< لاویان 12 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,
«بنی‌اسرائیل را خطاب کرده، بگو: چون زنی آبستن شده، پسر نرینه‌ای بزاید، آنگاه هفت روز نجس باشد، موافق ایام طمث حیضش نجس باشد. ۲ 2
‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara.
و در روز هشتم گوشت غلفه اومختون شود. ۳ 3
Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia.
و سی و سه روز در خون تطهیرخود بماند، و هیچ‌چیز مقدس را لمس ننماید، وبه مکان مقدس داخل نشود، تا ایام طهرش تمام شود. ۴ 4
Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.
و اگر دختری بزاید، دو هفته برحسب مدت طمث خود نجس باشد، و شصت و شش روز در خون تطهیر خود بماند. ۵ 5
Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa.
و چون ایام طهرش برای پسر یا دختر تمام شود، بره‌ای یک ساله برای قربانی سوختنی و جوجه کبوتر یافاخته‌ای برای قربانی گناه به در خیمه اجتماع نزدکاهن بیاورد. ۶ 6
“‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no.
و او آن را به حضور خداوندخواهد گذرانید، و برایش کفاره خواهد کرد، تا ازچشمه خون خود طاهر شود. این است قانون آن که بزاید، خواه پسر خواه دختر. ۷ 7
Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho. “‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde.
و اگر دست اوبه قیمت بره نرسد، آنگاه دو فاخته یا دو جوجه کبوتر بگیرد، یکی برای قربانی سوختنی ودیگری برای قربانی گناه. و کاهن برای وی کفاره خواهد کرد، و طاهر خواهد شد.» ۸ 8
Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’”

< لاویان 12 >