< لاویان 22 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«هارون و پسرانش را بگو که ازموقوفات بنی‌اسرائیل که برای من وقف می‌کننداحتراز نمایند، و نام قدوس مرا بی‌حرمت نسازند. من یهوه هستم. ۲ 2
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima se wɔmfa nidi mma afɔrebɔde kronkron a Israelfo atew ho ama me no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me din ho fi. Mene Awurade.
به ایشان بگو: هر کس از همه ذریت شما در نسلهای شما که به موقوفاتی که بنی‌اسرائیل برای خداوند وقف نمایند نزدیک بیاید، و نجاست او بر وی باشد، آن کس از حضورمن منقطع خواهد شد. من یهوه هستم. ۳ 3
“Efi nnɛ rekɔ, sɛ ɔsɔfo biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛde biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma Awurade a, wɔbɛworɔw nʼatade. Mene Awurade.
هر کس از ذریت هارون که مبروص یا صاحب جریان باشد تا طاهر نشود، از چیزهای مقدس نخورد، وکسی‌که هر چیزی را که از میت نجس شود لمس نماید، و کسی‌که منی از وی درآید، ۴ 4
“Ɔsɔfo biara a ɔwɔ ɔhonam ani nsanyare biara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi, gye sɛ wɔasa no yare ama ne ho afi ansa. Ɔsɔfo biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosian nti ne ho begu fi no,
و کسی‌که هر حشرات را که از آن نجس می‌شوند لمس نماید، یا آدمی را که از او نجس می‌شوند از هرنجاستی که دارد. ۵ 5
anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwade bi anaa obi a biribi nti, wɔagu ne ho fi no,
پس کسی‌که یکی از اینها رالمس نماید تا شام نجس باشد، و تا بدن خود را به آب غسل ندهد از چیزهای مقدس نخورد. ۶ 6
saa ɔsɔfo no ho begu fi akosi anwummere. Ɔrenni afɔrebɔde a wɔatew ho no bi kosi anwummere a obeguare.
وچون آفتاب غروب کند، آنگاه طاهر خواهد بود، و بعد از آن از چیزهای مقدس بخورد چونکه خوراک وی است. ۷ 7
Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew na ɛno akyi no obetumi adi afɔrebɔde kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ nʼaduan.
میته یا دریده شده را نخوردتا از آن نجس شود. من یهوه هستم. ۸ 8
Ɛnsɛ sɛ odi aboa funu anaa nea akekaboa bi atetew ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.
پس وصیت مرا نگاه دارند مبادا به‌سبب آن متحمل گناه شوند. و اگر آن را بی‌حرمت نمایند بمیرند. من یهوه هستم که ایشان را تقدیس می‌نمایم. ۹ 9
“Bɔ asɔfo no kɔkɔ na wonni saa mmara yi so yiye, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so nti. Mene Awurade a matew wɔn ho.
هیچ غریبی چیز مقدس نخورد، و مهمان کاهن ومزدور او چیز مقدس نخورد. ۱۰ 10
“Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi.
اما اگر کاهن کسی را بخرد، زرخرید او می‌باشد. او آن رابخورد و خانه زاد او نیز. هر دو خوراک او رابخورند. ۱۱ 11
Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfo no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wodi bi.
و دختر کاهن اگر منکوحه مرد غریب باشد، از هدایای مقدس نخورد. ۱۲ 12
Sɛ ɔsɔfo babea kɔware fi abusuakuw no akyi baabi a, onni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi.
و دختر کاهن که بیوه یا مطلقه بشود و اولاد نداشته، به خانه پدرخود مثل طفولیتش برگردد، خوراک پدر خود رابخورد، لیکن هیچ غریب از آن نخورد. ۱۳ 13
Na sɛ ɔyɛ okunafo anaa obi a wɔagyaa no aware na onni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno nti ɔsan ba nʼagya nkyɛn a, otumi di nʼagya aduan no bi bio. Eyinom akyi no, asɔfo no abusuafo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi afɔrebɔde kronkron no.
و اگرکسی سهو چیز مقدس را بخورد، پنج یک بر آن اضافه کرده، آن چیز مقدس را به کاهن بدهد. ۱۴ 14
“Sɛ obi anhu na okodi saa afɔrebɔde kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ otua ho ka na ɔsan bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho.
وچیزهای مقدس بنی‌اسرائیل را که برای خداوندمی گذرانند، بی‌حرمت نسازند. ۱۵ 15
Afɔrebɔde kronkron a Israelfo de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wonni bi no di bi, efisɛ Awurade na ɔde saa afɔrebɔde yi nyinaa abrɛ no.
