< اشعیا 30 >

خداوند می‌گوید که وای بر پسران فتنه انگیز که مشورت می‌کنند لیکن نه ازمن و عهد می‌بندند لیکن نه از روح من، تا گناه را برگناه مزید نمایند. ۱ 1
“Munnue mmofra asoɔdenfo,” sɛɛ na Awurade se, “Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano;
که برای فرود شدن به مصرعزیمت می‌کنند اما از دهان من سوال نمی نمایندو به قوت فرعون پناه می‌گیرند و به سایه مصراعتماد دارند. ۲ 2
wɔn a wɔkɔ Misraim a wommisa me ansa; wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn, wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.
لهذا قوت فرعون خجالت واعتماد به سایه مصر رسوایی شما خواهد بود. ۳ 3
Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo, Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.
زیرا که سروران او در صوعن هستند و ایلچیان وی به حانیس رسیده‌اند. ۴ 4
Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soan na wɔn ananmusifo adu Hanes de,
همگی ایشان از قومی که برای ایشان فایده ندارند خجل خواهند شد که نه معاونت و نه منفعتی بلکه خجالت و رسوایی نیز برای ایشان خواهند بود. ۵ 5
nanso wɔn nyinaa anim begu ase nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti, wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma, na mmom animguase ne ahohora.”
وحی درباره بهیموت جنوبی: از میان زمین تنگ و ضیق که از آنجا شیر ماده و اسد وافعی ومار آتشین پرنده می‌آید. توانگری خویش را برپشت الاغان و گنجهای خود را بر کوهان شتران نزد قومی که منفعت ندارند می‌برند. ۶ 6
Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, nea gyata ne gyatabere, nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ, ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurum ne wɔn ademude wɔ yoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so,
چونکه اعانت مصریان عبث و بی‌فایده است از این جهت ایشان را رهب الجلوس نامیدم. ۷ 7
de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso, enti mefrɛ no Rahab nea Onsi Hwee.
الان بیا و این رادر نزد ایشان بر لوحی بنویس و بر طوماری مرقوم ساز تا برای ایام آینده تا ابدالاباد بماند. ۸ 8
Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn, kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so sɛnea nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
زیرا که این قوم فتنه انگیز و پسران دروغگومی باشند. پسرانی که نمی خواهند شریعت خداوند را استماع نمایند. ۹ 9
Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.
که به رائیان می‌گویند: رویت مکنید و به انبیا که برای ما به راستی نبوت ننمایید بلکه سخنان شیرین به ماگویید و به مکاید نبوت کنید. ۱۰ 10
Wɔka kyerɛ adehufo se, “Munhu mo ani so ade bio!” ne adiyifo no nso se, “Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio! Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.
از راه منحرف شوید و از طریق تجاوز نمایید و قدوس اسرائیل را از نظر ما دور سازید. ۱۱ 11
Mumfi saa ɔtempɔn yi so, momman mfi saa ɔkwan yi ho na munnyae Israel Kronkronni a mode no haw yɛn yi!”
بنابراین قدوس اسرائیل چنین می‌گوید: «چونکه شما این کلام را ترک کردید و بر ظلم وفساد اعتماد کرده، بر آن تکیه نمودید، ۱۲ 12
Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛso ne nnaadaa so nti,
از این جهت این گناه برای شما مثل شکاف نزدیک به افتادن که در دیوار بلند پیش آمده باشد و خرابی آن در لحظه‌ای بغته پدید آید خواهد بود. ۱۳ 13
saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyea na ebu mpofirim, ama mo.
وشکستگی آن مثل شکستگی کوزه کوزه‌گرخواهد بود که بی‌محابا خرد می‌شود بطوری که ازپاره هایش پاره‌ای به جهت گرفتن آتش از آتشدان یا برداشتن آب از حوض یافت نخواهد شد.» ۱۴ 14
Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku. Ɛbɛyam pasaa a, sin koraa renka a wobetumi de asɔ gya afi muka mu anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”
زیرا خداوند یهوه قدوس اسرائیل چنین می‌گوید: «به انابت و آرامی نجات می‌یافتید وقوت شما از راحت و اعتماد می‌بود، امانخواستید. ۱۵ 15
Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se: “Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔ kommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya mu biara.
و گفتید: نی بلکه بر اسبان فرارمی کنیم، لهذا فرار خواهید کرد و بر اسبان تیز روسوار می‌شویم لهذا تعاقب کنندگان شما تیز روخواهند شد. ۱۶ 16
Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’ Enti mubeguan! Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!
