< یوشع 13 >

و یوشع پیر و سالخورده شد، و خداوندبه وی گفت: «تو پیر و سالخورده شده‌ای و هنوز زمین بسیار برای تصرف باقی می‌ماند. ۱ 1
Bere a Yosua bɔɔ akwakoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
و این است زمینی که باقی می‌ماند، تمامی بلوک فلسطینیان و جمیع جشوریان. ۲ 2
“Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur,
ازشیحور که در مقابل مصر است تا سرحد عقرون به سمت شمال که از کنعانیان شمرده می‌شود، یعنی پنج سردار فلسطینیان از غزیان و اشدودیان و اشقلونیان و جتیان و عقرونیان و عویان. ۳ 3
“nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so,
و ازجنوب تمامی زمین کنعانیان و مغاره‌ای که ازصیدونیان است تا افیق و تا سرحد اموریان. ۴ 4
a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ; Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so
وزمین جبلیان و تمامی لبنان به سمت مطلع آفتاب از بعل جاد که زیر کوه حرمون است تا مدخل حمات. ۵ 5
ne Gebalfo asase ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam.
تمامی ساکنان کوهستان از لبنان تامصرفوت مایم که جمیع صیدونیان باشند، من ایشان را از پیش بنی‌اسرائیل بیرون خواهم کرد، لیکن تو آنها را به بنی‌اسرائیل به ملکیت به قرعه تقسیم نما چنانکه تو را امر فرموده‌ام. ۶ 6
“Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no.
پس الان این زمین را به نه سبط و نصف سبط منسی برای ملکیت تقسیم نما.» ۷ 7
Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.”
با او روبینیان و جادیان ملک خود را گرفتندکه موسی در آن طرف اردن به سمت مشرق به ایشان داد، چنانکه موسی بنده خداوند به ایشان بخشیده بود. ۸ 8
Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw.
از عروعیر که بر کناره وادی ارنون است، و شهری که در وسط وادی است، و تمامی بیابان میدبا تا دیبون. ۹ 9
Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon.
و جمیع شهرهای سیهون ملک اموریان که در حشبون تا سرحد بنی عمون حکمرانی می‌کرد. ۱۰ 10
Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho.
و جلعاد و سرحدجشوریان و معکیان و تمامی کوه حرمون وتمامی باشان تا سلخه. ۱۱ 11
Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho,
و تمامی ممالک عوج در باشان که در اشتاروت و ادرعی حکمرانی می‌کرد، و او از بقیه رفائیان بود. پس موسی ایشان را شکست داد و بیرون کرد. ۱۲ 12
na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn.
اما بنی‌اسرائیل جشوریان و معکیان را بیرون نکردند، پس جشور و معکی تا امروز در میان اسرائیل ساکنند. ۱۳ 13
Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ.
لیکن به سبط لاوی هیچ ملکیت نداد، زیراهدایای آتشین یهوه خدای اسرائیل ملکیت وی است چنانکه به او گفته بود. ۱۴ 14
Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma Awurade, Israel Nyankopɔn no.
و موسی به سبط بنی روبین برحسب قبیله های ایشان داد. ۱۵ 15
Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu.
و حدود ایشان از عروعیربود که به کنار وادی ارنون است و شهری که دروسط وادی است و تمامی بیابان که پهلوی میدبااست. ۱۶ 16
Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so.
حشبون و تمامی شهرهایش که در بیابان است و دیبون و باموت بعل و بیت بعل معون. ۱۷ 17
Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon,
ویهصه و قدیموت و میفاعت. ۱۸ 18
Yahas, Kedemot, Mefaat,
و قریتایم و سبمه و سارت شحر که در کوه دره بود. ۱۹ 19
Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so,
و بیت فغورو دامن فسجه و بیت یشیموت. ۲۰ 20
Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot.
و تمامی شهرهای بیابان و تمامی ممالک سیهون، ملک اموریان، که در حشبون حکمرانی می‌کرد، وموسی او را با سرداران مدیان یعنی اوی و راقم وصور و حور و رابع، امرای سیهون، که در آن زمین ساکن بودند، شکست داد. ۲۱ 21
Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako.
و بلعام بن بعور فالگیر را بنی‌اسرائیل در میان کشتگان به شمشیرکشتند. ۲۲ 22
Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam.
و سرحد بنی روبین اردن و کناره‌اش بود. این ملکیت بنی روبین برحسب قبیله های ایشان بود یعنی شهرها و دهات آنها. ۲۳ 23
Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade.
و موسی به سبط جاد یعنی به بنی جادبرحسب قبیله های ایشان داد. ۲۴ 24
Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu.
و سرحد ایشان یعزیز بود و تمامی شهرهای جلعاد و نصف زمین بنی عمون تا عروعیر که در مقابل ربه است. ۲۵ 25
Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ.
واز حشبون تا رامت مصفه و بطونیم و از محنایم تاسرحد دبیر. ۲۶ 26
Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir.
و در دره بیت هارام و بیت نمره وسکوت و صافون و بقیه مملکت سیهون، ملک حشبون، و اردن و کناره آن تا انتهای دریای کنرت در آن طرف اردن به سمت مشرق. ۲۷ 27
Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu.
این است ملکیت بنی جاد برحسب قبیله های ایشان یعنی شهرها و دهات آنها. ۲۸ 28
Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade.
و موسی به نصف سبط منسی داد و برای نصف سبط بنی منسی برحسب قبیله های ایشان برقرار شد. ۲۹ 29
Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ
و حدود ایشان از محنایم تمامی باشان یعنی تمامی ممالک عوج، ملک باشان وتمامی قریه های یائیر که در باشان است، شصت شهر بود. ۳۰ 30
Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no.
و نصف جلعاد و عشتاروت و ادرعی شهرهای مملکت عوج در باشان برای پسران ماکیر بن منسی یعنی برای نصف پسران ماکیربرحسب قبیله های ایشان بود. ۳۱ 31
Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho. Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo.
اینهاست آنچه موسی در عربات موآب درآن طرف اردن در مقابل اریحا به سمت مشرق برای ملکیت تقسیم کرد. ۳۲ 32
Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam.
لیکن به سبط لاوی، موسی هیچ نصیب نداد زیرا که یهوه، خدای اسرائیل، نصیب ایشان است چنانکه به ایشان گفته بود. ۳۳ 33
Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade.

< یوشع 13 >