< پیدایش 16 >

و سارای، زوجه ابرام، برای وی فرزندی نیاورد. و او را کنیزی مصری، هاجر نام بود. ۱ 1
Saa bere no, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram ɛ. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;
پس سارای به ابرام گفت: «اینک خداوند مرا از زاییدن باز داشت. پس به کنیز من درآی، شاید از او بنا شوم.» و ابرام سخن سارای را قبول نمود. ۲ 2
enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
و چون ده سال از اقامت ابرام درزمین کنعان سپری شد، سارای زوجه ابرام، کنیزخود هاجر مصری را برداشته، او را به شوهرخود، ابرام، به زنی داد. ۳ 3
Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no.
پس به هاجر درآمد و اوحامله شد. و چون دید که حامله است، خاتونش بنظر وی حقیر شد. ۴ 4
Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa.
و سارای به ابرام گفت: «ظلم من بر تو باد! من کنیز خود را به آغوش تو دادم وچون آثار حمل در خود دید، در نظر او حقیرشدم. خداوند در میان من و تو داوری کند.» ۵ 5
Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
ابرام به سارای گفت: «اینک کنیز تو به‌دست توست، آنچه پسند نظر تو باشد با وی بکن.» پس چون سارای با وی بنای سختی نهاد، او از نزد وی بگریخت. ۶ 6
Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn.
و فرشته خداوند او را نزد چشمه آب دربیابان، یعنی چشمه‌ای که به راه شور است، یافت. ۷ 7
Awurade bɔfo huu Hagar wɔ nsu aniwa bi ho wɔ sare no so. Na saa nsu aniwa no da ɔkwan a ɛkɔ kurow bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.
و گفت: «ای هاجر کنیز سارای، از کجا آمدی وکجا می‌روی؟» گفت: «من از حضور خاتون خودسارای گریخته‌ام.» ۸ 8
Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.”
فرشته خداوند به وی گفت: «نزد خاتون خود برگرد و زیر دست او مطیع شو.» ۹ 9
Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”
و فرشته خداوند به وی گفت: «ذریت تو رابسیار افزون گردانم، به حدی که از کثرت به شماره نیایند.» ۱۰ 10
Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.”
و فرشته خداوند وی را گفت: «اینک حامله هستی و پسری خواهی زایید، و او را اسماعیل نام خواهی نهاد، زیرا خداوند تظلم تو را شنیده است. ۱۱ 11
Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu.
و او مردی وحشی خواهدبود، دست وی به ضد هر کس و دست هر کس به ضد او، و پیش روی همه برادران خود ساکن خواهد بود.» ۱۲ 12
Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Obetia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso betia no; atutuwpɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.”
و او، نام خداوند را که با وی تکلم کرد، «انت ایل رئی» خواند، زیرا گفت: «آیا اینجانیز به عقب او که مرا می‌بیند، نگریستم.» ۱۳ 13
Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no.
از این سبب آن چاه را «بئرلحی رئی» نامیدند، اینک درمیان قادش و بارد است. ۱۴ 14
Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.
و هاجر از ابرام پسری زایید، و ابرام پسر خود را که هاجر زایید، اسماعیل نام نهاد. ۱۵ 15
Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael.
و ابرام هشتاد و شش ساله بود چون هاجر اسماعیل را برای ابرام بزاد. ۱۶ 16
Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.

< پیدایش 16 >