< یوشع 15 >

و قرعه به جهت سبط بنی یهودا، به حسب قبایل ایشان، به طرف جنوب به‌سر حد ادوم، یعنی صحرای صین به اقصای تیمان رسید. ۱ 1
Asase a wɔde maa mmusua a wobom yɛ Yuda abusuakuw no koduu Edom hye so wɔ anafo fam, na Sin sare so na ɛkɔpem.
و حد جنوبی ایشان از آخر بحرالملح، از خلیجی که متوجه به سمت جنوب است، بود. ۲ 2
Anafo fam hye no fitii ase wɔ Nkyene Po no awiei a ɛwɔ anafo fam,
و به طرف جنوب، فراز عکربیم بیرون آمده، به صین گذشت، و به جنوب قادش برنیع برآمده، به حصرون گذشت، و به اداربرآمده، به سوی قرقع برگشت. ۳ 3
sen faa Akrabbim kosii Sin sare so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafo fam kosii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kosii Adar na ɛpono kɔɔ Karka.
و از عصمون گذشته، به وادی مصر بیرون آمد، و انتهای این حدتا به دریا بود. این حد جنوبی شما خواهد بود. ۴ 4
Etwaa mu ha kɔɔ Asmon koduu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kowiee wɔ Po Kɛse no mu. Eyi ne wɔn anafo fam hye.
وحد شرقی، بحرالملح تا آخر اردن بود، و حدطرف شمال، از خلیج دریا تا آخر اردن بود. ۵ 5
Apuei fam hye no fi Nkyene Po no kodu Asubɔnten Yordan ano. Atifi fam hye no fi beae a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Po no mu,
واین حد تا بیت حجله برآمده، به طرف شمالی بیت عربه گذشت، و این حد نزد سنگ بهن پسر روبین برآمد. ۶ 6
twa mu kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan bo (Na Bohan yɛ Ruben babarima) no ho.
و این حد از وادی عخور نزد دبیر برآمد، و به طرف شمال به سوی جلجال که مقابل فرازادمیم است، که در جنوب وادی است، متوجه می‌شود، و این حد نزد آبهای عین شمس گذشت، و انتهایش نزد عین روجل بود. ۷ 7
Efi hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bon no mu kɔka Debir, na ɛdan wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a etwa mu fi Adumim nsian mu wɔ anafo fam wɔ obon no nkyɛn mu. Efi hɔ a, ɔhye no sen kosi En-Semes nsu no ano, na akɔpem En-Rogel.
و این حد ازوادی پسر هنوم به‌جانب یبوسی، به طرف جنوب که همان اورشلیم باشد، برآمد. پس این حد به سوی قله کوهی که به طرف مغرب مقابل وادی هنوم، و به طرف شمال به آخر وادی رفائیم است، گذشت. ۸ 8
Afei, ɔhye no fa Hinom babarima bon no mu, kɔfa Yebusifo anafo nsian so, nea Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔe fam wɔ bepɔw no apampam, toa so kɔ Hinom bon no so kosi Refaim bon ano wɔ atifi fam.
و این حد از قله کوه به چشمه آبهای نفتوح کشیده شد، و نزد شهرهای کوه عفرون بیرون آمد، و تا بعله که قریه یعاریم باشد، کشیده شد. ۹ 9
Efi hɔ a, ɔhye no toa so kɔfa bepɔw no apampam kɔ Neftoa asuti no nsu ho, fi hɔ akɔ nkurow a ɛdeda Efron bepɔw so no. Na ebukaw kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)
و این حد از بعله به طرف مغرب به کوه سعیر برگشت، و به طرف شمال از جانب کوه یعاریم که کسالون باشد گذشت، و نزد بیت شمس بزیر آمده، از تمنه گذشت. ۱۰ 10
Ɔhye no twa fa Baala ho wɔ atɔe fam kosi bepɔw Seir so, ɛkɔ ara kosi Kesalon kurom wɔ bepɔw Yearim atifi nsian so, na akɔ fam akosi Bet-Semes ne Timna.
