< حزقیال 43 >

و مرا نزد دروازه آورد، یعنی به دروازه‌ای که به سمت مشرق متوجه بود. ۱ 1
Na ɔbarima no de me baa apuei fam pon no ano,
واینک جلال خدای اسرائیل از طرف مشرق آمد و آواز او مثل آبهای بسیار بود و زمین از جلال او منور گردید. ۲ 2
na mihuu Israel Nyankopɔn anuonyam sɛ apue wɔ apuei fam reba. Na ne nne te sɛ asuten a ɛreworo, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanuonyam no mu.
و مثل منظر آن رویایی بود که دیده بودم یعنی مثل آن رویا که در وقت آمدن من، برای تخریب شهر دیده بودم و رویاهامثل آن رویا بود که نزد نهر خابور مشاهده نموده بودم. پس به روی خود در‌افتادم. ۳ 3
Anisoadehu a minyaa no te sɛnea minyaa no bere a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne nea minyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuw fam.
پس جلال خداوند از راه دروازه‌ای که رویش به سمت مشرق بود به خانه درآمد. ۴ 4
Awurade anuonyam faa ɔpon a ani kyerɛ apuei fam no mu hyɛn asɔredan no mu.
وروح مرا برداشته، به صحن اندرونی آورد و اینک جلال خداوند خانه را مملو ساخت. ۵ 5
Na honhom no pagyaw me de me baa mfimfini adiwo hɔ na Awurade anuonyam hyɛɛ asɔredan no ma.
و هاتفی راشنیدم که از میان خانه به من تکلم می‌نماید ومردی پهلوی من ایستاده بود. ۶ 6
Bere a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa fi asɔredan no mu kyerɛ me.
و مرا گفت: «ای پسر انسان این است مکان کرسی من و مکان کف پایهایم که در آن در میان بنی‌اسرائیل تا به ابدساکن خواهم شد و خاندان اسرائیل هم خودایشان و هم پادشاهان ایشان بار دیگر به زناها ولاشهای پادشاهان خود در مکان های بلند خویش نام قدوس مرا بی‌حرمت نخواهند ساخت. ۷ 7
Ɔkae se, “Onipa ba, ɛha ne mʼahengua sibea ne mʼanan ntiaso. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfo mu afebɔɔ. Israelfi rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwowɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no ngu me din ho fi.
ازاینکه آستانه های خود را نزد آستانه من وباهوهای خویش را به پهلوی باهوهای من برپاکرده‌اند و در میان من و ایشان فقط دیواری است، پس اسم قدوس مرا به رجاسات خویش که آنهارا بعمل آورده‌اند بی‌حرمت ساخته‌اند، لهذا من در خشم خود ایشان را تلف نموده‌ام. ۸ 8
Bere a wɔmaa wɔn abobow ano bɛnee me, na wɔn apongua nso bɛnee me de a na ɔfasu na etwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeyɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno nti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuw mu.
حال زناهای خود و لاشهای پادشاهان خویش را از من دور بنمایند و من در میان ایشان تا به ابد سکونت خواهم نمود. ۹ 9
Afei ma wonnyi wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a wonni nkwa no mfi mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ.
و تو‌ای پسر انسان خاندان اسرائیل را از این خانه مطلع ساز تا از گناهان خودخجل شوند و ایشان نمونه آن را بپیمایند. ۱۰ 10
“Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfo sɛnea asɔredan no te na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wonsusuw ne so a enni no ho mfoni ho,
واگر از هر‌چه بعمل آورده‌اند خجل شوند، آنگاه صورت خانه را و نمونه و مخرجها و مدخلها و تمامی شکلها و همه فرایض و جمیع صورتها وتمامی قانونهایش را برای ایشان اعلام نما و به نظر ایشان بنویس تا تمامی صورتش و همه فرایضش را نگاه داشته، به آنها عمل نمایند. ۱۱ 11
na sɛ wɔn ani wu nea wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoe, apon a wɔfa mu pue ne nea wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Kyerɛw saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoe ne ne si no mfoni no so.
وقانون خانه این است که تمامی حدودش بر سرکوه از همه اطرافش قدس اقداس باشد. اینک قانون خانه همین است. ۱۲ 12
“Asɔredan no ho mmara ni: Asase a ɛda ho wɔ bepɔw no so nyinaa yɛ kronkron. Sɛɛ na asɔredan no ho mmara te.
