< لاویان 27 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«بنی‌اسرائیل را خطاب کرده، به ایشان بگو: چون کسی نذر مخصوصی نماید، نفوس برحسب برآورد تو، از آن خداوند باشند. ۲ 2
“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ otua sika mmom a,
و اگر برآورد تو بجهت ذکور، از بیست ساله تاشصت ساله باشد، برآورد تو پنجاه مثقال نقره برحسب مثقال قدس خواهد بود. ۳ 3
obetua dwetɛ gram ahannum ne aduoson ama ɔbarima a wadi mfe aduonu kosi mfe aduosia,
و اگر اناث باشد برآورد تو سی مثقال خواهد بود. ۴ 4
sɛ ɔyɛ ɔbea a wadi mfe aduonu kosi aduosia a, wobetua dwetɛ gram ahaasa ne aduanan,
و اگر ازپنج ساله تا بیست ساله باشد، برآورد تو بجهت ذکور، بیست مثقال و بجهت اناث ده مثقال خواهدبود. ۵ 5
abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa. Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum.
و اگر از یک ماهه تا پنج ساله باشد، برآوردتو بجهت ذکور پنج مثقال نقره، و بجهت اناث، برآورد تو سه مثقال نقره خواهد بود. ۶ 6
Abarimaa a wadi ɔsram kosi mfe anum no wobetua dwetɛ gram 60; na ɔbabea nso wɔatua dwetɛ gram 35.
و اگر ازشصت ساله و بالاتر باشد، اگر ذکور باشد، آنگاه برآورد تو پانزده مثقال، و برای اناث ده مثقال خواهد بود. ۷ 7
Ɔbarima a wadi boro mfe aduosia no wobetua dwetɛ gram ɔha aduoson; na ɔbea nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum.
و اگر از برآورد تو فقیرتر باشد، پس او را به حضور کاهن حاضر کنند، و کاهن برایش برآورد کند و کاهن به مقدار قوه آن که نذر کرده، برای وی برآورد نماید. ۸ 8
Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfo anim, na ɔsɔfo no akyerɛ no sika a obetumi atua.
و اگر بهیمه‌ای باشد ازآنهایی که برای خداوند قربانی می‌گذرانند، هرآنچه را که کسی از آنها به خداوند بدهد، مقدس خواهد بود. ۹ 9
“‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔde a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron.
آن را مبادله ننماید و خوب را به بد یا بد را به خوب عوض نکند. و اگر بهیمه‌ای رابه بهیمه‌ای مبادله کند، هم آن و آنچه به عوض آن داده شود، هر دو مقدس خواهد بود. ۱۰ 10
Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde nea eye sesa nea enye anaa sɛ ɔde nea enye sesa nea eye. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesae yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa abien no nyinaa ho tew.
و اگر هرقسم بهیمه نجس باشد که از آن قربانی برای خداوند نمی گذرانند، آن بهیمه را پیش کاهن حاضر کند. ۱۱ 11
Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho ntew na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔde ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfo,
و کاهن آن را چه خوب و چه بد، قیمت کند و برحسب برآورد تو‌ای کاهن، چنین باشد. ۱۲ 12
na wahwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ onni mu, na wakyerɛ sika dodow a ɛsɛ sɛ otua de si aboa no anan.
و اگر آن را فدیه دهد، پنج یک بر برآوردتو زیاده دهد. ۱۳ 13
Sɛ aboa no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsan gye nʼade a, obetua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka bo a ɔsɔfo no betwa ama no sɛ ontua no ho.
و اگر کسی خانه خود را وقف نماید تا برای خداوند مقدس شود، کاهن آن راچه خوب و چه بد برآورد کند، و بطوری که کاهن آن را برآورد کرده باشد، همچنان بماند. ۱۴ 14
“‘Sɛ obi de ne fi ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan gye a, ɔsɔfo no bɛsese ahu sɛ eye anaasɛ enye. Bo biara a ɔsɔfo no bɛkyerɛ no na ɛsɛ sɛ wotua.
و اگروقف کننده بخواهد خانه خود را فدیه دهد، پس پنج یک بر نقد برآورد تو زیاده کند و از آن اوخواهد بود. ۱۵ 15
Sɛ nea ɔde ofi no mae no pɛ sɛ ɔsan gye a ɛsɛ sɛ otua ne bo no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho na ama ofi no asan abɛyɛ ne de.
و اگر کسی قطعه‌ای از زمین ملک خود را برای خداوند وقف نماید، آنگاه برآوردتو موافق زراعت آن باشد، زراعت یک حومر جو به پنجاه مثقال نقره باشد. ۱۶ 16
“‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔre ma Awurade a, wobegyina aba kɛntɛnma dodow a ebehia sɛ wobedua wɔ so no so atwa asase no bo; aba kɛntɛnma biara bo yɛ dwetɛ gram ahannum ne aduoson.
و اگر زمین خود را ازسال یوبیل وقف نماید، موافق برآورد تو برقرارباشد. ۱۷ 17
Mfirihyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuw kyɛ a, ne bo no rensesa.