و این حد به سوی شمال از جانب عقرون بیرون آمد، و تا شکرون کشیده شد، و از کوه بعله گذشته، نزد یبنئیل بیرون آمد، و انتهای این حد دریا بود. ۱۱ 11
Ɔhye no kɔɔ ara kosii bepɔw no nsian a ɛwɔ Ekron atifi fam no, dan kyerɛɛ Sikron, faa hɔ kɔɔ Baala bepɔw no de koduu Yabneel. Ɔhye no kɔpem Po Kɛse no.
و حد غربی دریای بزرگ و کناره آن بود، این است حدودبنی یهودا از هر طرف به حسب قبایل ایشان. ۱۲ 12
Na atɔe fam hye no nso ne Ntam Po no mpoano. Eyinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuw no ahye.
و به کالیب بن یفنه به حسب آنچه خداوند به یوشع فرموده بود، در میان بنی یهودا قسمتی داد، یعنی قریه اربع پدر عناق که حبرون باشد. ۱۳ 13
Awurade hyɛɛ Yosua se ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.
وکالیب سه پسر عناق یعنی شیشی و اخیمان وتلمی اولاد عناق را از آنجا بیرون کرد. ۱۴ 14
Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefo no fii hɔ.
و ازآنجا به ساکنان دبیر برآمد و اسم دبیر قبل از آن قریه سفر بود. ۱۵ 15
Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kurow Debir (a kan no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no.
و کالیب گفت: «هر‌که قریه سفررا بزند و آن را بگیرد، دختر خود عکسه را به زنی به او خواهم داد. ۱۶ 16
Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.”
و عتنئیل پسر قناز برادرکالیب آن را گرفت، و دختر خود عکسه را به او به زنی داد. ۱۷ 17
Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so nti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
و چون او نزد وی آمد او را ترغیب کرد که از پدر خود زمینی طلب نماید، و دختر ازالاغ خود پایین آمد، و کالیب وی را گفت: «چه می‌خواهی؟» ۱۸ 18
Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ommisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa fii nʼafurum so sii fam no, Kaleb bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?”
گفت: «مرا برکت ده. چونکه زمین جنوبی را به من داده‌ای، چشمه های آب نیزبه من بده. پس چشمه های بالا و چشمه های پایین را به او بخشید. ۱۹ 19
Ɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ me adom sononko. Woayɛ adom, ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti Kaleb maa no ɔsoro ne fam nsuwansuwa asase.
این است ملک سبط بنی یهودا به حسب قبایل ایشان. ۲۰ 20
Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuw no agyapade.
و شهرهای انتهایی سبطبنی یهودا به سمت جنوب بر سرحد ادوم قبصئیل و عیدر و یاجور بود، ۲۱ 21
Na Yudafo nkurow a ɛdeda Edom ahye so wɔ anafo pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,
و قینه و دیمونه وعدعده، ۲۲ 22
Kina ne Dimona ne Adada,
و قادش و حاصور و یتنان، ۲۳ 23
Kedes ne Hasor ne Itnan,
و زیف و طالم و بعلوت، ۲۴ 24
Sif ne Telem ne Bealot,
و حاصور حدته و قریوت حصرون که حاصور باشد. ۲۵ 25
Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor),
امام و شماع ومولاده، ۲۶ 26
Amam ne Sema ne Molada,
و حصرجده و حشمون و بیت فالط، ۲۷ 27
Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet,
و حصر شوعال و بیرشبع و بزیوتیه، ۲۸ 28
Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia,
و بعاله و عییم و عاصم، ۲۹ 29
Baala ne Iim ne Esem,
و التولد و کسیل و حرمه، ۳۰ 30
El-Tolad ne Kesil ne Horma,
وصقلج و مدمنه و سنسنه، ۳۱ 31
Siklag ne Madmana ne Sansana,
و لباوت و سلخیم و عین و رمون، جمیع این شهرها با دهات آنهابیست و نه می‌باشد. ۳۲ 32
Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkurow yi nyinaa ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia dodow yɛ aduonu akron.
و در هامون اشتاول وصرعه و اشنه، ۳۳ 33
Saa nkurow a na ɛwɔ atɔe fam nkoko no so, a wɔde maa Yuda ni: Estaol ne Sora ne Asna.
