< لاویان 18 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,
«بنی‌اسرائیل را خطاب کرده، به ایشان بگو: من یهوه خدای شما هستم. ۲ 2
‘Mene Awurade mo Nyankopɔn,
مثل اعمال زمین مصر که در آن ساکن می‌بودید عمل منمایید، و مثل اعمال زمین کنعان که من شما را به آنجا داخل خواهم کرد عمل منمایید، و برحسب فرایض ایشان رفتار مکنید. ۳ 3
enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn.
احکام مرا بجاآورید و فرایض مرا نگاه دارید تا در آنها رفتارنمایید، من یهوه خدای شما هستم. ۴ 4
Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene Awurade mo Nyankopɔn.
پس فرایض و احکام مرا نگاه دارید، که هر آدمی که آنها را بجاآورد در آنها زیست خواهد کرد، من یهوه هستم. ۵ 5
Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene Awurade.
هیچ‌کس به احدی از اقربای خویش نزدیکی ننماید تا کشف عورت او بکند. من یهوه هستم. ۶ 6
“‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.
عورت پدر خود یعنی مادر خود را کشف منما؛ او مادر توست. کشف عورت او مکن. ۷ 7
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na.
عورت زن پدر خود را کشف مکن. آن عورت پدر تو است. ۸ 8
“‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa.
عورت خواهر خود، خواه دختر پدرت، خواه دختر مادرت چه مولود در خانه، چه مولودبیرون، عورت ایشان را کشف منما. ۹ 9
“‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.
عورت دختر پسرت و دختر دخترت، عورت ایشان را کشف مکن، زیرا که اینها عورت تو است. ۱۰ 10
“‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa.
عورت دختر زن پدرت که از پدر تو زاییده شده باشد، او خواهر تو است کشف عورت او رامکن. ۱۱ 11
“‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea.
عورت خواهر پدر خود را کشف مکن، او از اقربای پدر تو است. ۱۲ 12
“‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ.
عورت خواهرمادر خود را کشف مکن، او از اقربای مادر تواست. ۱۳ 13
“‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ.
عورت برادر پدر خود را کشف مکن، وبه زن او نزدیکی منما. او (به منزله ) عمه تو است. ۱۴ 14
“‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no.
عورت عروس خود را کشف مکن، او زن پسرتو است. عورت او را کشف مکن. ۱۵ 15
“‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase.
عورت زن برادر خود را کشف مکن. آن عورت برادر تواست. ۱۶ 16
“‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea.
عورت زنی را با دخترش کشف مکن. ودختر پسر او یا دختر دختر او را مگیر، تا عورت او را کشف کنی. اینان از اقربای او می‌باشند و این فجور است. ۱۷ 17
“‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.
و زنی را با خواهرش مگیر، تاهیوی او بشود، و تا عورت او را با وی مادامی که او زنده است، کشف نمایی. ۱۸ 18
“‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase.
و به زنی درنجاست حیضش نزدیکی منما، تا عورت او راکشف کنی. ۱۹ 19
“‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu.
و با زن همسایه خود همبسترمشو، تا خود را با وی نجس سازی. ۲۰ 20
“‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.
و کسی ازذریت خود را برای مولک از آتش مگذران و نام خدای خود را بی‌حرمت مساز. من یهوه هستم. ۲۱ 21
“‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
و با ذکور مثل زن جماع مکن، زیرا که این فجور است. ۲۲ 22
“‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.
و با هیچ بهیمه‌ای جماع مکن، تاخود را به آن نجس سازی، و زنی پیش بهیمه‌ای نایستد تا با آن جماع کند، زیرا که این فجوراست. ۲۳ 23
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse.
«به هیچ کدام از اینها خویشتن را نجس مسازید، زیرا به همه اینها امتهایی که من پیش روی شما بیرون می‌کنم، نجس شده‌اند. ۲۴ 24
“‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so.
وزمین نجس شده است، و انتقام گناهش را از آن خواهم کشید، و زمین ساکنان خود را قی خواهدنمود. ۲۵ 25
Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so.
پس شما فرایض و احکام مرا نگاه دارید، و هیچ کدام از این فجور را به عمل نیاورید، نه متوطن و نه غریبی که در میان شما ماواگزیند. ۲۶ 26
Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi.
زیرا مردمان آن زمین که قبل از شمابودند، جمیع این فجور را کردند، و زمین نجس شده است. ۲۷ 27
Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi.
مبادا زمین شما را نیز قی کند، اگرآن را نجس سازید، چنانکه امتهایی را که قبل ازشما بودند، قی کرده است. ۲۸ 28
Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no.
زیرا هر کسی‌که یکی از این فجور را بکند، همه کسانی که کرده باشند، از میان قوم خود منقطع خواهند شد. ۲۹ 29
“‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu.
پس وصیت مرا نگاه دارید، و از این رسوم زشت که قبل از شما به عمل آورده شده است عمل منمایید، و خود را به آنها نجس مسازید. من یهوه خدای شما هستم.» ۳۰ 30
Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’”

< لاویان 18 >