< پیدایش 2 >

و آسمانها و زمین و همه لشکر آنها تمام شد. ۱ 1
Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.
و در روز هفتم، خدا از همه کار خود که ساخته بود، فارغ شد. و در روز هفتم از همه کارخود که ساخته بود، آرامی گرفت. ۲ 2
Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome.
پس خدا روزهفتم را مبارک خواند و آن را تقدیس نمود، زیراکه در آن آرام گرفت، از همه کار خود که خداآفرید و ساخت. ۳ 3
Enti Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ saa da no na Onyankopɔn gyee nʼahome fii adebɔ nnwuma no nyinaa mu.
این است پیدایش آسمانها و زمین در حین آفرینش آنها در روزی که یهوه، خدا، زمین وآسمانها را بساخت. ۴ 4
Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.
و هیچ نهال صحرا هنوز درزمین نبود و هیچ علف صحرا هنوز نروییده بود، زیرا خداوند خدا باران بر زمین نبارانیده بود وآدمی نبود که کار زمین را بکند. ۵ 5
Na afifide biara nni asase so, na wuram nnua biara nso nni hɔ. Efisɛ, na Awurade Nyankopɔn mmaa osu ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma.
و مه از زمین برآمده، تمام روی زمین را سیراب می‌کرد. ۶ 6
Nanso nsuti puepue fifii asase mu bɛfɔw asase ani nyinaa.
خداوند خدا پس آدم را از خاک زمین بسرشت و در بینی وی روح حیات دمید، و آدم نفس زنده شد. ۷ 7
Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.
و خداوند خدا باغی در عدن بطرف مشرق غرس نمود و آن آدم را که سرشته بود، در آنجاگذاشت. ۸ 8
Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae.
و خداوند خدا هر درخت خوشنما وخوش خوراک را از زمین رویانید، و درخت حیات را در وسط باغ و درخت معرفت نیک و بدرا. ۹ 9
Awurade Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa fifi fii asase no mu; nnua a ɛyɛ fɛ na wodi. Na nkwa dua ne papa ne bɔnehu dua sisi turo no mfimfini.
و نهری از عدن بیرون آمد تا باغ را سیراب کند، و از آنجا منقسم گشته، چهار شعبه شد. ۱۰ 10
Na asu sen fii Eden bɛfɔw turo no mu afifide no; efi hɔ a, na saa asu no mu apaapae ayɛ nsubɔnten anan.
نام اول فیشون است که تمام زمین حویله را که در آنجا طلاست، احاطه می‌کند. ۱۱ 11
Wɔtoo asu a apaapae no mu nea edi kan no din Pison. Na ɛkɔntɔn fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa.
و طلای آن زمین نیکوست و در آنجا مروارید و سنگ جزع است. ۱۲ 12
Na saa asase no so sikakɔkɔɔ ye. Na ɛhyɛ a ɛyɛ huam ne apopobibiribo nso wɔ hɔ.
و نام نهر دوم جیحون که تمام زمین کوش را احاطه می‌کند. ۱۳ 13
Asubɔnten a ɛto so abien no din de Gihon. Na ɛno ara na ɛkɔntɔnkɔntɔn fa Kus asase ho nyinaa.
و نام نهر سوم حدقل که بطرف شرقی آشور جاری است. و نهر‌چهارم فرات. ۱۴ 14
Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.
پس خداوند خدا آدم را گرفت و او را درباغ عدن گذاشت تا کار آن را بکند و آن رامحافظت نماید. ۱۵ 15
Awurade Nyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so.
و خداوند خدا آدم را امرفرموده، گفت: «از همه درختان باغ بی‌ممانعت بخور، ۱۶ 16
Na Awurade Nyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ se, “Wowɔ ho kwan sɛ wudi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha;
اما از درخت معرفت نیک و بد زنهارنخوری، زیرا روزی که از آن خوردی، هرآینه خواهی مرد.» ۱۷ 17
nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu.”
و خداوند خدا گفت: «خوب نیست که آدم تنها باشد. پس برایش معاونی موافق وی بسازم.» ۱۸ 18
Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.”
و خداوند خدا هر حیوان صحرا و هر پرنده آسمان را از زمین سرشت و نزدآدم آورد تا ببیند که چه نام خواهد نهاد و آنچه آدم هر ذی حیات را خواند، همان نام او شد. ۱۹ 19
Saa bere no na Awurade Nyankopɔn de mfutuma abɔ wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ din ko a ɔde bɛtoto wɔn; na din a onipa de too abɔde a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ din a wɔde frɛɛ no.
پس آدم همه بهایم و پرندگان آسمان و همه حیوانات صحرا را نام نهاد. لیکن برای آدم معاونی موافق وی یافت نشد. ۲۰ 20
Enti onipa totoo nyɛmmoa, wim nnomaa ne wuram mmoa no nyinaa din. Nanso onipa de, wannya ɔboafo a ɔfata.
و خداوند خدا، خوابی گران بر آدم مستولی گردانید تا بخفت، و یکی از دنده هایش راگرفت و گوشت در جایش پر کرد. ۲۱ 21
Enti Awurade Nyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Bere a onipa daa saa no, oyii ne mfe mu mparow baako, na ɔde honam taree baabi a oyii mparow hɔ no.
و خداوندخدا آن دنده را که از آدم گرفته بود، زنی بنا کرد ووی را به نزد آدم آورد. ۲۲ 22
Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.
و آدم گفت: «همانااینست استخوانی از استخوانهایم و گوشتی ازگوشتم، از این سبب “نسا” نامیده شود زیرا که ازانسان گرفته شد.» ۲۳ 23
Na Adam kae se, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi ni. Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”
از این سبب مرد پدر و مادرخود را ترک کرده، با زن خویش خواهد پیوست ویک تن خواهند بود. ۲۴ 24
Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.
و آدم و زنش هر دو برهنه بودند و خجلت نداشتند. ۲۵ 25
Saa bere no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.

< پیدایش 2 >