< یوشع 7 >

و بنی‌اسرائیل در آنچه حرام شده بود خیانت ورزیدند، زیرا عخان ابن کرمی ابن زبدی ابن زارح از سبط یهودا، از آنچه حرام شده بود گرفت، و غضب خداوند بر بنی‌اسرائیل افروخته شد. ۱ 1
Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima.
و یوشع از اریحا تا عای که نزد بیت آون به طرف شرقی بیت ئیل واقع است، مردان فرستاد وایشان را خطاب کرده، گفت: «بروید و زمین راجاسوسی کنید.» پس آن مردان رفته، عای راجاسوسی کردند. ۲ 2
Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no.
و نزد یوشع برگشته، او راگفتند: «تمامی قوم برنیایند؛ به قدر دو یا سه هزارنفر برآیند و عای را بزنند و تمامی قوم را به آنجازحمت ندهی زیرا که ایشان کم‌اند.» ۳ 3
Wɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua se, “Kurow no sua nti, ɛrenhia nnipa mpennu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.”
پس قریب به سه هزار نفر از قوم به آنجا رفتند و از حضورمردان عای فرار کردند. ۴ 4
Enti wɔde akofo bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ, nanso wodii Israelfo no so pasaa. Ai mmarima
و مردان عای از آنها به قدر سی و شش نفر کشتند و از پیش دروازه تاشباریم ایشان را تعاقب نموده، ایشان را در نشیب زدند، و دل قوم گداخته شده، مثل آب گردید. ۵ 5
taa Israelfo no fi kuropɔn no pon ano kosii Sebarim, na wokunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia a na wɔreguan afi akono wɔ asiansian bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfo no ma wɔbotowee.
و یوشع و مشایخ اسرائیل جامه خود راچاک زده، پیش تابوت خداوند تا شام رو به زمین افتادند، و خاک به‌سرهای خود پاشیدند. ۶ 6
Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kosii anwummere.
و یوشع گفت: «آه‌ای خداوند یهوه برای چه این قوم را از اردن عبور دادی تا ما را به‌دست اموریان تسلیم کرده، ما را هلاک کنی، کاش راضی شده بودیم که به آن طرف اردن بمانیم. ۷ 7
Afei, Yosua su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wunim sɛ Amorifo no bekunkum yɛn? Sɛ yenim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara.
آه‌ای خداوندچه بگویم بعد از آنکه اسرائیل از حضور دشمنان خود پشت داده‌اند. ۸ 8
Awurade, mprempren a Israelfo aguan afi wɔn atamfo anim yi, asɛm bɛn na menka?
زیرا چون کنعانیان و تمامی ساکنان زمین این را بشنوند دور ما را خواهندگرفت و نام ما را از این زمین منقطع خواهند کرد، و تو به اسم بزرگ خود چه خواهی کرد؟» ۹ 9
Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?”
خداوند به یوشع گفت: «برخیز چرا تو به این طور به روی خود افتاده‌ای. ۱۰ 10
Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Sɔre! Adɛn nti na wode wʼanim abutuw hɔ saa?
اسرائیل گناه کرده، و از عهدی نیز که به ایشان امر فرمودم تجاوز نموده‌اند و از چیز حرام هم گرفته، دزدیده‌اند، بلکه انکار کرده، آن را در اسباب خودگذاشته‌اند. ۱۱ 11
Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu.
از این سبب بنی‌اسرائیل نمی توانندبه حضور دشمنان خود بایستند و از حضوردشمنان خود پشت داده‌اند، زیرا که ملعون شده‌اند، و اگر چیز حرام را از میان خود تباه نسازید، من دیگر با شما نخواهم بود. ۱۲ 12
Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.
برخیزقوم را تقدیس نما و بگو برای فردا خویشتن راتقدیس نمایید، زیرا یهوه خدای اسرائیل چنین می‌گوید: ای اسرائیل چیزی حرام در میان توست و تا این چیز حرام را از میان خود دور نکنی، پیش روی دشمنان خود نمی توانی‌ایستاد. ۱۳ 13
“Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara nkodwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma Awurade no ahintaw mo mu. Morentumi nni mo atamfo so da kosi sɛ muyi saa nneɛma no fi mo mu.
پس بامدادان، شما موافق اسباط خود نزدیک بیایید، وچنین شود که سبطی را که خداوند انتخاب کند به قبیله های خود نزدیک آیند، و قبیله‌ای را که خداوند انتخاب کند به خاندانهای خود نزدیک بیایند، و خاندانی را که خداوند انتخاب کند به مردان خود نزدیک آیند. ۱۴ 14
“‘Adekyee mu no, abusuakuw biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuw a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuw no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ ofi a ne ho wɔ asɛm no. Awiei no, ofi a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako.