و پیمایشهای مذبح به ذراعها که هر ذراع یک ذراع و یک قبضه باشد این است. سینه‌اش یک ذراع و عرضش یک ذراع و حاشیه‌ای که گرداگرد لبش می‌باشد یک وجب و این پشت مذبح می‌باشد. ۱۳ 13
“Afɔremuka no nsusuwii na edidi so yi. Ne suka mu dɔ yɛ ɔnammɔn ne fa na ne trɛw nso saa ara, na anoano hiɛ a etwa ho hyia no nso trɛw bɛyɛ nsateaa akron. Na eyi nso ne afɔremuka no tenten:
و از سینه روی زمین تا خروج پایینی دو ذراع و عرضش یک ذراع و از خروج کوچک تا خروج بزرگ چهار ذراع و عرضش یک ذراع. ۱۴ 14
Efi ne nnyinaso a esi suka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn abiɛsa, na mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛse no ntam yɛ anammɔn asia na apa no mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa.
و آتش دانش چهار ذراع و از آتش دان چهار شاخ برآمده بود. ۱۵ 15
Afɔremuka no wusiw tokuru no sorokɔ yɛ anammɔn asia a mmɛn anan a ano hwɛ soro tuatua ho.
و طول آتش دان دوازده و عرضش دوازده و از هر‌چهار طرف مربع بود. ۱۶ 16
Afɔremuka wusiw tokuru no yɛ ahinanan, na ɔfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe.
و طول خروج چهارده و عرضش چهارده برچهار طرفش بود و حاشیه‌ای که گرداگردش بودنیم ذراع و دایره سینه‌اش یک ذراع و پله هایش به سمت مشرق متوجه بود. ۱۷ 17
Afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kaa a ɛyɛ nsateaa akron da apa no ano na suka a atwa ho ahyia yɛ ɔnammɔn ne fa. Atrapoe a ɛkɔ afɔremuka no so no ani hwɛ apuei fam.”
و او مرا گفت: «ای پسر انسان خداوند یهوه چنین می‌فرماید: این است قانون های مذبح درروزی که آن را بسازند تا قربانی های سوختی برآن بگذرانند و خون بر آن بپاشند. ۱۸ 18
Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛe a wɔbɛfa so abɔ ɔhyew afɔre ne ɔkwan a, sɛ wosi afɔremuka no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho:
و خداوندیهوه می‌فرماید که به لاویان کهنه که از ذریت صادوق می‌باشند و به جهت خدمت من به من نزدیک می‌آیند یک گوساله به جهت قربانی گناه بده. ۱۹ 19
Ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ma asɔfo a wɔyɛ Lewifo na wofi Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no sɛ bɔne afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni.
و از خونش گرفته، بر چهار شاخش و برچهار گوشه خروج و بر حاشیه‌ای که گرداگردش است بپاش و آن را طاهر ساخته، برایش کفاره کن. ۲۰ 20
Ɛsɛ sɛ wofa nantwi ba no mogya no bi na wode keka afɔremuka mmɛn anan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɔtwɔw so ne anoano kaa a atwa ho ahyia no ho na wɔanam so atew afɔremuka no ho de ayɛ mpata nso.
گوساله قربانی گناه را بگیر و آن را در مکان معین خانه بیرون از مقدس بسوزانند. ۲۱ 21
Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔde nantwi no na wokɔhyew no wɔ asɔredan no ho faako a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi.
و در روزدوم بز نر بی‌عیبی برای قربانی گناه بگذران تامذبح را به آن طاهر سازند چنانکه آن را به گوساله طاهر ساختند. ۲۲ 22
“Da a ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a onni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔde, na ɛsɛ sɛ wodwira afɔremuka no ho sɛnea wɔde nantwi no yɛe no.
و چون از طاهر ساختن آن فارغ شدی گوساله بی‌عیب و قوچی بی‌عیب از گله بگذران. ۲۳ 23
Sɛ wowie ho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw no mu a wonni dɛm bɛbɔ afɔre.
تو آن را به حضور خداوند نزدیک بیاور و کاهنان نمک بر آنها پاشیده، آنها را به جهت قربانی سوختنی برای خداوند بگذرانند. ۲۴ 24
Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba Awurade anim, na asɔfo de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade.
هر روز از هفت روز تو بز نری برای قربانی گناه بگذران و ایشان گوساله‌ای و قوچی از گله هر دوبی عیب بگذرانند. ۲۵ 25
“Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔde nnanson; afei ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw mu na wonni dɛm nso ba.
هفت روز ایشان کفاره برای مذبح نموده، آن را طاهر سازند و تخصیص کنند. ۲۶ 26
Wɔbɛyɛ mpata ama afɔremuka no nnanson de atew ho; sɛɛ na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadi no.
و چون این‌روزها را به اتمام رسانیدند، پس درروز هشتم و بعد از آن کاهنان قربانی های سوختنی و ذبایح سلامتی شما را بر مذبح بگذرانند و من شما را قبول خواهم کرد. قول خداوند یهوه این است.» ۲۷ 27
Saa nna yi akyi, efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfo no de mo hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde no ba afɔremuka no so. Afei megye mo ato mu, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< حزقیال 43 >