< پیدایش 6 >

و واقع شد که چون آدمیان شروع کردندبه زیاد شدن بر روی زمین و دختران برای ایشان متولد گردیدند، ۱ 1
Bere a nnipa dɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea no,
پسران خدا دختران آدمیان را دیدند که نیکومنظرند، و از هر کدام که خواستند، زنان برای خویشتن می‌گرفتند. ۲ 2
Onyankopɔn mmabarima no huu sɛ nnipa mmabea no ho yɛ fɛ, nti nea obiara pɛ no no, ɔfaa no waree.
وخداوند گفت: «روح من در انسان دائم داوری نخواهد کرد، زیرا که او نیز بشر است. لیکن ایام وی صد و بیست سال خواهد بود.» ۳ 3
Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.”
و در آن ایام مردان تنومند در زمین بودند. و بعد از هنگامی که پسران خدا به دختران آدمیان در‌آمدند و آنهابرای ایشان اولاد زاییدند، ایشان جبارانی بودندکه در زمان سلف، مردان نامور شدند. ۴ 4
Saa bere no, na nnipa abran wɔ asase no so. Bere a Onyankopɔn mmabarima yi kɔɔ nnipa mmabea yi ho no, wɔne wɔn wowoe. Saa nnipa yi ne kan tete nnipa atitiriw a wogyee din no.
و خداونددید که شرارت انسان در زمین بسیار است، و هرتصور از خیالهای دل وی دائم محض شرارت است. ۵ 5
Awurade Nyankopɔn huu sɛ adesamma amumɔyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nko ara.
و خداوند پشیمان شد که انسان را برزمین ساخته بود، و در دل خود محزون گشت. ۶ 6
Awurade Nyankopɔn nuu ne ho sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Nyankopɔn awerɛhow.
وخداوند گفت: «انسان را که آفریده‌ام، از روی زمین محو سازم، انسان و بهایم و حشرات وپرندگان هوا را، چونکه متاسف شدم از ساختن ایشان.» ۷ 7
Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.”
اما نوح در نظر خداوند التفات یافت. ۸ 8
Nanso Noa de, onyaa adom Awurade anim.
این است پیدایش نوح. نوح مردی عادل بود، و در عصر خود کامل. و نوح با خدا راه می‌رفت. ۹ 9
Noa awo ntoatoaso ni. Na Noa yɛ onipa ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo no mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde.
و نوح سه پسر آورد: سام و حام و یافث. ۱۰ 10
Noa woo mmabarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.
وزمین نیز بنظر خدا فاسد گردیده و زمین از ظلم پر شده بود. ۱۱ 11
Na bɔne ahyɛ asase so ma a, amumɔyɛsɛm adɔɔso.
و خدا زمین را دید که اینک فاسدشده است، زیرا که تمامی بشر راه خود را بر زمین فاسد کرده بودند. ۱۲ 12
Onyankopɔn huu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, huu awurukasɛm ne amumɔyɛsɛm wɔ mmaa nyinaa nso.
و خدا به نوح گفت: «انتهای تمامی بشر به حضورم رسیده است، زیرا که زمین بسبب ایشان پر از ظلم شده است. و اینک من ایشان را با زمین هلاک خواهم ساخت. ۱۳ 13
Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so nti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa.
پس برای خودکشتی‌ای از چوب کوفر بساز، و حجرات درکشتی بنا کن و درون و بیرونش را به قیر بیندا. ۱۴ 14
Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa.
وآن را بدین ترکیب بساز که طول کشتی سیصدذراع باشد، و عرضش پنجاه ذراع و ارتفاع آن سی ذراع. ۱۵ 15
Sɛɛ na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahannan aduonum, ne trɛw anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan anum.
و روشنی‌ای برای کشتی بساز و آن را به ذراعی از بالا تمام کن. و در کشتی را در جنب آن بگذار، و طبقات تحتانی و وسطی و فوقانی بساز. ۱۶ 16
Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro.
زیرا اینک من طوفان آب را بر زمین می‌آورم تاهر جسدی را که روح حیات در آن باشد، از زیرآسمان هلاک گردانم. و هر‌چه بر زمین است، خواهد مرد. ۱۷ 17
Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu.
لکن عهد خود را با تو استوارمی سازم، و به کشتی در خواهی آمد، تو وپسرانت و زوجه ات و ازواج پسرانت با تو. ۱۸ 18
Na wo de, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmabarima, wo yere ne wo mmabarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu.
و ازجمیع حیوانات، از هر ذی جسدی، جفتی از همه به کشتی در خواهی آورد، تا با خویشتن زنده نگاه داری، نر و ماده باشند. ۱۹ 19
Ɛsɛ sɛ wode abɔde a nkwa wɔ mu nyinaa, abien abien a ɛyɛ onini ne ɔbere, a wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyiri bere no a wonnwuwu.
از پرندگان به اجناس آنها، و از بهایم به اجناس آنها، و از همه حشرات زمین به اجناس آنها، دودو از همه نزدتو آیند تا زنده نگاه داری. ۲۰ 20
Nnomaa ahorow biara abien, mmoa biara abien, ne abɔde biara a ɛwea asase so abien bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu.
و از هر آذوقه‌ای که خورده شود، بگیر و نزد خود ذخیره نما تابرای تو و آنها خوراک باشد.» ۲۱ 21
Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.”
پس نوح چنین کرد و به هرچه خدا او را امر فرمود، عمل نمود. ۲۲ 22
Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

< پیدایش 6 >

The World is Destroyed by Water
The World is Destroyed by Water