< حزقیال 39 >

«پس تو‌ای پسر انسان درباره جوج نبوت کرده، بگو خداوند یهوه چنین می‌فرماید که اینک‌ای جوج رئیس روش وماشک و توبال من به ضد تو هستم. ۱ 1
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn.
و تو رابرمی گردانم و رهبری می‌نمایم و تو را از اطراف شمال برآورده، بر کوههای اسرائیل خواهم آورد. ۲ 2
Mekyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo befi atifi fam nohɔ tɔnn na mede aba Israel mmepɔw so.
و کمان تو را از دست چپت انداخته، تیرهای تو را از دست راستت خواهم افکند. ۳ 3
Afei, mɛbɔ wo bɛmma afi wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afi wo nsa nifa mu agu fam.
وتو و همه افواجت و قوم هایی که همراه تو هستندبر کوههای اسرائیل خواهید افتاد و تو را به هرجنس مرغان شکاری و به حیوانات صحرا به جهت خوراک خواهم داد. ۴ 4
Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman a wɔka wo ho no bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔw so. Mede wo bɛma nnomaa ahorow a wɔpɛ nea aporɔw ne wuram mmoa sɛ wɔn aduan.
خداوند یهوه می‌گوید که به روی صحرا خواهی افتاد زیرا که من تکلم نموده‌ام. ۵ 5
Mobɛtotɔ wɔ mfuw so, efisɛ makasa, Otumfo Awurade asɛm ni.
و آتشی بر ماجوج و بر کسانی که در جزایر به امنیت ساکنند خواهم فرستاد تابدانند که من یهوه هستم. ۶ 6
Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoe mu wɔ mpoano nsase so no na wobehu sɛ mene Awurade no.
و نام قدوس خود را درمیان قوم خویش اسرائیل، معروف خواهم ساخت و دیگر نمی گذارم که اسم قدوس من بی‌حرمت شود تا امت‌ها بدانند که من یهوه قدوس اسرائیل می‌باشم. ۷ 7
“‘Mɛma me nkurɔfo Israelfo ahu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho kwan ma wonngu me din kronkron no ho fi na aman no behu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel.
اینک خداوند یهوه می‌گوید: آن می‌آید و به وقوع خواهد پیوست. واین همان روز است که درباره‌اش تکلم نموده‌ام. ۸ 8
Ɛreba! na ampa ara ebesi, Otumfo Awurade asɛm ni. Da a maka ho asɛm no ni.
و ساکنان شهرهای اسرائیل بیرون خواهند آمدو اسلحه یعنی مجن و سپر و کمان و تیرها وچوب دستی و نیزه‌ها را آتش زده، خواهندسوزانید. و مدت هفت سال آتش را به آنها زنده نگاه خواهند داشت. ۹ 9
“‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkurow so befi adi na wɔde akode no bɛsɔ gya, akokyɛm nketewa ne akɛse, bɛmma ne agyan, nkontimmaa ne mpeaw. Wɔde bɛyɛ nnyina asɔ gya mfe ason.
و هیزم از صحرا نخواهندآورد و چوب از جنگلها نخواهند برید زیرا که اسلحه‌ها را به آتش خواهند سوزانید. و خداوندیهوه می‌گوید که غارت کنندگان خود را غارت خواهند کرد و تاراج کنندگان خویش را تاراج خواهند نمود. ۱۰ 10
Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyan wɔ mfuw so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwae mu, efisɛ wɔde akode no bɛsɔ gya. Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe wɔn nneɛma no nneɛma na wɔafom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nso nneɛma, Otumfo Awurade asɛm ni.
و در آن روز موضعی برای قبردر اسرائیل یعنی وادی عابریم را بطرف مشرق دریا به جوج خواهم داد. و راه عبور کنندگان رامسدود خواهد ساخت. و در آنجا جوج و تمامی جمعیت، او را دفن خواهند کرد و آن را وادی هامون جوج خواهند نامید. ۱۱ 11
“‘Saa da no, mɛyɛ amusiei wɔ Israel ama Gog, wɔ obon a ɛda baabi a wɔn a wotu kwan kɔ apuei fam wɔ po no ho no fa no. Ebesiw akwantufo kwan efisɛ wobesie Gog ne ne dɔm no wɔ hɔ. Ɛno nti wɔbɛfrɛ hɔ se Hamon Gog bon.
و خاندان اسرائیل مدت هفت ماه ایشان را دفن خواهند کرد تا زمین را طاهر سازند. ۱۲ 12
“‘Na Israelfi de asram ason besie wɔn de adwira asase no.
و تمامی اهل زمین ایشان رادفن خواهند کرد. و خداوند یهوه می‌گوید: روزتمجید من نیکنامی ایشان خواهد بود. ۱۳ 13
Nnipa a wɔwɔ asase no so besie wɔn na da a wɔbɛhyɛ me anuonyam no bɛyɛ nkaeda ama wɔn, Otumfo Awurade na ose.
وکسانی را معین خواهند کرد که پیوسته در زمین گردش نمایند. و همراه عبورکنندگان آنانی را که بر روی زمین باقی‌مانده باشند دفن کرده، آن راطاهر سازند. بعد از انقضای هفت ماه آنها راخواهند طلبید. ۱۴ 14
Wɔbɛkɔ so afa nnipa ama wɔatew asase no ho. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so no. “‘Asram ason akyi no wɔbɛhwehwɛ asase no so yiye.
