن خواهند شد زیرا که او الان تا اقصای زمین بزرگ خواهد شد. ۴ 4
Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw wɔ Awurade ahoɔden mu, wɔ Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei ne kɛseyɛ bedu asase awiei.
و او سلامتی خواهد بود. هنگامی که آشور به زمین ما داخل شده، برقصرهای ما قدم نهد، آنگاه هفت شبان و هشت سرور آدمیان را به مقابل او برپا خواهیم داشت. ۵ 5
Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe. Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nguanhwɛfo baason, mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.
و ایشان زمین آشور و مدخل های زمین نمرود رابا شمشیر حکمرانی خواهند نمود و او ما را ازآشور رهایی خواهد داد، هنگامی که به زمین ماداخل شده، حدود ما را پایمال کند. ۶ 6
Wɔde afoa bedi Asiria asase so, wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so. Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so, bɔ nsra fa yɛn ahye so a, obegye yɛn afi wɔn nsam.
و بقیه یعقوب در میان قوم های بسیار مثل شبنم از جانب خداوند خواهد بود و مانند بارشی که بر گیاه می‌آید که برای انسان انتظار نمی کشد و به جهت بنی آدم صبر نمی نماید. ۷ 7
Yakob asefo nkae no bɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ obosu a efi Awurade, te sɛ osu a ɛpete gu sare so a ɛntwɛn ɔdesani, na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.
و بقیه یعقوب در میان امت‌ها و در وسط قوم های بسیار، مثل شیر درمیان جانوران جنگل و مانند شیر ژیان در میان گله های گوسفندان خواهند بود که چون عبورمی نماید پایمال می‌کند و می‌درد و رهاننده‌ای نمی باشد. ۸ 8
Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mu a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn.
و دست تو بر خصمانت بلند خواهدشد و جمیع دشمنانت منقطع خواهند گردید. ۹ 9
Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.
و خداوند می‌گوید که در آن روز اسبان تورا از میانت منقطع و ارابه هایت را معدوم خواهم نمود. ۱۰ 10
“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ na mabubu wo nteaseɛnam.
و شهرهای ولایت تو را خراب نموده، همه قلعه هایت را منهدم خواهم ساخت. ۱۱ 11
Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.
وجادوگری را از دست تو تلف خواهم نمود که فالگیران دیگر در تو یافت نشوند. ۱۲ 12
Mɛsɛe wʼabayisɛm na wo ntafowayi to betwa.
و بتهای تراشیده و تمثالهای تو را از میانت نابود خواهم ساخت که بار دیگر به صنعت دست خود سجده ننمایی. ۱۳ 13
Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ ne abo ahoni a wowɔ no, na worenkotow nsɔre wo nsa ano adwuma bio.
و اشیره هایت را از میانت کنده، شهرهایت را منهدم خواهم ساخت. ۱۴ 14
Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu na masɛe wo nkuropɔn.
و با خشم و غضب از امت هایی که نمی شنوند انتقام خواهم کشید. ۱۵ 15
Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa, mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”

< میکا 5 >