و هر‌که آن چیز حرام نزد او یافت شود با هر‌چه دارد به آتش سوخته شود، زیرا که از عهد خداوند تجاوز نموده، قباحتی در میان اسرائیل به عمل آورده است.» ۱۵ 15
Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’”
پس یوشع بامدادان بزودی برخاسته، اسرائیل را به اسباط ایشان نزدیک آورد و سبطیهودا گرفته شد. ۱۶ 16
Ade kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuw no baa Awurade anim, na woyii Yuda abusuakuw no.
و قبیله یهودا را نزدیک آوردو قبیله زارحیان گرفته شد. پس قبیله زارحیان رابه مردان ایشان نزدیک آورد و زبدی گرفته شد. ۱۷ 17
Afei Yuda mmusuaban baa anim, na woyii Serafo. Afei Serafo nyinaa baa Awurade anim, na woyii Simrifo.
و خاندان او را به مردان ایشان نزدیک آورد وعخان بن کرمی ابن زبدی بن زارح از سبط یهوداگرفته شد. ۱۸ 18
Na Simrifo baa mmaako mmaako na woyii Akan, Karmi ba.
و یوشع به عخان گفت: «ای پسر من الان یهوه خدای اسرائیل را جلال بده و نزد اواعتراف نما و مرا خبر بده که چه کردی و از مامخفی مدار.» ۱۹ 19
Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan se, “Me ba, fa anuonyam ma Awurade, Israel Nyankopɔn, na ka nokware. Ka wo bɔne ne nea wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
عخان در جواب یوشع گفت: «فی الواقع به یهوه خدای اسرائیل گناه کرده، وچنین و چنان به عمل آورده‌ام. ۲۰ 20
Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Nyankopɔn.
چون در میان غنیمت ردایی فاخر شنعاری و دویست مثقال نقره و یک شمش طلا که وزنش پنجاه مثقال بوددیدم، آنها را طمع‌ورزیده، گرفتم، و اینک درمیان خیمه من در زمین است و نقره زیر آن می‌باشد.» ۲۱ 21
Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi a wɔkra fii Babilonia, dwetɛ kilogram abien ne fa ne sikakɔkɔɔ pema baako a ano si gram ahannum ne aduoson. Mʼani beree, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na dwetɛ no de, ɛhyɛ fam kyɛn nkae no.”
آنگاه یوشع رسولان فرستاد و به خیمه دویدند، و اینک در خیمه او پنهان بود و نقره زیرآن. ۲۲ 22
Enti Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wotutuu mmirika kɔɔ ntamadan no mu kohuu awifode no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛnea Akan kae no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn.
و آنها را از میان خیمه گرفته، نزد یوشع وجمیع بنی‌اسرائیل آوردند و آنها را به حضورخداوند نهادند. ۲۳ 23
Wɔtasee nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ Awurade anim.
و یوشع و تمامی بنی‌اسرائیل با وی عخان پسر زارح و نقره و ردا و شمش طلا وپسرانش و دخترانش و گاوانش و حمارانش وگوسفندانش و خیمه‌اش و تمامی مایملکش راگرفته، آنها را به وادی عخور بردند. ۲۴ 24
Afei, Yosua ne Israelfo no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atade nguguso no, sikakɔkɔɔ pema no, ne mmabarima, ne mmabea, nʼanantwi, ne mfurum, ne nguan, ne ntamadan ne nʼagyapade nyinaa na wɔde no baa Akora bon mu.
و یوشع گفت: «برای چه ما را مضطرب ساختی؟ خداوندامروز تو را مضطرب خواهد ساخت.» پس تمامی اسرائیل او را سنگسار کردند و آنها را به آتش سوزانیدند و ایشان را به سنگها سنگسار کردند. ۲۵ 25
Yosua bisaa Akan se, “Adɛn nti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.” Na Israelfo nyinaa siw Akan ne nʼabusuafo abo, hyew wɔn amu no.
و توده بزرگ از سنگها بر او برپا داشتند که تا به امروز هست، و خداوند از شدت غضب خودبرگشت، بنابراین اسم آن مکان تا امروز وادی عخور نامیده شده است. ۲۶ 26
Wɔsoaa abo guu Akan funu so hɔree no siw a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Enti na wɔafrɛ saa beae hɔ Ɔhaw Bon no. Afei, Awurade bo dwoe.

< یوشع 7 >