و اگر زمین خود را بعد از یوبیل وقف نماید، آنگاه کاهن نقد آن را موافق سالهایی که تاسال یوبیل باقی می‌باشد برای وی بشمارد، و ازبرآورد تو تخفیف شود. ۱۸ 18
Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfo no begyina mfe a aka ansa na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a edi so no so asese ne bo no, na wobetumi atew so.
و اگر آنکه زمین راوقف کرد بخواهد آن را فدیه دهد، پس پنج یک از نقد برآورد تو را بر آن بیفزاید و برای وی برقرارشود. ۱۹ 19
Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ogye nʼasase a, ɔsɔfo no bo a ɔbɛbɔ no, obetua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio.
و اگر نخواهد زمین را فدیه دهد، یا اگرزمین را به دیگری فروخته باشد، بعد از آن فدیه داده نخواهد شد. ۲۰ 20
Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ogye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforo a, ɛno de, wɔrentumi nnye bio.
و آن زمین چون در یوبیل رها شود مثل زمین وقف برای خداوند، مقدس خواهد بود؛ ملکیت آن برای کاهن است. ۲۱ 21
Sɛ wɔdan asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde bɛto hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfo no agyapade.
و اگرزمینی را که خریده باشد که از زمین ملک او نبود، برای خداوند وقف نماید، ۲۲ 22
“‘Sɛ obi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a,
آنگاه کاهن مبلغ برآورد تو را تا سال یوبیل برای وی بشمارد، و درآن روز برآورد تو را مثل وقف خداوند به وی بدهد. ۲۳ 23
ɔsɔfo no begyina mfe a aka ama wɔadi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne bo. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ka no da no ara, na ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma Awurade.
و آن زمین در سال یوبیل به کسی‌که از اوخریده شده بود خواهد برگشت، یعنی به کسی‌که آن زمین ملک موروثی وی بود. ۲۴ 24
Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, asase no bɛsan akɔ nea ɔtɔnee no anaasɛ nea na ɔyɛ asase no wura no nkyɛn.
و هر برآورد توموافق مثقال قدس باشد که بیست جیره یک مثقال است. ۲۵ 25
Wɔbɛsese ho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbona a wogye wɔ hyiadan mu no ho, a ɛyɛ gram dubaako.
«لیکن نخست زاده‌ای از بهایم که برای خداوند نخست زاده شده باشد، هیچکس آن راوقف ننماید، خواه گاو خواه گوسفند، از آن خداوند است. ۲۶ 26
“‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, efisɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan no, yɛ Awurade de dedaw.
و اگر از بهایم نجس باشد، آنگاه آن را برحسب برآورد تو فدیه دهد، و پنج یک برآن بیفزاید، و اگر فدیه داده نشود پس موافق برآورد تو فروخته شود. ۲۷ 27
Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho ntew no bi a, onipa no betumi atua ne bo no, na ɔde ɛbo no ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio de a, wɔbɛtɔn aboa no sɛnea ne bo te.
اما هر چیزی که کسی برای خداوند وقف نماید، از کل مایملک خود، چه از انسان چه از بهایم چه از زمین ملک خود، نه فروخته شود و نه فدیه داده شود، زیرا هر‌چه وقف باشد برای خداوند قدس اقداس است. ۲۸ 28
“‘Ade biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsan gye, efisɛ biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade.
هر وقفی که از انسان وقف شده باشد، فدیه داده نشود. البته کشته شود. ۲۹ 29
“‘Onipa biara a Awurade ayi no ama ɔsɛe no, wɔmmfa biribi ntua ne ti ka. Ɛsɛ sɛ wokum no.
و تمامی ده‌یک زمین چه از تخم زمین چه از میوه درخت از آن خداوند است، و برای خداوند مقدس می‌باشد. ۳۰ 30
“‘Asase no so nnɔbae nkyɛmu du mu baako, sɛ ɛyɛ aburow anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron.
و اگر کسی از ده‌یک خود چیزی فدیه دهدپنج یک آن را بر آن بیفزاید. ۳۱ 31
Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan tɔ saa aduaba anaa aburow no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne bo nkyɛmu anum mu baako ka ho.
و تمامی ده‌یک گاو و گوسفند یعنی هر‌چه زیر عصا بگذرد، دهم آن برای خداوند مقدس خواهد بود. ۳۲ 32
Anantwi ne nguan no ntotoso du du nyinaa, aboa biara a ɔto so du a ɔfa oguanhwɛfo nsam no yɛ kronkron ma Awurade.
در خوبی و بدی آن تفحص ننماید و آن را مبادله نکند، واگر آن را مبادله کند هم آن و هم بدل آن مقدس خواهد بود و فدیه داده نشود.» ۳۳ 33
Aboa a ɔto so du a wɔde bɛma Awurade no, wɔnnhwɛ sɛ oye anaa onye, na wɔmmfa biribiara nsi nʼanan mu, efisɛ sɛ wɔde biribiara si anan mu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’”
این است اوامری که خداوند به موسی برای بنی‌اسرائیل درکوه سینا امر فرمود. ۳۴ 34
Eyinom ne ahyɛde a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no.

< لاویان 27 >