< ارمیا 28 >

و در همان سال در ابتدای سلطنت صدقیا پادشاه یهودا در ماه پنجم ازسال چهارم واقع شد که حننیا ابن عزور نبی که ازجبعون بود مرا در خانه خداوند در حضور کاهنان و تمامی قوم خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se,
«یهوه صبایوت خدای اسرائیل بدین مضمون تکلم نموده و گفته است من یوغ پادشاه بابل را شکسته‌ام. ۲ 2
“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no.
بعد از انقضای دو سال من همه ظرف های خانه خداوند را که نبوکدنصر پادشاه بابل از این مکان گرفته، به بابل برد به اینجا بازخواهم آورد. ۳ 3
Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba.
و خداوند می‌گوید من یکنیا ابن یهویاقیم پادشاه یهودا و جمیع اسیران یهودا را که به بابل رفته‌اند به اینجا باز خواهم آورد زیرا که یوغ پادشاه بابل را خواهم شکست.» ۴ 4
Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’”
آنگاه ارمیا نبی به حننیا نبی در حضورکاهنان و تمامی قومی که در خانه خداوند حاضربودند گفت؛ ۵ 5
Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim.
پس ارمیا نبی گفت: «آمین خداوندچنین بکند و خداوند سخنانت را که به آنها نبوت کردی استوار نماید و ظروف خانه خداوند وجمیع اسیران را از بابل به اینجا باز بیاورد. ۶ 6
Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu.
لیکن این کلام را که من به گوش تو و به سمع تمامی قوم می‌گویم بشنو: ۷ 7
Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te:
انبیایی که از زمان قدیم قبل ازمن و قبل از تو بوده‌اند درباره زمینهای بسیاروممالک عظیم به جنگ و بلا و وبا نبوت کرده‌اند. ۸ 8
Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse.
اما آن نبی‌ای که بسلامتی نبوت کند اگر کلام آن نبی واقع گردد، آنگاه آن نبی معروف خواهد شدکه خداوند فی الحقیقه او را فرستاده است.» ۹ 9
Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
پس حننیا نبی یوغ را از گردن ارمیا نبی گرفته، آن را شکست. ۱۰ 10
Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu,
و حننیا به حضور تمامی قوم خطاب کرده، گفت: «خداوند چنین می‌گوید: بهمین طور یوغ نبوکدنصر پادشاه بابل را بعد ازانقضای دو سال از گردن جمیع امت‌ها خواهم شکست.» و ارمیا نبی به راه خود رفت. ۱۱ 11
na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.
و بعد از آنکه حننیا نبی یوغ را از گردن ارمیانبی شکسته بود کلام خداوند بر ارمیا نازل شده، گفت: ۱۲ 12
Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se:
«برو و حننیا نبی را بگو: خداوند چنین می‌گوید: یوغهای چوبی را شکستی اما بجای آنها یوغهای آهنین را خواهی ساخت. ۱۳ 13
“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu.
زیرا که یهوه صبایوت خدای اسرائیل چنین می‌گوید: من یوغی آهنین بر گردن جمیع این امت‌ها نهادم تانبوکدنصر پادشاه بابل را خدمت نمایند پس او راخدمت خواهند نمود و نیز حیوانات صحرا را به او دادم.» ۱۴ 14
Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’”
آنگاه ارمیا نبی به حننیا نبی گفت: «ای حننیا بشنو! خداوند تو را نفرستاده است بلکه تواین قوم را وامیداری که به دروغ توکل نمایند. ۱۵ 15
Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu.
بنابراین خداوند چنین می‌گوید: اینک من تو رااز روی این زمین دور می‌اندازم و تو امسال خواهی مرد زیرا که سخنان فتنه انگیز به ضدخداوند گفتی.» ۱۶ 16
Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’”
پس در ماه هفتم همانسال حننیا نبی مرد. ۱۷ 17
Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.

< ارمیا 28 >