و عبورکنندگان در زمین گردش خواهند کرد. و اگر کسی استخوان آدمی بیند نشانی نزد آن برپا کند تا دفن کنندگان آن را دروادی هامون جوج مدفون سازند. ۱۵ 15
Bere a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyirae akosi sɛ asieifo bɛfa akosie wɔ Hamon Gog bon no mu.
و اسم شهرنیز هامونه خواهد بود. پس زمین را طاهر خواهندساخت. ۱۶ 16
(Kurow bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sɛɛ na wobedwira asase no.’
«و اما تو‌ای پسر انسان! خداوند یهوه چنین می‌فرماید که بهر جنس مرغان و به همه حیوانات صحرا بگو: جمع شوید و بیایید و نزد قربانی من که آن را برای شما ذبح می‌نمایم، فراهم آیید. قربانی عظیمی بر کوههای اسرائیل تا گوشت بخورید و خون بنوشید. ۱۷ 17
“Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Frɛ nnomaa ahorow ne wuram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn se, ‘Mommoaboa mo ho ano mfi mmeaemmeae mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛse wɔ Israel mmepɔw so. Hɔ na mubedi nam na moanom mogya.
گوشت جباران راخواهید خورد و خون روسای جهان را خواهیدنوشید. از قوچها و بره‌ها و بزها و گاوها که همه آنها از پرواریهای باشان می‌باشند. ۱۸ 18
Mobɛwe dɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ nea wɔyɛ adwennini ne nguantenmma, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan nyɛmmoa a wɔadodɔ srade.
و از قربانی من که برای شما ذبح می‌نمایم، پیه خواهید خوردتا سیر شوید و خون خواهید نوشید تا مست شوید. ۱۹ 19
Afɔre a meresiesie ama mo no, mubedi srade akosi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akosi sɛ mobɛbobow.
و خداوند یهوه می‌گوید که بر سفره من از اسبان و سواران و جباران و همه مردان جنگی سیر خواهید شد. ۲۰ 20
Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefo, dɔmmarima ne asraafo ahorow nyinaa nam amee wɔ me pon so,’ Otumfo Awurade asɛm ni.
و من جلال خود را در میان امت‌ها قرار خواهم داد و جمیع امت‌ها داوری مرا که آن را اجرا خواهم داشت و دست مرا که برایشان فرود خواهم آورد، مشاهده خواهند نمود. ۲۱ 21
“Mɛda mʼanuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa behu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so no.
و خاندان اسرائیل از آن روز و بعد خواهنددانست که یهوه خدای ایشان من هستم. ۲۲ 22
Efi saa da no rekɔ, Israelfi behu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.
وامت‌ها خواهند دانست که خاندان اسرائیل به‌سبب گناه خودشان جلای وطن گردیدند. زیراچونکه به من خیانت ورزیدند، من روی خود را ازایشان پوشانیدم و ایشان را به‌دست ستم کاران ایشان تسلیم نمودم که جمیع ایشان به شمشیرافتادند. ۲۳ 23
Na amanaman no behu sɛ Israelfo kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne nti, efisɛ wɔanni me nokware. Ɛno nti mede mʼanim hintaw wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ afoa ano.
برحسب نجاسات و تقصیرات ایشان به ایشان عمل نموده، روی خود را از ایشان پوشانیدم.» ۲۴ 24
Mene wɔn dii no sɛnea wɔn ho fi ne wɔn mfomso te, mede mʼanim hintaw wɔn.
بنابراین خداوند یهوه چنین می‌گوید: «الان اسیران یعقوب را باز آورده، بر تمامی خاندان اسرائیل رحمت خواهم فرمود و بر اسم قدوس خود غیرت خواهم نمود. ۲۵ 25
“Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Yakob befi nkoasom mu aba na manya ahummɔbɔ ama Israelfo nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu.
و حینی که ایشان درزمین خود به امنیت ساکن شوند و ترساننده‌ای نباشد، آنگاه خجالت خود را و خیانتی را که به من ورزیده‌اند متحمل خواهند شد. ۲۶ 26
Wɔn werɛ befi wɔn animguase ne nokware a wɔanni me bere a na wɔte hɔ asomdwoe mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn no.
و چون ایشان را از میان امت‌ها برگردانم و ایشان را از زمین دشمنانشان جمع نمایم، آنگاه در نظر امت های بسیار در ایشان تقدیس خواهم شد. ۲۷ 27
Sɛ mede wɔn fi amanaman no so san ba na meboaboa wɔn ano fi wɔn atamfo nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so.
و خواهنددانست که من یهوه خدای ایشان هستم، از آن روکه من ایشان را در میان امت‌ها جلای وطن ساختم و ایشان را به زمین خودشان جمع کردم و بار دیگرکسی را از ایشان در آنجا باقی نخواهم گذاشت. ۲۸ 28
Afei wobehu sɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn no, efisɛ ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ nnommum mu wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennyaw wɔn mu biara wɔ akyi.
و خداوند یهوه می‌گوید که من بار دیگرروی خود را از ایشان نخواهم پوشانید زیراکه روح خویش را بر خاندان اسرائیل خواهم ریخت.» ۲۹ 29
Meremfa mʼanim nhintaw wɔn bio, efisɛ mehwie me Honhom agu Israelfi so, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< حزقیال 39 >