< یوحنا 20 >

بامدادان در اول هفته، وقتی که هنوز تاریک بود، مریم مجدلیه به‌سر قبر‌آمدو دید که سنگ از قبر برداشته شده است. ۱ 1
Kwasida anɔpahema na Maria Magdalene sɔre kɔɔ ɔda no so kohuu sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano.
پس دوان دوان نزد شمعون پطرس و آن شاگرد دیگرکه عیسی او را دوست می‌داشت آمده، به ایشان گفت: «خداوند را از قبر برده‌اند و نمی دانیم او راکجا گذارده‌اند.» ۲ 2
Ohuu saa no ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!”
آنگاه پطرس و آن شاگرد دیگربیرون شده، به‌جانب قبر رفتند. ۳ 3
Petro ne saa osuani yi tee asɛm no, wotuu mmirika kɔɔ ɔda no so.
و هر دو با هم می‌دویدند، اما آن شاگرد دیگر از پطرس پیش افتاده، اول به قبر رسید، ۴ 4
Nanso saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho koduu hɔ kan.
و خم شده، کفن راگذاشته دید، لیکن داخل نشد. ۵ 5
Oduu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ.
بعد شمعون پطرس نیز از عقب او آمد و داخل قبرگشته، کفن را گذاشته دید، ۶ 6
Simon Petro de, obeduu hɔ no, owuraa ɔboda no mu. Ohuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ egu hɔ,
و دستمالی را که بر سر او بود، نه با کفن نهاده، بلکه در جای علیحده پیچیده. ۷ 7
a dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi.
پس آن شاگرد دیگر که اول به‌سر قبر‌آمده بود نیزداخل شده، دید و ایمان آورد. ۸ 8
Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii.
زیرا هنوز کتاب را نفهمیده بودند که باید او از مردگان برخیزد. ۹ 9
Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase.
پس آن دو شاگرد به مکان خود برگشتند. ۱۰ 10
Afei asuafo no fii hɔ kɔɔ fie.
اما مریم بیرون قبر، گریان ایستاده بود وچون می‌گریست به سوی قبر خم شده، ۱۱ 11
Nanso Maria de, na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ogu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu,
دوفرشته را که لباس سفید در بر داشتند، یکی به طرف سر و دیگری به‌جانب قدم، در جایی که بدن عیسی گذارده بود، نشسته دید. ۱۲ 12
na ohuu ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafo wɔ faako a na Yesu amu no da no.
ایشان بدوگفتند: «ای زن برای چه گریانی؟» بدیشان گفت: «خداوند مرا برده‌اند و نمی دانم او را کجاگذارده‌اند.» ۱۳ 13
Wobisaa no se, “Ɔbea, adɛn na woresu sɛɛ yi?” Maria de awerɛhow buae se, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na minnim faako a wɔde no akɔto.”
چون این را گفت، به عقب ملتفت شده، عیسی را ایستاده دید لیکن نشناخت که عیسی است. ۱۴ 14
Afei otwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ohuu sɛ obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na onnim sɛ ɛyɛ ɔno.
عیسی بدو گفت: «ای زن برای چه گریانی؟ که را می‌طلبی؟» چون او گمان کردکه باغبان است، بدو گفت: «ای آقا اگر تو او رابرداشته‌ای، به من بگو او را کجا گذارده‌ای تا من اورا بردارم.» ۱۵ 15
Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?” Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”
عیسی بدو گفت: «ای مریم!» اوبرگشته، گفت: «ربونی (یعنی‌ای معلم ).» ۱۶ 16
Yesu frɛɛ no se, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”).
عیسی بدو گفت: «مرا لمس مکن زیرا که هنوزنزد پدر خود بالا نرفته‌ام. و لیکن نزد برادران من رفته، به ایشان بگو که نزد پدر خود و پدر شما وخدای خود و خدای شما می‌روم.» ۱۷ 17
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”
مریم مجدلیه آمده، شاگردان را خبر داد که «خداوند رادیدم و به من چنین گفت.» ۱۸ 18
Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.
و در شام همان روز که یکشنبه بود، هنگامی که درها بسته بود، جایی که شاگردان به‌سبب ترس یهود جمع بودند، ناگاه عیسی آمده، در میان ایستاد و بدیشان گفت: «سلام بر شما باد!» ۱۹ 19
Saa da no ara anwummere a na esiane Yudafo mpanyin no ho hu nti, asuafo no ato wɔn ho pon mu no, Yesu baa ɔdan no mu hɔ kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.”
و چون این را گفت، دستها و پهلوی خود را به ایشان نشان داد و شاگردان چون خداوند رادیدند، شاد گشتند. ۲۰ 20
Okyiaa wɔn wiei no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei yiye.
باز عیسی به ایشان گفت: «سلام بر شما باد. چنانکه پدر مرا فرستاد، من نیزشما را می‌فرستم.» ۲۱ 21
Yesu san kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.”
و چون این را گفت، دمید وبه ایشان گفت: «روح‌القدس را بیابید. ۲۲ 22
Ɔhome guu wɔn so kae se, “Honhom Kronkron no mmra mo so.
گناهان آنانی را که آمرزیدید، برای ایشان آمرزیده شد وآنانی را که بستید، بسته شد.» ۲۳ 23
Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”
اما توما که یکی از آن دوازده بود و او را توام می‌گفتند، وقتی که عیسی آمد با ایشان نبود. ۲۴ 24
Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no nni hɔ bi.
پس شاگردان دیگر بدو گفتند: «خداوند رادیده‌ایم.» بدیشان گفت: «تا در دو دستش جای میخها را نبینم و انگشت خود را در جای میخهانگذارم و دست خود را بر پهلویش ننهم، ایمان نخواهم آورد.» ۲۵ 25
Bere a asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Wɔahu Awurade no!” Wannye anni ma ɔkae se, “Sɛ manhu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”
و بعد از هشت روز باز شاگردان با توما درخانه‌ای جمع بودند و درها بسته بود که ناگاه عیسی آمد و در میان ایستاده، گفت: «سلام بر شماباد.» ۲۶ 26
Asuafo no san hyiae wɔ nnaawɔtwe akyi a na Toma ka wɔn ho. Ɛwɔ mu sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa hɔ, kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!”
پس به توما گفت: «انگشت خود را به اینجا بیاور و دستهای مرا ببین و دست خود رابیاور و بر پهلوی من بگذار و بی‌ایمان مباش بلکه ایمان دار.» ۲۷ 27
Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!”
توما در جواب وی گفت: «ای خداوند من و‌ای خدای من.» ۲۸ 28
Toma de ahonu kae se, “Wo ne mʼAwurade ne me Nyankopɔn!”
عیسی گفت: «ای توما، بعد از دیدنم ایمان آوردی؟ خوشابحال آنانی که ندیده ایمان آورند.» ۲۹ 29
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di.”
و عیسی معجزات دیگر بسیار نزد شاگردان نمود که در این کتاب نوشته نشد. ۳۰ 30
Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ nʼasuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu.
لیکن این قدرنوشته شد تا ایمان آورید که عیسی، مسیح و پسرخدا است و تا ایمان آورده به اسم او حیات یابید. ۳۱ 31
Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.

< یوحنا 20 >