هزار نفر از نهیب یک نفر فرارخواهند کرد و شما از نهیب پنج نفر خواهیدگریخت تا مثل بیدق بر قله کوه و علم بر تلی باقی مانید.» ۱۷ 17
Apem beguan ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu nti mo nyinaa beguan akɔ, akosi sɛ wobegyaw mo te sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, te sɛ frankaa a esi koko so.”
و از این سبب خداوند انتظار می‌کشد تا بر شما رافت نماید و از این سبب برمی خیزد تا برشما ترحم فرماید چونکه یهوه خدای انصاف است. خوشابحال همگانی که منتظر وی باشند. ۱۸ 18
Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ. Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
زیرا که قوم در صهیون در اورشلیم ساکن خواهند بود و هرگز گریه نخواهی کرد و به آوازفریادت بر تو ترحم خواهد کرد، و چون بشنود تورا اجابت خواهد نمود. ۱۹ 19
Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ.
و هرچند خداوند شمارا نان ضیق و آب مصیبت بدهد اما معلمانت باردیگر مخفی نخواهند شد بلکه چشمانت معلمان تو را خواهد دید. ۲۰ 20
Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
و گوشهایت سخنی را ازعقب تو خواهد شنید که می‌گوید: راه این است، در آن سلوک بنما هنگامی که به طرف راست یاچپ می‌گردی. ۲۱ 21
Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.”
و پوشش بتهای ریخته نقره خویش را و ستر اصنام تراشیده طلای خود رانجس خواهید ساخت و آنها را مثل چیز نجس دور انداخته، به آن خواهی گفت: دور شو. ۲۲ 22
Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”
و باران تخمت را که زمین خویش را به آن زرع می‌کنی و نان محصول زمینت را خواهد داد وآن پر مغز و فراوان خواهد شد و در آن زمان مواشی تو در مرتع وسیع خواهند چرید. ۲۳ 23
Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so.
وگاوان و الاغانت که زمین را شیار می‌نمایند، آذوقه نمک دار را که با غربال و اوچوم پاک شده است خواهند خورد. ۲۴ 24
Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu.
و در روز کشتار عظیم که برجها در آن خواهد افتاد نهرها و جویهای آب برهر کوه بلند و به هر تل مرتفع جاری خواهد شد. ۲۵ 25
Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so.
و در روزی که خداوند شکستگی قوم خود راببندد و ضرب جراحت ایشان را شفا دهدروشنایی ماه مثل روشنایی آفتاب و روشنایی آفتاب هفت چندان مثل روشنایی هفت روزخواهد بود. ۲۶ 26
Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.
اینک اسم خداوند از جای دور می‌آید، درغضب خود سوزنده و در ستون غلیظ و لبهایش پر از خشم و زبانش مثل آتش سوزان است. ۲۷ 27
Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba, ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn; abufuw ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.
ونفخه او مثل نهر سرشار تا به گردن می‌رسد تا آنکه امت‌ها را به غربال مصیبت ببیزد و دهنه ضلالت رابر چانه قوم‌ها بگذارد. ۲۸ 28
Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan hyehyɛ nnipa no nnyepi.
و شما را سرودی خواهد بود مثل شب تقدیس نمودن عید وشادمانی دل مثل آنانی که روانه می‌شوند تا به آوازنی به کوه خداوند نزد صخره اسرائیل بیایند. ۲۹ 29
Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no; mo koma bedi ahurusi te sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔw no so, kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.
وخداوند جلال آواز خود را خواهد شنوانید وفرود آوردن بازوی خود را با شدت غضب وشعله آتش سوزنده و طوفان و سیل و سنگهای تگرگ ظاهر خواهد ساخت. ۳۰ 30
Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.
زیرا که آشور به آواز خداوند شکسته خواهد شد و او را با عصاخواهد زد. ۳۱ 31
Awurade nne bɛhwe Asiria; ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.
و هر ضرب عصای قضا که خداوندبه وی خواهد آورد با دف و بربط خواهد بود و باجنگهای پر شورش با آن مقاتله خواهد نمود. ۳۲ 32
Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.
زیرا که توفت از قبل مهیا شده و برای پادشاه آماده گردیده است. آن را عمیق و وسیع ساخته است که توده‌اش آتش و هیزم بسیار است و نفخه خداوند مثل نهر کبریت آن را مشتعل خواهدساخت. ۳۳ 33
Wɔasiesie Topet dedaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu; Awurade home te sɛ sufre asuten no bɛsɔ mu gya.

< اشعیا 30 >