< حَجّای 2 >

در روز بیست و یکم ماه هفتم، کلام خداوند بواسطه حجی نبی نازل شده، گفت: ۱ 1
Da a ɛto so aduonu baako wɔ ɔsram a ɛto so ason no, Awurade de asɛm faa Odiyifo Hagai so se:
زربابل بن شالتیئیل والی یهودا و یهوشع بن یهوصادق رئیس کهنه، و بقیه قوم را خطاب کرده، بگو: ۲ 2
“Ka eyi kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn se,
کیست در میان شما که باقی‌مانده واین خانه را در جلال نخستینش دیده باشد؟ پس الان در نظر شما چگونه می‌نماید؟ آیا در نظر شماناچیز نمی نماید؟ ۳ 3
‘Mo a moaka yi mu hena na ohuu saa ofi yi anuonyam sɛnea na ɛte kan no? Muhu no dɛn nnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee mprempren ana?
اما الان خداوند می‌گوید: ای زربابل قوی‌دل باش و‌ای یهوشع بن یهوصادق رئیس کهنه قوی‌دل باش و‌ای تمامی قوم زمین قوی‌دل باشید و خداوند می‌فرماید که مشغول بشوید زیرا که من با شما هستم. قول یهوه صبایوت این است. ۴ 4
Enti Serubabel, nya akokoduru mprempren.’ Saa na Awurade se, ‘Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so mprempren no, munnya akokoduru. Awurade na ose. Munnya akokoduru na monyɛ adwuma, efisɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka.
برحسب کلام آن عهدی که در حین بیرون آوردن شما از مصر با شما بستم وچونکه روح من در میان شما قایم می‌باشد، ترسان مباشید. ۵ 5
‘Eyi ne apam a me ne mo yɛe bere a mufii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno nti munnsuro.’
زیرا که یهوه صبایوت چنین می‌گوید: یک دفعه دیگر و آن نیز بعد از اندک زمانی، آسمانها و زمین و دریا و خشکی را متزلزل خواهم ساخت. ۶ 6
“Eyi ne asɛm a Asafo Awurade ka. ‘Ɛrenkyɛ biara, mɛwosow ɔsoro ne asase bio. Mɛwosow po tamaa ne asase kesee nso.
و تمامی امت‌ها را متزلزل خواهم ساخت و فضیلت جمیع امت‌ها خواهندآمد و یهوه صبایوت می‌گوید که این خانه را ازجلال پر خواهم ساخت. ۷ 7
Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa anidaso bɛba, na mede anuonyam bɛhyɛ saa ofi yi ma.’ Saa na Asafo Awurade se.
یهوه صبایوت می‌گوید: نقره از آن من و طلا از آن من است. ۸ 8
‘Dwetɛ no yɛ me de. Na sikakɔkɔɔ yɛ me de.’ Sɛɛ na Asafo Awurade se.
یهوه صبایوت می‌گوید: جلال آخر این خانه ازجلال نخستینش عظیم تر خواهد بود و در این مکان، سلامتی را خواهم بخشید. قول یهوه صبایوت این است. ۹ 9
‘Saa ofi yi anuonyam bɛkorɔn asen nʼanuonyam a atwa mu no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoe aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”
در روز بیست و چهارم ماه نهم از سال دوم داریوش، کلام خداوند بواسطه حجی نبی نازل شده، گفت: ۱۰ 10
Ɔhene Dario adedi mfe abien mu, ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifo Hagai.
یهوه صبایوت چنین می‌گوید: ازکاهنان درباره شریعت سوال کن و بپرس. ۱۱ 11
“Asɛm a Asafo Awurade ka ni: ‘Mummisa asɔfo no nea mmara no ka.
اگرکسی گوشت مقدس را در دامن جامه خود برداردو دامنش به نان یا آش یا شراب یا روغن یا به هرقسم خوراک دیگر برخورد، آیا آن مقدس خواهد شد؟ و کاهنان جواب دادند که نی. ۱۲ 12
Sɛ nam kronkron bi hyɛ obi atade mmuano mu, na sɛ ho kɔka brodo anaa abɔmu, nsa anaa ngo anaa aduan foforo bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron ana?’” Asɔfo no buae se: “Dabi.”
