< یوشع 18 >

و تمامی جماعت بنی‌اسرائیل درشیلوه جمع شده، خیمه اجتماع را درآنجا برپا داشتند، و زمین پیش روی ایشان مغلوب بود. ۱ 1
Afei a asase no abedi Israelfo nsam no, Israelfo nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wosii hyiadan.
و از بنی‌اسرائیل هفت سبط باقی ماندند، که هنوز ملک خود را تقسیم نکرده بودند. ۲ 2
Nanso na aka mmusuakuw ason a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn ɛ.
و یوشع به بنی‌اسرائیل گفت: «شما تا به کی کاهلی می‌ورزید و داخل نمی شوید تا در آن زمینی که یهوه خدای پدران شما، به شما داده است، تصرف نمایید؟ ۳ 3
Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?
سه نفر برای خود از هر سبطانتخاب کنید، تا ایشان را روانه نمایم، و برخاسته، از میان زمین گردش کرده، آن را برحسب ملکهای خود ثبت کنند، و نزد من خواهند برگشت. ۴ 4
Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii hɔ so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no.
و آن را به هفت حصه تقسیم کنند، و یهودا به سمت جنوب به حدود خود خواهد ماند، و خاندان یوسف به سمت شمال به حدود خود خواهدماند. ۵ 5
Akwansrafo no bɛkyekyɛ asase no mu ason, na wɔmmfa Yuda asase a ɛda anafo fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho.
و شما زمین را به هفت حصه ثبت کرده، آن را نزد من اینجا بیاورید، و من برای شما در اینجادر حضور یهوه، خدای ما، قرعه خواهم‌انداخت. ۶ 6
Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara.
زیرا که لاویان در میان شما هیچ نصیب ندارند، چونکه کهانت خداوند نصیب ایشان است، و جادو روبین و نصف سبط منسی ملک خود را که موسی، بنده خداوند، به ایشان داده بود در آن طرف اردن به سمت شرقی گرفته‌اند.» ۷ 7
Nanso Lewifo no rennya asase biara. Wɔn dwumadi sɛ Awurade asɔfo no bɛyɛ wɔn agyapade. Na Gad ne Ruben mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nso nnya asase no bi bio, efisɛ wɔanya wɔn agyapade a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no dedaw.”
پس آن مردان برخاسته، رفتند و یوشع آنانی را که برای ثبت کردن زمین می‌رفتند امر فرموده، گفت: «بروید و در زمین گردش کرده، آن را ثبت نمایید و نزد من برگردید، تا در اینجا در حضورخداوند در شیلوه برای شما قرعه اندازم.» ۸ 8
Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.”
پس آن مردان رفته، از میان زمین گذشتند و آن را به هفت حصه به حسب شهرهایش در طوماری ثبت نموده، نزد یوشع به اردو در شیلوه برگشتند. ۹ 9
Mmarima no yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu ason, kyerɛw nkurow a ɛwɔ asase no nkyekyɛ mu biara so. Wɔsan kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenae hɔ.
ویوشع به حضور خداوند در شیلوه برای ایشان قرعه انداخت، و در آنجا یوشع زمین را برای بنی‌اسرائیل برحسب فرقه های ایشان تقسیم نمود. ۱۰ 10
Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asasetaw a ɛsɛ sɛ abusuakuw biara fa.
و قرعه سبط بنی بنیامین برحسب قبایل ایشان برآمد، و حدود حصه ایشان در میان بنی یهودا و بنی یوسف افتاد. ۱۱ 11
Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam.
و حد ایشان به سمت شمال از اردن بود، و حد ایشان به طرف اریحا به سوی شمال برآمد، و از میان کوهستان به سوی مغرب بالا رفت، و انتهایش به صحرای بیت آون بود. ۱۲ 12
Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam.
و حد ایشان از آنجا تا لوزگذشت، یعنی به‌جانب لوز جنوبی که بیت ئیل باشد، و حد ایشان به سوی عطاروت ادار برجانب کوهی که به جنوب بیت حورون پایین است، رفت. ۱۳ 13
Ɔhye no fi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafo fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔw atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafo wɔ anafo fam.