و زانوح و عین جنیم و تفوح وعینام، ۳۴ 34
Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam,
و یرموت و عدلام و سوکوه و عزیقه، ۳۵ 35
Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,
و شعرایم و عدیتایم و الجدیره و جدیرتایم، چهارده شهر با دهات آنها. ۳۶ 36
Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunan.
صنان و حداشاه و مجدل جاد. ۳۷ 37
Nea ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad,
و دلعان و المصفه و یقتئیل. ۳۸ 38
Dilean ne ne Mispe ne Yokteel,
و لاخیش و بصقه وعجلون. ۳۹ 39
Lakis ne Boskat ne Eglon,
و کبون و لحمان و کتلیش. ۴۰ 40
Kabon ne Lahmam ne Kitlis,
وجدیروت و بیت داجون و نعمه و مقیده. شانزده شهر با دهات آنها. ۴۱ 41
Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunsia.
و لبنه و عاتر و عاشان. ۴۲ 42
Eyinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan,
و یفتاح و اشنه و نصیب. ۴۳ 43
Yifta ne Asna ne Nesib,
و قعیله واکزیب و مریشه. نه شهر با دهات آنها. ۴۴ 44
Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ akron.
وعقرون و قصبه‌ها و دهات آن. ۴۵ 45
Ekron nkurow ne nkuraa nyinaa ka Yuda asase ho,
از عقرون تادریا، همه که به اطراف اشدود بود با دهات آنها. ۴۶ 46
efi Ekron no, ɔhye no trɛw de kɔ atɔe fam a nkurow a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia ka ho.
و اشدود و قصبه‌ها و دهات آن. و غزا وقصبه‌ها و دهات آن تا وادی مصر، و تا دریای بزرگ و کنار آن. ۴۷ 47
Saa ara na Asdod nkurow ne ne nkuraa, Gasa nkurow ne ne nkuraa kosi Misraim asuwa no, de kɔfa Po Kɛse no mpoano ka ho.
و در کوهستان شامیر و یتیر و سوکوه. ۴۸ 48
Yuda san nyaa nkurow a edidi so yi a na ɛwɔ nkoko asase so: Samir ne Yatir ne Soko,
ودنه و قریه سنه که دبیر باشد. ۴۹ 49
Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir,
و عناب و اشتموه و عانیم. ۵۰ 50
Anab ne Estemo ne Anim,
و جوشن و حولون و جیلوه، یازده شهر با دهات آنها. ۵۱ 51
Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dubaako.
و اراب و دومه و اشعان. ۵۲ 52
Na saa nkurow yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan,
و یانوم و بیت تفوح و افیقه. ۵۳ 53
Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka,
و حمطه و قریه اربع که حبرون باشد، و صیعور، نه شهر با دهات آنها. ۵۴ 54
Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkurow akron ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
و معون و کرمل و زیف و یوطه. ۵۵ 55
Nkurow a edidi so yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta,
ویزرعیل و یقدعام و زانوح. ۵۶ 56
Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,
و القاین و جبعه وتمنه، ده شهر با دهات آنها. ۵۷ 57
Kain, Gibea ne Timna, nkurow du ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
و حلحول و بیت صور و جدور. ۵۸ 58
Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,
ومعارات و بیت عنوت و التقون، شش شهر با دهات آنها. ۵۹ 59
Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
و قریه بعل که قریه یعاریم باشد و الربه، دوشهر با دهات آنها. ۶۰ 60
Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkurow abien ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
و در بیابان بیت عربه و مدین و سکاکه. ۶۱ 61
Sare so nkurow no nso ne: Bet-Araba, Midin ne Sekaka,
والنبشان و مدینه الملح و عین جدی، شش شهر بادهات آنها. ۶۲ 62
Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
و اما یبوسیان که ساکن اورشلیم بودند، بنی یهودا نتوانستند ایشان را بیرون کنند. پس یبوسیان با بنی یهودا تا امروز در اورشلیم ساکنند. ۶۳ 63
Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yuda abusuakuw no antumi antu wɔn nti, Yebusifo ne Yuda abusuakuw no tenae de besi nnɛ.

< یوشع 15 >