پس حجی پرسید: اگر کسی‌که از میتی نجس شده باشد یکی از اینها را لمس نماید آیا آن نجس خواهد شد؟ و کاهنان در جواب گفتند که نجس خواهد شد. ۱۳ 13
Na Hagai bisae se, “Na sɛ obi nso de ne ho ka funu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiw nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a na wɔagu ho fi ana?” Na asɔfo no buae se, “Yiw.”
پس حجی تکلم نموده، گفت: خداوند می‌فرماید این قوم همچنین هستند و این امت به نظر من همچنین می‌باشند و همه اعمال دستهای ایشان چنین است و هر هدیه‌ای که درآنجا می‌برند نجس می‌باشد. ۱۴ 14
Afei, Hagai kae se, “‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi te.’ Saa na Awurade se. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi.
و الان دل خود رامشغول سازید از این‌روز و قبل از این، پیش ازآنکه سنگی برسنگی در هیکل خداوند گذاشته شود. ۱۵ 15
“‘Enti efi nnɛ, munnwen saa ade yi ho yiye. Monkae sɛnea na nneɛma te, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no.
در تمامی این ایام چون کسی به توده بیست (من ) می‌آمد فقط ده (من ) بود و چون کسی به میخانه می‌آمد تا پنجاه رطل از آن بکشد، فقطبیست رطل بود. ۱۶ 16
Bere a modwene sɛ mubenya nnɔbae susukoraa aduonu no, munyaa du pɛ. Bere a mode mo ani buu sɛ mubenya galɔn aduonum afi nsakyibea no, munyaa aduonu pɛ.
و شما را و تمامی اعمال دستهای شما را به باد سموم و یرقان و تگرگ زدم. لیکن خداوند می‌گوید بسوی من بازگشت ننمودید. ۱۷ 17
Memaa ɔyare a ɛsɛe nnɔbae, ɛbɔ ne mparuwbo bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso moampɛ sɛ mobɛsan aba me nkyɛn. Saa na Awurade se.
الان دل خود را مشغول سازید از این‌روز به بعد، یعنی از روز بیست و چهارم ماه نهم، از روزی که بنیاد هیکل خداوند نهاده شد، دل خود را مشغول سازید. ۱۸ 18
Efi ɔsram a ɛto so akron, da a ɛto so aduonu anan no, munnwen da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yiye.
آیا تخم هنوز در انباراست و مو و انجیر و انار و درخت زیتون هنوزمیوه خود را نیاورده‌اند؟ از این‌روز برکت خواهم داد. ۱۹ 19
Aba bi aka asan no so ana? Ebesi nnɛ, bobe, borɔdɔma, atoaa ne ngodua asow wɔn aba ana? “‘Efi saa da yi rekɔ no, mehyira mo.’”
و کلام خداوند بار دوم در بیست و چهارم ماه بر حجی نازل شده، گفت: ۲۰ 20
Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔsram no da a ɛto so aduonu anan:
زربابل والی یهودا را خطاب کرده، بگو: من آسمانها و زمین رامتزلزل خواهم ساخت. ۲۱ 21
“Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no se, merebɛwosow ɔsoro ne asase.
و کرسی ممالک را واژگون خواهم نمود و قوت ممالک امت‌ها راهلاک خواهم ساخت و ارابه‌ها و سواران آنها راسرنگون خواهم کرد و اسبها و سواران آنها به شمشیر یکدیگر خواهند افتاد. ۲۲ 22
Mebutuw ahengua, na masɛe ananafo aheman no tumi. Mɛdan wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutuw. Apɔnkɔ akafo no mfoa bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho ama wɔatotɔ.
یهوه صبایوت می گوید: در آن روز‌ای بنده من زربابل بن شالتیئیل، تو را خواهم گرفت و خداوند می‌گویدکه تو را مثل نگین خاتم خواهم ساخت زیرا که من تو را برگزیده‌ام. قول یهوه صبایوت این است. می گوید: در آن روز‌ای بنده من زربابل بن شالتیئیل، تو را خواهم گرفت و خداوند می‌گویدکه تو را مثل نگین خاتم خواهم ساخت زیرا که من تو را برگزیده‌ام. قول یهوه صبایوت این است. ۲۳ 23
“‘Da no’ Asafo Awurade na ɔka, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me somfo Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔwano kaa, efisɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”

< حَجّای 2 >