و به خوردن چیزهای مقدس ایشان، ایشان را متحمل جرم گناه نسازند، زیرا من یهوه هستم که ایشان راتقدیس می‌نمایم.» ۱۶ 16
Na obiara a obebu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, efisɛ wadi afɔrebɔde kronkron. Na mene Awurade a metew afɔrebɔde nyinaa ho.”
و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱۷ 17
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«هارون و پسرانش و جمیع بنی‌اسرائیل راخطاب کرده، به ایشان بگو: هر کس از خاندان اسرائیل و از غریبانی که در اسرائیل باشند که قربانی خود را بگذراند، خواه یکی از نذرهای ایشان، خواه یکی از نوافل ایشان، که آن را برای قربانی سوختنی نزد خداوند می‌گذرانند، ۱۸ 18
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa se, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛyɛ bɔhyɛ bi nti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no,
تاشما مقبول شوید. آن را نر بی‌عیب از گاو یا ازگوسفند یا از بز بگذرانید. ۱۹ 19
sɛ afɔrebɔde no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwi ba anaa oguan anaa abirekyi no, Awurade begye.
هر‌چه را که عیب دارد مگذرانید، برای شما مقبول نخواهد شد. ۲۰ 20
Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛho tɔ kyima bɔ afɔre, efisɛ wɔrennye wɔ wo din mu.
و اگر کسی ذبیحه سلامتی برای خداوندبگذراند، خواه برای وفای نذر، خواه برای نافله، چه از رمه چه از گله، آن بی‌عیب باشد تا مقبول بشود، البته هیچ عیب در آن نباشد. ۲۱ 21
Obiara a ofi nʼanantwi anaa ne nguan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoe afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔre no na ama wɔagye.
کور یاشکسته یا مجروح یا آبله دار یا صاحب جرب یاگری، اینها را برای خداوند مگذرانید، و از اینهاهدیه آتشین برای خداوند بر مذبح مگذارید. ۲۲ 22
Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa kuru anaa nwewee wɔ ne ho, anaa were ani yare ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔremuka so bɛbɔ afɔre ama Awurade.
اما گاو و گوسفند که زاید یا ناقص اعضا باشد، آن را برای نوافل بگذران، لیکن برای نذر قبول نخواهد شد. ۲۳ 23
Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwi ba anaa oguan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔre na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔre.
و آنچه را که بیضه آن کوفته یافشرده یا شکسته یا بریده باشد، برای خداوندنزدیک میاورید، و در زمین خود قربانی مگذرانید. ۲۴ 24
Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔre. Monnyɛ eyi wɔ mo ankasa asase so,
و از دست غریب نیز طعام خدای خود را از هیچ‌یک از اینها مگذرانید، زیرا فسادآنها در آنهاست چونکه عیب دارند، برای شمامقبول نخواهند شد.» ۲۵ 25
na munnye saa mmoa no mmfi ahɔho a wɔfra mo mu hɔ mmfa mmɔ aduan afɔre mma mo Nyankopɔn. Wɔrennye, efisɛ wɔtɔ kyima na wɔadi dɛm.’”
و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۲۶ 26
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«چون گاو یا گوسفند یا بز زاییده شود، هفت روز نزد مادر خود بماند و در روز هشتم و بعد برای قربانی هدیه آتشین نزد خداوند مقبول خواهد شد. ۲۷ 27
“Sɛ wɔwo nantwi, oguan anaa abirekyi ba a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne na nkyɛn nnanson. Na efi nnaawɔtwe rekɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔre a, Awurade begye.
اما گاو یا گوسفند آن را با بچه‌اش در یک روز ذبح منمایید. ۲۸ 28
Munnkum aboa bi ne ne ba da koro, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan.
و چون ذبیحه تشکربرای خداوند ذبح نمایید، آن را ذبح کنید تا مقبول شوید. ۲۹ 29
“Sɛ morebɔ aseda afɔre ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɔkwan pa so na wɔagye wɔ mo din mu.
در همان روز خورده شود و چیزی ازآن را تا صبح نگاه ندارید. من یهوه هستم. ۳۰ 30
Ɛsɛ sɛ, mowe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no nam da no ara a wokum no no. Mommma ade nkye bi so. Mene Awurade.
پس اوامر مرا نگاه داشته، آنها را بجا آورید. من یهوه هستم. ۳۱ 31
“Munni me mmaransɛm nyinaa so na mene Awurade.
و نام قدوس مرا بی‌حرمت مسازید ودر میان بنی‌اسرائیل تقدیس خواهم شد. من یهوه هستم که شما را تقدیس می‌نمایم. ۳۲ 32
Ɛnsɛ sɛ mugu me din kronkron no ho fi. Munni me ni na mene Awurade, a meyɛ mo kronkron
و شما را اززمین مصر بیرون آوردم تا خدای شما باشم. من یهوه هستم.» ۳۳ 33
na me na mede mo fii Misraim bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade.”

< لاویان 22 >