< عزرا 7 >

و بعد از این امور، در سلطنت ارتحشستاپادشاه فارس، عزرا ابن سرایا ابن عزریا ابن حلقیا، ۱ 1
Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima
ابن شلوم بن صادوق بن اخیطوب، ۲ 2
na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima
بن امریا ابن عزریا ابن مرایوت، ۳ 3
na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima
بن زرحیا ابن عزی ابن بقی، ۴ 4
a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima
ابن ابیشوع بن فینحاس بن العازار بن هارون رئیس کهنه، ۵ 5
a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasar babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanyin no babarima.
این عزرا از بابل برآمد و اودر شریعت موسی که یهوه خدای اسرائیل آن راداده بود، کاتب ماهر بود و پادشاه بروفق دست یهوه خدایش که با وی می‌بود، هر‌چه را که اومی خواست به وی می‌داد. ۶ 6
Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a Awurade, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na Awurade nsa no wɔ ne so.
و بعضی ازبنی‌اسرائیل و از کاهنان و لاویان و مغنیان ودربانان و نتینیم نیز در سال هفتم ارتحشستاپادشاه به اورشلیم برآمدند. ۷ 7
Israelhene no ne asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo ne asɔredan mu asomfo ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahenni mfe ason so.
و او در ماه پنجم سال هفتم پادشاه، به اورشلیم رسید. ۸ 8
Saa afe no, Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem.
زیرا که درروز اول ماه اول، به بیرون رفتن از بابل شروع نمودو در روز اول ماه پنجم، بروفق دست نیکوی خدایش که با وی می‌بود، به اورشلیم رسید. ۹ 9
Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa wɔ ne so.
چونکه عزرا دل خود را به طلب نمودن شریعت خداوند و به عمل آوردن آن و به تعلیم دادن فرایض و احکام به اسرائیل مهیا ساخته بود. ۱۰ 10
Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.
و این است صورت مکتوبی که ارتحشستاپادشاه، به عزرای کاهن و کاتب داد که کاتب کلمات وصایای خداوند و فرایض او بر اسرائیل بود: ۱۱ 11
Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo Awurade mmara no. Ɔkyerɛw se:
«از جانب ارتحشستا شاهنشاه، به عزرای کاهن و کاتب کامل شریعت خدای آسمان، امابعد. ۱۲ 12
Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne Awurade a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni:
فرمانی از من صادر شد که هر کدام از قوم اسرائیل و کاهنان و لاویان ایشان که در سلطنت من هستند و به رفتن همراه تو به اورشلیم راضی باشند، بروند. ۱۳ 13
Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem.
چونکه تو از جانب پادشاه و هفت مشیر او، فرستاده شده‌ای تا درباره یهودا واورشلیم بروفق شریعت خدایت که در دست تواست، تفحص نمایی. ۱۴ 14
Me ne mʼagyinatufo baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Nyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho.
و نقره و طلایی را که پادشاه و مشیرانش برای خدای اسرائیل که مسکن او در اورشلیم می‌باشد بذل کرده‌اند، ببری. ۱۵ 15
Fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔre a yɛrebɔ ama Israel Nyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ,
و نیز تمامی نقره و طلایی را که در تمامی ولایت بابل بیابی، با هدایای تبرعی که قوم وکاهنان برای خانه خدای خود که در اورشلیم است داده‌اند، (ببری ). ۱۶ 16
na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ.
لهذا با این گاوان وقوچها و بره‌ها و هدایای آردی و هدایای ریختنی آنها رابه اهتمام بخر و آنها را بر مذبح خانه خدای خودتان که در اورشلیم است، بگذران. ۱۷ 17
Saa akyɛde yi, nea ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, adwennini, nguantenmma ne atoko afɔrebɔde a ɛfata, ne nsa afɔrebɔde a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔremuka so.
و هر‌چه به نظر تو و برادرانت پسندآید که با بقیه نقره و طلا بکنید، برحسب اراده خدای خود به عمل آورید. ۱۸ 18
Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wo mfɛfo mfa nni dwuma biara a mugye di sɛ ɛyɛ mo Nyankopɔn pɛ.
و ظروفی که به جهت خدمت خانه خدایت به تو داده شده است، آنها را به حضور خدای اورشلیم تسلیم نما. ۱۹ 19
Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Nyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no.
واما چیزهای دیگر که برای خانه خدایت لازم باشد، هر‌چه برای تو اتفاق افتد که بدهی، آن را ازخزانه پادشاه بده. ۲۰ 20
Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mummisa sika mfi adehye foto mu.
و از من ارتحشستا پادشاه فرمانی به تمامی خزانه‌داران ماورای نهر صادرشده است که هر‌چه عزرای کاهن و کاتب شریعت خدای آسمان از شما بخواهد، به تعجیل کرده شود. ۲۱ 21
Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo.
تا صد وزنه نقره و تا صد کر گندم و تاصد بت شراب و تا صد بت روغن و از نمک، هرچه بخواهد. ۲۲ 22
Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano.
هر‌چه خدای آسمان فرموده باشد، برای خانه خدای آسمان بلاتاخیر کرده شود، زیرا چرا غضب بر ملک پادشاه و پسرانش وارد آید. ۲۳ 23
Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so?
و شما را اطلاع می‌دهیم که بر همه کاهنان و لاویان و مغنیان و دربانان و نتینیم وخادمان این خانه خدا جزیه و خراج و باج نهادن جایز نیست. ۲۴ 24
Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara.
و تو‌ای عزرا، موافق حکمت خدایت که در دست تو می‌باشد، قاضیان و داوران از همه آنانی که شرایع خدایت را می‌دانند نصب نما تا بر جمیع اهل ماورای نهر داوری نمایند وآنانی را که نمی دانند تعلیم دهید. ۲۵ 25
Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.
و هر‌که به شریعت خدایت و به فرمان پادشاه عمل ننماید، بر او بی‌محابا حکم شود، خواه به قتل یا به جلای وطن یا به ضبط اموال یا به حبس.» ۲۶ 26
Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.
متبارک باد یهوه خدای پدران ما که مثل این را در دل پادشاه نهاده است که خانه خداوند را که در اورشلیم است زینت دهد. ۲۷ 27
Ayeyi nka Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.
و مرا در حضورپادشاه و مشیرانش و جمیع روسای مقتدر پادشاه منظور ساخت، پس من موافق دست یهوه خدایم که بر من می‌بود، تقویت یافتم و روسای اسرائیل را جمع کردم تا با من برآیند. ۲۸ 28
Na ayeyi nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me anuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufo ne nʼahenemma atumfo no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, efisɛ na Awurade, me Nyankopɔn, nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofo no bi ano sɛ wɔnka me ho mma yɛnkɔ Yerusalem.

< عزرا 7 >