و حدش کشیده شد و به‌جانب مغرب به سوی جنوب از کوهی که در مقابل بیت حورون جنوبی است گذشت، و انتهایش نزد قریه بعل بود که آن را قریت یعاریم می‌گویند و یکی ازشهرهای بنی یهوداست. این‌جانب غربی است. ۱۴ 14
Afei ɔhye no fa anafo fam, nam bepɔw a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔe fam no ntentenso, kosi Kiriat-Yearim, a ɛyɛ Kiriat-Baal akuraa; Yuda abusuakuw no nkurow no mu baako. Eyi ne atɔe fam hye.
و جانب جنوبی از انتهای قریت یعاریم بود، واین حد به طرف مغرب می‌رفت و به سوی چشمه آبهای نفتوح برآمد. ۱۵ 15
Anafo fam hye no, fi Kiriat-Yearim mfikyiri. Efi hɔ fa atɔe fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asuti ho,
و این حد به انتهای کوهی که در مقابل دره ابن هنوم است که در جنوب وادی رفائیم باشد، برآمد، و به سوی دره هنوم به‌جانب جنوبی یبوسیان رفته، تا عین روجل رسید. ۱۶ 16
na asian akɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon a ɛwɔ Refaim bon no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafo fam, na atwam wɔ nsian a na Yebusifo te no anafo fam na akodu En-Rogel.
و ازطرف شمال کشیده شده، به سوی عین شمس رفت، و به جلیلوت که در مقابل سر بالای ادمیم است برآمد، و به سنگ بوهن بن روبین به زیر آمد. ۱۷ 17
Ɔhye no fi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kosi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanim na afei asian akɔ Bohan a na ɔyɛ Ruben babarima no bo ho.
و به‌جانب شمالی در مقابل عربه گذشته، به عربه به زیر آمد. ۱۸ 18
Ɛtoa so fa nsian a ɛhwɛ Yordan Bon no atifi fam. Afei ɔhye no kɔ obon no mu,
و این حد به‌جانب بیت حجله به سوی شمال گذشت، و آخر این حدبه خلیج شمالی بحرالملح نزد انتهای جنوبی اردن بود. این حد جنوبی است. ۱۹ 19
ɛkɔfa Bet-Hogla nsian no atifi fam na akɔpem Nkyene Po no atifi awiei ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafo fam abɔe.
و به طرف مشرق، حد آن اردن بود و ملک بنی بنیامین به حسب حدودش به هر طرف و برحسب قبایل ایشان این بود. ۲۰ 20
Apuei fam hye no yɛ Asubɔnten Yordan. Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.
و این است شهرهای سبط بنی بنیامین برحسب قبایل ایشان اریحا و بیت حجله و عیمق قصیص. ۲۱ 21
Nkurow a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw na edidi so yi: Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis,
و بیت عربه و صمارایم و بیت ئیل. ۲۲ 22
Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El,
و عویم و فاره و عفرت. ۲۳ 23
Awim, Para ne Ofra,
و کفر عمونی وعفنی و جابع، دوازده شهر با دهات آنها. ۲۴ 24
Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkurow dumien ne wɔn nkuraa.
وجبعون و رامه و بئیروت. ۲۵ 25
Gibeon, Rama ne Beerot,
و مصفه و کفیره وموصه. ۲۶ 26
Mispa, Kefira ne Mosa,
و راقم و یرفئیل و تراله. ۲۷ 27
Rekem, Yirpeel ne Tarala,
و صیله وآلف و یبوسی که اورشلیم باشد و جبعه و قریت، چهارده شهر با دهات آنها. این ملک بنی بنیامین به حسب قبایل ایشان بود. ۲۸ 28
Sela, Ha-Elef ne Yebusifo kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkurow dunan ne wɔn nkuraa. Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.

< یوشع 18 >