< یوشع 3 >

بامدادان یوشع بزودی برخاسته، او و تمامی بنی‌اسرائیل از شطیم روانه شده، به اردن آمدند، و قبل از عبور کردن در آنجا منزل گرفتند. ۱ 1
Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.
و بعد از سه روز روسای ایشان از میان لشکرگاه گذشتند. ۲ 2
Nnansa akyi no, Israelfo ntuanofo no faa atenae hɔ nyinaa
و قوم را امر کرده، گفتند: «چون تابوت عهد یهوه، خدای خود را ببینید که لاویان کهنه آن را می‌برند، آنگاه شما از جای خود روانه شده، در عقب آن بروید. ۳ 3
maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi.
و در میان شما و آن، به مقدار دوهزار ذراع مسافت باشد، ونزدیک آن میایید تا راهی که باید رفت بدانید، زیراکه از این راه قبل از این عبور نکرده‌اید.» ۴ 4
Esiane sɛ momfaa ha da no nti, wɔbɛkyerɛ mo kwan. Momma ɔkwansin fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”
و یوشع به قوم گفت: «خود را تقدیس نمایید زیرا فرداخداوند در میان شما کارهای عجیب خواهدکرد.» ۵ 5
Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”
و یوشع کاهنان را خطاب کرده، گفت: «تابوت عهد را برداشته، پیش روی قوم بروید.» پس تابوت عهد را برداشته، پیش روی قوم روانه شدند. ۶ 6
Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mompagyaw Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno nti wosii mu.
و خداوند یوشع را گفت: «امروز به بزرگ ساختن تو در نظر تمام اسرائیل شروع می‌کنم تابدانند که چنانکه با موسی بودم با تو نیز خواهم بود. ۷ 7
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse wɔ Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu sɛ, meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no.
پس تو کاهنان را که تابوت عهد رابرمی دارند امر فرموده، بگو: چون شما به کنار آب اردن برسید در اردن بایستید.» ۸ 8
Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’”
و یوشع بنی‌اسرائیل را گفت: «اینجا نزدیک آمده، سخنان یهوه خدای خود را بشنوید.» ۹ 9
Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Mommra mmetie asɛm a Awurade, mo Nyankopɔn aka.
و یوشع گفت: «به این خواهید دانست که خدای زنده در میان شماست، و او کنعانیان و حتیان و حویان و فرزیان و جرجاشیان و اموریان و یبوسیان را از پیش روی شما البته بیرون خواهد کرد. ۱۰ 10
Nnɛ mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo.
اینک تابوت عهد خداوند تمامی زمین، پیش روی شما به اردن عبور می‌کند. ۱۱ 11
Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan.
پس الان دوازده نفر از اسباطاسرائیل، یعنی از هر سبط یک نفر را انتخاب کنید. ۱۲ 12
Afei, munyiyi nnipa dumien a ɔbaako biara fi mmusuakuw dumien no mu.
و واقع خواهد شد چون کف پایهای کاهنانی که تابوت یهوه، خداوند تمامی زمین رابرمی دارند در آبهای اردن قرار گیرد که آبهای اردن، یعنی آبهایی که از بالا می‌آید شکافته شده مثل توده بر روی هم خواهد ایستاد.» ۱۳ 13
Asɔfo no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si asu no mu ara pɛ, nsu no betwa afi atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”
و چون قوم از خیمه های خود روانه شدند تا از اردن عبور کنند و کاهنان تابوت عهد را پیش روی قوم می‌بردند. ۱۴ 14
Bere a nnipa no sɔree sɛ wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.
و بردارندگان تابوت به اردن رسیدند، و پایهای کاهنانی که تابوت رابرداشته بودند، به کنار آب فرو رفت (و اردن، تمام موسم حصاد، بر همه کناره هایش سیلاب می‌شود). ۱۵ 15
Na ɛyɛ otwabere mu nti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfo a wɔso Adaka no anan sii nsu no ano pɛ,
واقع شد که آبهایی که از بالامی آمد، بایستاد و به مسافتی بسیار دور تا شهرآدم که به‌جانب صرتان است، بلند شد، و آبی که به سوی دریای عربه، یعنی بحرالملح می‌رفت تمام قطع شد، و قوم در مقابل اریحا عبور کردند. ۱۶ 16
nsu no ano fitii ase boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii sɛ asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no.
و کاهنانی که تابوت عهد خداوند رابرمی داشتند در میان اردن بر خشکی قایم ایستادند، و جمیع اسرائیل به خشکی عبورکردند تا تمامی قوم از اردن، بالکلیه گذشتند. ۱۷ 17
Saa bere no mu, asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.

< یوشع 3 >